Pular para o conteúdo
Publicidade

Ano novo

Por Bíblia Online

O Ano Novo é oportunidade de renovação e consagração. A Bíblia convida a esquecer o que ficou para trás e avançar em fé, confiança e esperança em Deus.

Anuanom, memfa no me nsa aso mu. Ade baako a ɛsɛ meyɛ ne , ɛsɛ me werɛ fi mʼakyi na meyere me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a medu nea ɛwɔ mʼanim no ho. Eyi nti mitu mmirika mʼanim tee na madu ɔsoro botae no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho.

Botae No Ho

Ɛnyɛ manya eyinom nyinaa dedaw, anaasɛ madu me botae ho dedaw. Na mmom merepere akɔ mʼanim ara me nsa beso nea enti a Kristo Yesu nso soo me mu no mu. Anuanom, memfa no me nsa aso mu. Ade baako a ɛsɛ meyɛ ne , ɛsɛ me werɛ fi mʼakyi na meyere me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a medu nea ɛwɔ mʼanim no ho. Eyi nti mitu mmirika mʼanim tee na madu ɔsoro botae no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho.

Ɛsɛ yɛn a yenyin Honhom mu no nyinaa dwene saa. mo mu bi nso adwene foforo a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo.

obi Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo, na nneɛma dedaw nyinaa atwam ama nneɛma foforo aba.

Anidaso

Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔbɔ dodow nti, ɔnam nyan a onyan Yesu Kristo fii owu mu no so maa yɛn nkwa foforo. Eyi ma yenya anidaso a ase atim,

Ao, Onyankopɔn, koma a mu tew me mu,

na honhom a atim no foforo me mu.

Mpam me mfi wʼanim,

na nyi wo Honhom Kronkron mfi me mu.

komm Awurade anim na wo bo ase twɛn no,

nhaw wo ho wɔn a asi wɔn yiye ho

efisɛ wɔnam bɔne akwan so.

Monka nhwɛ na munhu Awurade ye.

Nhyira ne onipa a oguan toa no.

Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so

benya ahoɔden foforo.

Wɔde ntaban akɔre de betu akɔ wim;

wobetu mmirika, na wɔrentɔ beraw.

Wɔbɛnantew, na wɔrentɔ piti.

Minim nhyehyɛe a mewɔ ma mo," Awurade na ose, "Nhyehyɛe a ɛde mo besi yiye na ɛrenhaw mo, nhyehyɛe a ɛbɛma mo anidaso ne awiei pa.

Mede nsu kurunnyenn bɛpete mo so na mo ho atew: Mɛtew mo ho afi nkekae ne mo ahoni nyinaa ho. Mɛma mo koma foforo na mede honhom foforo ahyɛ mo mu. Meyi koma a ɛte ɔbo no afi mo mu na mama mo koma foforo a ɛyɛ ɔhonam. Na mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mama moadi mʼahyɛde so na moahwɛ adi me mmara so.

Eyi nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde koroyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.

Momma Kristo asomdwoe no ntena mo koma mu. Saa asomdwoe yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo nipadua koro mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayeyi.

Wayɛ biribiara fɛfɛ ne bere mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa koma mu, nanso wontumi nte nea Onyankopɔn ayɛ fi mfiase kosi awiei no ase.

Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛnea wɔpɛ bere tiaa bi. Nanso yɛn yiyedi nti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea yɛn ho bɛtew. wɔtwe yɛn aso a ɛma yɛn werɛ how saa bere no mu na yɛn ani nnye. Na akyiri no a wɔn a wɔfa saa asotwe no mu no nya wɔn ho ntease no, wonya asomdwoe na wɔtena ase trenee mu.

Ahohoahoa Ho Kɔkɔbɔ

Mo a moka se, "Nnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow bi so akodi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika" no, muntie me. Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena. Mote omununkum a ɛba bere tiaa bi na ɛyera. Asɛm a ɛsɛ moka ne se, "Awurade a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi." Nanso mprempren mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo. Saa ahohoahoa no nyinaa bɔne. Enti nea onim papa na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.

Seja o primeiro