Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 34

Mose Wu

1 Na Mose fi Moab asase tataw so foro kɔɔ Nebo Bepɔw so, san foroo Pisga a etwa Yeriko. Ɛhɔ na Awurade kyerɛɛ no asase no nyinaa, efi Gilead kosi Dan; 2 Naftali nsase nyinaa; Efraim ne Manase nsase; Yuda nsase nyinaa kosi Ntam Po no ho; 3 Negeb; ne nsase a efi Yeriko Bon, ne Mmɛ Kuropɔn no de kosi Soar tɔnn. 4 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Eyi ne asase a mekaa ntam hyɛɛ ho kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob se mede bɛma wɔn asefo no. Afei, mama wo de wʼani ahu, nanso worentwa nkɔ so."

5 Na Mose, Awurade somfo no wuu Moab asase so sɛnea Awurade kae no. 6 Wosiee no obon bi a ɛne Bet-Peor di nhwɛanim, nanso ebesi nnɛ, obiara nnim faako a ne da . 7 Mose dii mfirihyia ɔha ne aduonu na owui, nanso na nʼani hu ade yiye na ne ho nso den. 8 Israelfo suu no nnafua aduasa Moab tataw so ara kosii nʼayiyɛ kɔɔ awiei.

9 Afei, Nun babarima Yosua nyaa nyansa honhom, efisɛ Mose de ne nsa guu ne so. Enti Israelfo yɛɛ osetie maa no na wɔyɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no ara .

10 Mose akyi no, odiyifo biara mmaa Israel a Awurade nim no anim ne anim 11 a Awurade somaa no ma ɔkɔyɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu Misraim asase so de tiaa Farao ne ne mpanyimfo nyinaa asase no so nyinaa. 12 Na obiara nnaa tumi kɛse anaa ahodwiriw nneyɛe adi te sɛnea Mose yɛɛ Israel nyinaa ani so no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também