Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Beresosɛm 4

Yuda Asefo Nkae

1 Yuda asefo no bi din de

Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal.

2 Sobal babarima Reaia na ɔwoo Yahat. Yahat woo Ahumai ne Lahad. Eyinom na na wɔyɛ Sorafo mmusua.

3 Na Etam asefo no ne

Yesreel, Yisma, Yidbas ne Haslelponi a na ɔyɛ ne babea, 4 Penuel a na ɔyɛ Gedor agya ne Eser a na ɔyɛ Husa agya. Eyinom na na wɔyɛ Hur a na ɔyɛ Efrata abakan ne Betlehem agya no asefo.

5 Na Tekoa agya a ne din de Ashur no yerenom baanu a wɔfrɛ wɔn Hela ne Naara.

6 Naara woo Ahusam, Hefer, Temeni ne Ahastari.

7 Hela woo

Seret, Sohar, Etnan, 8 ne Kos a nʼasefo ne Anub, Hasobeba ne Harum babarima Aharhel, Harum ne ne mmusua nyinaa.

9 Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yabes a ɔyɛɛ ɔkɛse sen ne nuabarimanom nyinaa. Ne na too no din Yabes, efisɛ onyaa ɔyaw nʼawo mu. 10 Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpae kyerɛɛ Israel Nyankopɔn se, "Ao, hyira me na trɛw mʼahye mu. Mesrɛ wo, ka me ho nea mɛyɛ biara mu, na yi me fi ɔhaw ne ɔyaw nyinaa mu." Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisade no maa no.

11 Suba nuabarima Kelub woo Mehir. Mehir woo Eston. 12 Eston woo Bet-Rafa, Paseah ne Tehina. Tehina woo Ir-Nahas. Eyinom ne Reka asefo.

13 Kenas mmabarima ne

Otniel ne Seraia.

Otniel mmabarima ne

Hatat ne Meonotai. 14 Meonotai woo Ofra.

Na Seraia woo Yoab

a ofii Adwumfo Bon ase, efisɛ na adwumfo pii tete .

15 Na Yefune babarima Kaleb mmabarima

Iru, Ela ne Naam.

Na Ela babarima

Kenas.

16 Yehalelel mmabarima ne

Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel.

17 Ɛsra mmabarima

Yeter, Mered, Efer ne Yalon.

Mered waree Misraimnibea ma ɔwoo Miriam, Samai ne Yisba a ɔbɛyɛɛ Estemoa agya no. 18 Mered nso waree ɔbea a ofi Yuda.

Ɔno nso woo Yered a ɔbɛyɛɛ Gedor agya, Heber a ɔyɛ Soko agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na wɔfrɛ Mered yere Misraimni no se Bitia a na ɔyɛ Misraimhene babea.

19 Na Hodia yere Naham nuabea.

Ne mmabarima no mu baako na ɔwoo Keila a ɔyɛ Garmini na ɔbaako nso woo Estemoa a ɔyɛ Maakatni.

20 Simon mmabarima ne

Amnon, Rina, Ben-Hanan ne Tilon.

Na Yisi asefo no ne

Sohet ne Ben-Sohet.

Yuda Babarima Sela Asefo

21 Na Sela Yuda mma no mu baako.

Na Sela asefo no ne Er a ɔwoo Leka, Lada a ɔwoo Maresa a na wɔyɛ nweratam ho adwuma Bet-Asbea,

22 Yokim, Kosebafo, Yoas, ne Saraf a na wodi Moab ne Yasubi-Lehem so no. Saa din yi nyinaa, wonya fii tete nkyerɛw a na wɔakyerɛw agu mu. 23 Na wɔyɛ nkukunwemfo a na wɔte Netaim ne Gedera. Na wɔn nyinaa nnwuma ma ɔhene.

Simeon Asefo

24 Na Simeon mmabarima no din de

Nemuel, Yamin, Yarib, Serah ne Saulo.

25 Na Saulo asefo Salum, Mibsam ne Misma.

26 Na Misma asefo

Hamuel, Sakur ne Simei.

27 Simei woo mmabarima dunsia ne mmabea baasia. Ne nuabarimanom de, na wɔn mu biara nni abusua kɛse saa. Ɛno nti, Simeon abusua annɔ te Yuda abusua no. 28 Wɔtenaa Beer-Seba, Molada ne Hasar-Sual, 29 Bilha, Esem ne Tolad, 30 Betuel, Horma ne Siklag, 31 Bet-Markabot, Hasar-Susim, Bet-Biri ne Saaraim. Na saa nkurow yi nyinaa hyɛɛ wɔn ase kosii ɔhene Dawid bere so. 32 Wɔn asefo nso tenaa Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan a ɛyɛ nkurow anum yi so, 33 ne ne nkuraa a atwa ho ahyia no kosii Baal.

Na wɔn atenae ni, na wɔahyehyɛ saa din yi nyinaa wɔn anato nkrataa mu.

34 Wɔn a wɔka Simeon asefo ho no bi nso ne Mesobab, Yamlek

ne Amasia babarima Yosa, 35 Yoel,

Yosibia babarima Yehu a ɔyɛ Seraia babarima, na ɔno nso Asiel babarima,

36 Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel ne Benaia, 37 Sifi babarima Sisa a nʼagya Alon babarima, na ɔno Yedaia babarima, na ɔno nso Simri babarima a nʼagya Semaia.

38 Din a yɛabobɔ yi ntuanofo a wɔdeda Simeon mmusuakuw a wɔyɛ adefo no ano no bi.

39 Wɔkɔɔ Gedor fam a na ɛwɔ obon no apuei fam wɔrekɔpɛ asase pa ama wɔn mmoa adidi so. 40 Wonyaa mmoa adidibea pa . Na asase no so dwo na basabasayɛ biara nni . Na Ham asefo no bi akɔtena Gedor fa mu dedaw.

41 Yudahene Hesekia bere so no, Simeon ntuanofo no ko dii so, sɛee Ham ne Meunifo afi pasaa. Wokum obiara a na ɔte , faa asase no, efisɛ, na wɔpɛ wonya mmoa didibea pa no. 42 Akofo no mu ahannum a wofi Simeon abusuakuw mu no kɔɔ bepɔw Seir so, a na Pelatia, Nearia, Refaia ne Usiel a wɔn nyinaa Yisi mmabarima no na na wodi wɔn anim. 43 Amalekfo kakra a wɔkae no, wokunkum wɔn nyinaa, faa , na wɔtenaa .

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também