Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 23

Nnipa A Wɔmfata Awurade Bagua Asekɔ

1 Ɔbarima a wɔasa no anaa wɔatwa ne barima akyene no mma Awurade bagua ase.

2 Wɔn a wɔyɛ mpenamma ne wɔn aseni biara, mpo enkosi awo ntoatoaso du no, mma Awurade bagua ase.

3 Amonfo anaa Moabfo anaasɛ wɔn asefo biara, mpo enkosi awo ntoatoaso du no mu biara mma Awurade bagua ase. 4 Saa aman yi annye mo, amma mo aduan anaasɛ nsu, bere a mufi Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ofi Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa ɔmmɛdome mo. 5 Nanso Awurade, mo Nyankopɔn no, antie Balaam. Ɔdan nnome no maa ɛyɛɛ nhyira maa mo, efisɛ Awurade mo Nyankopɔn no, mo. 6 Na mote ase yi, mo ne Amonfo ne Moabfo nnyɛ ayɔnkofa apam koraa.

7 Munnkyi Edomfo anaa Misraimfo, efisɛ Edomfo mo nuanom, na motenaa Misraimfo nso mu ahɔho. 8 Wɔn awo ntoatoaso abiɛsa so mma no betumi akɔ Awurade bagua ase.

Atenae Afide

9 mokɔ ɔko de tia mo atamfo a, montwe mo ho mfi nea ɛho ntew biara ho. 10 ɔbarima bi ho gu fi esiane anadwo mu ho nsu a ɛsen a, ɛsɛ ofi atenae kɔtena baabi da mu no nyinaa. 11 Edu anwummere a, ɛsɛ oguare na owia kɔtɔ a, otumi san ba atenae .

12 Muntwa asraafo atenae baabi nto a mubegya mo anan. 13 Mofa biribi nka ne nneɛma ho a mode betu fam. Bere biara a mubegya mo anan no, momfa sofi no ntu amoa na monkata agyanan no so. 14 Ɛsɛ asraafo atenae kronkron, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, nam mo atenae no so mo ho ban na moadi mo atamfo so nkonim. Ɛnsɛ ohu animguasede biara mo mu; ɛba saa a, ɔbɛdan nʼakyi akyerɛ mo.

Asetena Pa Ho Mmara

15 nkoa guan ba mo nkyɛn bɛbɔ wɔn ho aguaa a, munnyi wɔn mma wɔn wuranom. 16 Momma wɔntena mo mu kurow biara a wɔpɛ so a monnyɛ wɔn ayayade.

17 Ɛnsɛ Israelni barima anaa ɔbea biara nsɔree so oguamanfo. 18 Mommfa afɔrebɔde anaa adenya bi a efi oguamanfo nkyɛn, ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea, mma Awurade, mo Nyankopɔn no, fi, efisɛ ɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, akyiwade.

19 Bosea a mobɔ mo yɔnko Israelni no, ɛyɛ sika, aduan anaa biribi foforo bi a wogye ho mfɛntom no, monnnye ho mfɛntom. 20 Mutumi gye bosea ho mfɛntom fi ahɔho nkyɛn na nyɛ Israelfo nkyɛn sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo biribiara a moyɛ mu asase a morekɔ so akɔfa no so.

21 mohyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, a, biribiara a mohyɛɛ no ho no, monyɛ no ntɛm so. Efisɛ ɛdan dɛn ara a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛdan mo ka na mubedi bɔne ho . 22 Nanso moanhyɛ biribiara ho a, monyɛɛ bɔne biara. 23 Na wo ara wufi wo mu hyɛ a, hwɛ yiye na di asɛm a woaka no so, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, na woafi wo mu de wʼano ahyɛ no .

24 Wutumi di bobe aba dodow biara a wopɛ wo yɔnko bobeturo mu, nanso mfa bi ngu kɛntɛn mu nkɔ. 25 Saa ara na mubetumi de mo nsa abubu atoko kakra mo yɔnko afum, nanso ɛnsɛ mode afoa twa.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também