Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 24

Yesu Asɔre

1 Kwasida anɔpahema na mmea no de nnuhuam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so. 2 Woduu no wohuu wɔapirew ɔbo a wɔde hinii ɔboda no ano no afi . 3 Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no na Yesu amu no nna . 4 Wogyinagyina a wonhu nea wɔnyɛ no, mpofirim na mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ani hyerɛn begyinagyinaa wɔn nkyɛn. 5 Mmea yi koma tui, na wɔkotokotow wɔn, na mmarima no bisaa wɔn se, "Adɛn nti na morehwehwɛ ɔteasefo awufo mu? 6 Onni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔwɔ Galilea no se, 7 Etwa wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa na wɔbɔ no asennua mu na ne nnansa so wasɔre bio no?" 8 Mmea no kaee asɛm no.

9 Na wɔde ahoɔhare fii ɔboda no so bɛkaa nea wohui no nyinaa kyerɛɛ asuafo dubaako no ne wɔn a wɔwɔ no nyinaa. 10 Mmea a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo na Maria ne afoforo bi. 11 Wɔn nsɛm a wɔbɛkae no yɛɛ wɔn anansesɛm bi nti wɔannye anni. 12 Ɛwɔ mu nnipa no annye asɛm no anni de, nanso Petro de, otuu mmirika kɔɔ ɔboda no so kɔkotow hwɛɛ mu, huu nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu . Ɔsan baa fie a na ɔnte nea ohuu no ase.

Emaus Kwan So

13 Da no ara asuafo no mu baanu sii mu wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a efi Yerusalem rekɔ no bɛyɛ akwansin ason. 14 Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi. 15 Wogu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnye no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔe. 16 Wohuu obi ka wɔn ho de, nanso wɔantumi anhu ɛyɛ Yesu.

17 Obisaa wɔn se, "Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ ahow mo ho yi?"

18 Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no se, "Wo nko ara ne ɔhɔho a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi nnansa yi?"

19 Obisaa wɔn se, "Nsɛm bɛn?"

Wobuaa no se, "Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi nneyɛe ne ɔkasa mu Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho, 20 ne sɛnea asɔfo mpanyin ne yɛn mpanyimfo kyeree no de no kɔɔ aban mu se wommu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asennua mu no ho. 21 Yɛn de, na yɛn ani da so ɔno na ɔrebegye Israel, na nea ɛka ho ne nnansa ni a saa asɛm yi sii. 22 Na mmea bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifo yɛn ara ama yɛn ho adwiriw yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara, 23 nanso wɔanhu nʼamu no. Wɔsan bɛka kyerɛɛ yɛn se, wɔahu ɔsoro abɔfo ma wɔaka akyerɛ wɔn se, Yesu te ase. 24 Yɛn mu ebinom tuu mmirika kɔhwɛe, na ampa ara, na Yesu amu no nni sɛnea mmea no kae no ara ."

25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Adwenharefo a munni gyidi; ɛyɛ mo den mubegye nea adiyifo no aka no nyinaa adi. 26 Wɔanhyɛ ho nkɔm se, ɛsɛ Kristo no behu amane ansa na wakɔ nʼanuonyam mu ana?" 27 Na ofii Mose ne adiyifo no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho Kyerɛwsɛm no mu no nyinaa ase.

28 Woduu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ anka ɔtoa nʼakwantu no so. 29 Nanso wɔsrɛɛ no, san no ɔnna wɔn nkyɛn, na na ade reyɛ asa nti, ɔsan ne wɔn kɔɔ fie.

30 Bere a wɔte adidii no, Yesu bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase, faa brodo bubuu mu de maa wɔn. 31 Afei na wɔn ani so tetew wɔn ma wohuu ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara na otu yerae. 32 Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, "So Kyerɛwsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn bere a na yɛnam ɔkwan so no anka yɛn koma mpo?"

33 Ntɛm ara na wɔsan wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafo dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no wɔahyia. 34 Woduu no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ se, "Ampa ara, Awurade asɔre afi awufo mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon." 35 Baanu a wofi Emaus bae no nso bɔɔ wɔn amanneɛ sɛnea Yesu bɛtoo wɔn Emaus kwan so na wɔantumi anhu ɛyɛ ɔno kosii bere a obubuu brodo mu de maa wɔn no ansa.

Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Asuafo No

36 Wogu so rebɔ amanneɛ no, prɛko na Yesu beduu , kyiaa wɔn se, "Asomdwoe nka mo!"

37 Wɔn nyinaa bobɔɔ piriw, wosuroe, efisɛ na wosusuw wɔahu ɔsaman. 38 Obisaa wɔn se, "Adɛn na mo koma atutu na munnye nni nso ɛyɛ me? 39 Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; efisɛ ɔsaman nni honam ne nnompe sɛnea muhu mewɔ bi yi."

40 Ɔkasa wiee no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. 41 Anigyetraso ne ahodwiriw nti amma wɔannye anni ɛyɛ ɔno. Obisaa wɔn se, "Mowɔ biribi ha a mubedi ana?" 42 Wɔmaa no apataa sin bi a wɔatoto 43 ma ogye wee wɔn anim ara.

44 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Eyi ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo bere a na me ne mo no se, ɛsɛ biribiara a wɔakyerɛw afa me ho Mose Mmara ne Adiyifo nhoma ne Nnwom mu no ba mu."

45 Afei obuee wɔn adwene mu ma wɔtee Kyerɛwsɛm a ɛfa ne ho no ase. 46 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Wɔakyerɛw se, ɛsɛ Kristo no hu amane na owu na ne nnansa so, wasɔre afi awufo mu. 47 Na wobefi ase Yerusalem de ne din akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ ho nsɛm akyerɛ amansan. 48 Mone eyinom nyinaa ho nnansefo. 49 Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛnea mʼagya hyɛɛ ho no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkosi Honhom Kronkron no de tumi a efi ɔsoro no bɛba abɛhyɛ mo ma."

Yesu Sorokɔ

50 Yesu ne asuafo no bɔɔ anan koduu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. 51 Ogu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro. 52 Na wɔsɔree no, de anigye san kɔɔ Yerusalem. 53 Na daa wɔwɔ asɔredan no mu yi Onyankopɔn ayɛ.

Veja também