Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 25

1 akasakasa si nnipa bi ntam a, wɔmfa asɛm no nkɔ asennii na atemmufo no nni asɛm no. Wobegyaa nea odi bem no na wɔatwe de odi no aso. 2 nea odi no fata wotwa no mmaa a, atemmufo no bɛma no ada na wɔatwa no mmaa dodow a ɛfata ne bɔne no nʼanim. 3 Nanso ɛnsɛ otemmufo no ma wotwa mmaa boro aduanan. wotwa boro saa a, na wɔagu wo yɔnko Israelni anim ase wʼanim.

4 Nkyekyere nantwi a ɔreporow atoko ano.

5 nuabarimanom baanu te fie na wɔn mu baako wu a wanwo ɔba a, ɛnsɛ okunafo no kɔware ɔhɔho. Mmom, ne kunu a wawu no nuabarima na ɛsɛ ɔware okunafo no ma ɔyɛ okunu nua no asɛde. 6 Wɔde abakan a wɔbɛwo no no bɛto nʼagya a wawu no sɛnea ɛbɛyɛ a owufo no din rempepa mfi Israel.

7 Na ɛba owufo no nuabarima mpɛ ɔware ne nua no yere no a, ɔbea no bɛkɔ kurow no mpanyimfo nkyɛn kurow no pon ano akɔka akyerɛ wɔn se, "Me kunu nua no mpɛ ne nua no din bɛka Israel. Ɔrenyɛ okunu nua asɛde mma me." 8 Afei, ɔbarima no kurom mpanyimfo bɛfrɛ no akasa akyerɛ no. ose pene ara na ɔrempene nti ɔka se, "Mempɛ meware no a," 9 okunafo no bɛkɔ ɔbarima no anim a mpanyimfo no nso bi. Ɔbɛworɔw ɔbarima no mpaboa baako, ate ntasu agu nʼanim na waka se, "Sɛɛ na ɛsɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ ɔtoa ne nua abusua so." 10 Wɔbɛfrɛ saa onipa no asefo Israel se Abusua a Wɔaworɔw wɔn Mpaboa.

11 Israelfo mmarima baanu reko na wɔn mu baako yere ɔboa ne kunu nti, oso ɔbarima baako no barima mu a, 12 ɛsɛ motwa ɔbea no nsa no a ahummɔbɔ biara nni mu.

13 Monnkita nsania ahorow abien a baako duru na baako hare. 14 Monnkora olonka ahorow abien a baako so na baako su mo fi. 15 Momfa nsania ne olonka a ɛyɛ pɛpɛ na nokwaredi mu nsusuw aguade na moanya nkwanna tenten asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so. 16 Wɔn a wɔfa nsania bɔne ne nkontompo so kari aguade no Awurade, mo Nyankopɔn no, akyiwade.

17 Monkae nea Amalekfo yɛɛ mo bere a mufi Misraim reba no. 18 Wɔtow hyɛɛ mo so bere a moabrɛbrɛ na moatotɔ beraw no na wɔn a wɔaka akyi no nso, wɔbobɔɔ wɔn hwehwee fam. Na wonsuro Onyankopɔn. 19 Awurade, mo Nyankopɔn no, ma mo ahomegye fi mo atamfo nyinaa nsam, asase a ɔde rema mo agyapade no so a, ɛsɛ mosɛe Amalekfo na wɔankae wɔn bio asase yi so. Mommma mo werɛ mfi eyi da!

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também