Ascensão
A ascensão de Jesus ao céu é a coroação de sua obra redentora. Ele subiu à destra do Pai, de onde voltará com poder e glória para buscar os seus.
Ɔkasa wiee no asuafo no huu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhu no bio.
Wogu so rehwɛ wim no, amono mu hɔ ara mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa begyinaa wɔn nkyɛn, kae se, "Mo mmarima a mufi Galilea, adɛn nti na mugyina ha rehwɛ wim? Yesu a wɔafa no afi mo nkyɛn kɔ ɔsoro no, sɛnea osi kɔɔ ɔsoro no, saa ara na ɔbɛsan aba."
Yesu Sorokɔ
Awurade Yesu ne wɔn kasa wiee akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so.
Yesu Sorokɔ
Yesu ne asuafo no bɔɔ anan koduu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. Ogu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro.
Tenabea bebree wɔ mʼAgya fi, ɛno nti merekɔ akosiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokware a anka merenka nkyerɛ mo.
Mereka nokware akyerɛ mo, obiara a ogye me di no bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛse, efisɛ merekɔ mʼAgya no nkyɛn.
Mifi Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na afei merefi wiase akɔ Agya no nkyɛn."
Yesu ka kyerɛɛ no se, "Nso me mu, efisɛ minnya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn ɛ; kɔka kyerɛ mʼasuafo no se, meresan akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Nyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Nyankopɔn no nkyɛn."
Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, "Nna kakraa bi na aka me a me ne mo bɛtena na masan akɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn.
Akyinnye biara nni ho sɛ, ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔn:
Ɔbae onipa tebea mu,
Honhom no buu no bem,
na abɔfo huu no,
wɔkaa ne ho asɛm wɔ amanaman mu,
na wiase gyee no dii,
wɔfaa no kɔɔ ɔsoro anuonyam mu.