Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 16

Twam Afahyɛ

1 Daa munni Twam Afahyɛ no ɔsram Abib16.1 Hebrifo ɔsram Abib no taa si wɔ Ɔbɛnem ne Oforisuo ntam. no mu mma Awurade, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔsram Abib mu da bi anadwo na Onyankopɔn yii mo fii Misraim. 2 Munkum anantwi anaa nguan Twam afɔrebɔde mma Awurade, mo Nyankopɔn no, faako a Awurade beyi atenae ne din mu no. 3 Munnni mmɔkaw brodo nka ho; na mmom, nnanson so na munni apiti amanehunu brodo, efisɛ mufii Misraim ɔhare so, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nkwanna nyinaa mu no mobɛkae bere a mutu fii Misraim no. 4 Mommma wonhu mowɔ mmɔkaw mo nkyɛn mo nsase nyinaa so nnanson. Mommma nam a mode bɔɔ afɔre da a edi kan no anwummere no nka gya so nkosi anɔpa.

5 Mommɔ Twam Afahyɛ afɔre no nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu biara so, 6 gye faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, beyi wɔnkamfo ne din no. Ɛhɔ na mommɔ Twam afɔre no anwummere mfa nni mo Misraimfi bere no afahyɛ. 7 Montoto na monwe no faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw ama mo no. Na ade kye a, monsan nkɔ mo ntamadan mu. 8 Nnansia na momfa nni apiti, na ne nnanson so no, nnipa no nyinaa nhyia Awurade, mo Nyankopɔn no, anim. Na saa da no, obiara nyɛ adwuma.

Otwabere Afahyɛ

9 Mumfi bere a mubefi ase atwa atoko no nkan nnaawɔtwe ason. 10 Na monhwɛ sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, asi ahyira mo no so mfi mo mu mmɔ afɔre, nnyina so nni Asese Afahyɛ no mma Awurade, mo Nyankopɔn no. 11 Na munnye mo ani Awurade, mo Nyankopɔn no, anim faako a ɔbɛpaw atenae ma ne din no. Mo ne mo mmabarima ne mo mmabea, mo nkoa ne mo mfenaa, Lewifo a wɔwɔ mo nkurow mu ne ahɔho, nyisaa ne akunafo a wɔne mo te nyinaa. 12 Monkae na moyɛ nkoa Misraim enti monhwɛ yiye na munni saa mmara yi nyinaa so.

Asese Afahyɛ

13 moboaboa mo awiporowbea ne mo nsakyi amoa mu ade ano wie a, momfa nnanson nni Asese Afahyɛ no. 14 Munnye mo ani mo afahyɛ yi se; mo ne mo abusuafo, mo asomfo ne Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo a wofi mo nkurow mu. 15 Momfa nnanson nni saa afahyɛ yi mfa nhyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, anuonyam faako a ɔbɛpaw, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, na ɔma mo nnɔbae pii na ohyira mo nnwuma nyinaa so; na mo anigye bewie pɛyɛ.

16 Afe biara mu no, ɛsɛ mo mmarima no nyinaa hyia mo Awurade, mo Nyankopɔn no, anim faako a ɔbɛpaw no mprɛnsa de ama Apiti Afahyɛ, Otwabere Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ obiara ba Awurade anim nsapan. 17 Ɛsɛ obiara de akyɛde a ɛne nhyira a Awurade, mo Nyankopɔn no, nhyira no no ba.

Atemmufo

18 Munsisi atemmufo ne mpanyimfo mfi mo mmusuakuw biara mu nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu, na wobebu nnipa no atɛntrenee. 19 Mummmu ntɛnkyew anaa monnhwɛ nnipa anim mmu atɛn. Monnnye adanmude, efisɛ adanmude fura onyansafo ani ma ɔdan nea odi bem no asɛm ani. 20 Mummu atɛntrenee nkutoo, na ama moatumi atena asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so.

Ahonisom

21 Mummfi afɔremuka a mubesi ama Awurade, mo Nyankopɔn no, akyi nsi abosonnua foforo biara, 22 na munnsi ɔbo kronkron, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, kyi eyinom.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também