Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Beresosɛm 8

Benyamin Asefo

1 Benyamin mmabarima na wodidi so yi:

Bela (abakan), Asbel, Ahra,

2 Noha ne Rafha.

3 Bela mmabarima :

Adar, Gera, Abihud, 4 Abisua, Naaman, Ahoa, 5 Gera, Sefufan ne Huram.

6 Ehud mmabarima mmusua ntuanofo a na wɔte Geba na wɔpam wɔn fii kɔɔ Manahat:

7 Ehud mmabarima ne Naaman, Ahiya ne Gera. Gera a na ɔyɛ Usa ne Ahihud agya no na bere a wɔretu no odii wɔn anim.

8 Saharaim gyaee ne yerenom Husim ne Baara akyi no, ɔwoo mma Moab asase so. 9 Ne yere foforo Hodes woo Yobab, Sibia, Mesa, Malkam, 10 Yeus, Sakia ne Mirma. Saa mmabarima yi bɛyɛɛ mmusua ntuanofo. 11 Na Saharaim yere Husim awo Abitub ne Elpaal dedaw.

12 Elpaal mmabarima :

Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne wɔn nkuraa no, 13 Beria ne Sema. Na wɔyɛ mmusua ntuanofo a na wɔte Ayalon, na wɔpam ɔmanfo a wɔte Gat no.

14 Beria mmabarima Ahio, Sasak, Yeremot, 15 Sebadia, Arad, Eder, 16 Mikael, Yispa ne Yoha.

17 Elpaal mmabarima Sebadia, Mesulam, Hiski, Heber, 18 Ismerai, Yislia ne Yobab.

19 Simei mmabarima Yakim, Sikri, Sabdi, 20 Elienai, Siletai, Eliel, 21 Adaia, Beraia ne Simrat.

22 Sasak mmabarima Yispan, Eber, Eliel, 23 Abdon, Sikri, Hanan, 24 Hanania, Elam, Antotia, 25 Yifdeia ne Penuel.

26 Yeroham mmabarima Samserai, Seharia, Atalia, 27 Yaaresia, Elia ne Sikri.

28 Eyinom ne agyanom mmusua ntuanofo a wɔakyerɛw wɔn din wɔn mu biara anato nkrataa mu. Na wɔn nyinaa tenaa Yerusalem.

Saulo Abusua

29 Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon. Na ne yere din de Maaka 30 a na ne babarima abakan din de Abdon. Na Yeiel mmabarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab, 31 Gedor, Ahio, Seker, 32 ne Miklot a ɔyɛ Simea agya. Na saa abusuafo yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho Yerusalem.

33 Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.

34 Yonatan babarima ne:

Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.

35 Mika mmabarima ne:

Piton, Melek, Tarea ne Ahas.

36 Ahas woo Yehoada na Yehoada woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa. 37 Mosa woo Binea. Binea woo Rafha. Rafha woo Elasa. Elasa woo Asel.

38 Asel woo mmabarima baasia a wɔne:

Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na eyinom Asel mma.

39 Na Asel nuabarima Esek mmabarima baasa a wɔne

Ulam a ɔyɛ abakan, Yeus a ɔto so abien ne Elifelet a ɔto so abiɛsa. 40 Ulam mmabarima nyinaa akofo a wɔakwadaw akodi mu, wɔyɛ agyantowfo antoamfom. Na wɔwɔ mma ne nananom bebree a na wɔn nyinaa dodow ɔha aduonum.

Eyinom nyinaa Benyamin asefo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também