Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Beresosɛm 1

Efi Adam So Kosi Noa Mma So

1 Adam asefo Set, Enos,

2 Kenan, Mahalalel, Yared,

3 Henok, Metusela, Lamek,

4 Noa mma ne, Sem, Ham, ne Yafet.

Yafet Asefo

5 Na Yafet asefo ne Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

6 Na Gomer asefo ne Askenas, Rifat ne Togarma.

7 Na Yawan asefo ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.

Ham Asefo

8 Na Ham asefo ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

9 Na Kus asefo ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefo Saba ne Dedan. 10 Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse asase so.

11 Na Misraim woo

Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo, 12 Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo fi.

13 Na Kanaan woo nʼabakan

Sidon ne Het, 14 Yebusifo, Amorifo, Girgasifo, 15 Hewifo, Arkifo, Sinifo, 16 Arwadfo, Semarifo ne Hamatifo tete agya.

Sem Asefo

17 Na Sem asefo Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

Aram asefo ne Us, Hul, Geter ne Mas.

18 Na Arfaksad woo Sela na Sela woo Eber. 19 Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.

20 Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, 21 Hadoram, Usal, Dikla, 22 Obal, Abimael, Seba, 23 Ofir, Hawila ne Yobab. Eyinom nyinaa Yoktan asefo.

24 Ɛno nti, eyi ne anato a efi Sem: Arfaksad, Selah, 25 Eber, Peleg, Reu, 26 Serug, Nahor, Tera, 27 ne Abram a akyiri no, wɔfrɛɛ no Abraham no.

Abraham Asefo

28 Abraham mmabarima Isak ne Ismael.

29 Na Ismael mmabarima nso ne

Nebaiot a ɔyɛ nʼabakan, Kedar, Adbeel, Mibsam, 30 Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema, 31 Yetur, Nafis ne Kedema.

Eyinom ne Ismael mmabarima.

32 Na Abraham mpena Ketura mmabarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.

Na Yoksan asefo Seba ne Dedan.

33 Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa.

Eyinom nyinaa Ketura asefo.

Isak Asefo

34 Abraham woo Isak. Isak mmabarima Esau ne Israel.1.34 Israel: Eyi ne din a Onyankopɔn de too Yakob

Esau Asefo

35 Na Esau mmabarima Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.

36 Na Elifas mmabarima Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.

37 Na Reuel mmabarima Nahat, Serah, Sama ne Misa.

Edomfo Abɔse

38 Na Seir mmabarima Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.

39 Na Lotan mmabarima Hori ne Homam. Na Lotan nuabea din de Timna.

40 Na Sobal mmabarima Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam.

Sibeon mmabarima Aya ne Ana.

41 Na Ana babarima Dison.

Na Dison mma Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.

42 Na Eser mmabarima Bilhan, Saawan ne Akan.

Na Disan mmabarima Us ne Aran.

Edom Sodifo

43 Eyinom ne ahemfo a wodii Edom so ansa na Israelfo renya ahemfo:

Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii hene.

44 Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade ɔhene.

45 Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade ɔhene.

46 Husam wu akyi no, Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim Moab asase so no na odii nʼade ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit.

47 Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.

48 Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene.

49 Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene.

50 Baal-Hanan wui no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii hene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no Matred babea ne Me-Sahab nso nena. 51 Na Hadad nso wui.

Na Edom mmusua no ntuanofo ne

Timna, Alia, Yetet, 52 Oholibama, Ela, Pinon, 53 Kenas, Teman, Mibsar, 54 Magdiel ne Iram.

Eyinom na na wɔyɛ Edom mmusua ntuanofo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também