Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 9

Israel Nkonimdi Fi Onyankopɔn Adom

1 Israel, muntie: Morekotwa Yordan na moawura mu akogye aman a ɛsoso na wɔwɔ ahoɔden kyɛn mo na wɔwɔ nkuropɔn akɛse mu na wɔn afasu kɔka sorosoro no, agyapade. 2 Nnipa no ahoɔden na wɔwoware; Anakfo! Moate wɔn nka na moate wɔka se, "Hena na obetumi ne Anakfo agyina?" 3 Nanso merehyɛ mo ase nnɛ , Awurade, mo Nyankopɔn, na ɔredi mo anim te ogyaframa a ɛresɛe ade. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛnea Awurade hyɛɛ mo no.

4 Awurade, mo Nyankopɔn, tu wɔn gu a, monnka mo koma mu se, "Esiane yɛn trenee nti na Awurade de saa asase yi ama yɛn." Dabi, ɛyɛ aman no amumɔyɛsɛm nti na Awurade redi mo anim apam wɔn. 5 Ɛnyɛ moyɛ atreneefo ne nokwafo nti na morekɔfa wɔn asase no; mmom, efi wɔn amumɔyɛ nti, Awurade, mo Nyankopɔn, bɛpam saa aman yi adi mo anim de ahyɛ ntam a wadi kan aka akyerɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no ma. 6 Monte ase , ɛnyɛ moyɛ atreneefo nti na Awurade, mo Nyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma.

Sikakɔkɔɔ Nantwi Ba No

7 Monkae eyi na mommma mo werɛ mmfi sɛnea mohyɛɛ Awurade, mo Nyankopɔn abufuw sare so no. Efi bere a mutu fii Misraim besi muduu ha yi, moakɔ so atew Awurade anim atua. 8 Mohyɛɛ Awurade abufuw Horeb a anka ɔpɛ ɔsɛe mo. 9 Mekɔɔ bepɔw no so merekogye abo kyerɛwpon a na wɔakyerɛw apam a na Awurade ne mo apam no agu so no, metenaa nnafua aduanan, mannidi na mannom. 10 Awurade de apam a ɛwɔ abo kyerɛwpon a Onyankopɔn ankasa akyerɛw nsɛm a ofi ogya a ɛwɔ bepɔw no so no mu ka kyerɛɛ mo no nyinaa maa me.

11 Na awia ne anadwo adaduanan no baa awiei no, Awurade de abo pon abien a wɔakyerɛw apam no so no maa me. 12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ me se, "Sian fi ha ntɛm , efisɛ nnipa a wudii wɔn anim fi Misraim no adan abɔnefo. Wɔaman afi ahyɛde a memaa wɔn no ho na wɔayɛ ohoni afa."

13 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, "Mahwɛ saa nnipa yi ara ahu , wɔn aso den pa ara. 14 Ma me kwan na mensɛe na mempepa wɔn din mfi ɔsoro ase. Na menam so mayɛ wʼasefo ɔman kɛse; ɔman a ɛso na ɛwɔ ahoɔden sen sɛnea ɛte nnɛ yi."

15 Enti misian fii ogya bepɔw no so a na mikura abo apon abien a apam no so no. 16 Mehwɛe no, mihuu moayɛ bɔne atia Awurade, mo Nyankopɔn; Moagu nantwi ba sɛso honi ama mo ho. Moaman afi Awurade kwan a ɔkyerɛɛ mo momfa so no so ntɛm. 17 Enti memaa ɔbo apon no so kɔɔ soro na metow hwee fam. Mibubuu no mo anim.

18 Afei, medaa Awurade anim awia ne anadwo adaduanan a manni brodo, annom nsu. Meyɛɛ eyi, efisɛ moayɛ ade a Awurade kyi nti, moayɛ bɔne na ɛnam so ama ne bo afuw yiye. 19 Misuroo Awurade abufuw ne so asotwe, efisɛ na ne bo afuw yiye a obetumi asɛe mo. Nanso, otiee me bio. 20 Na Awurade bo fuw Aaron a na anka ɔpɛ ɔsɛe no. Nanso mebɔɔ mpae maa Aaron nso. 21 Mefaa mo bɔne, nantwi ba a moayɛ no, na menan no gya mu yam no muhumuhu. Metow ne mfutuma no guu asuwa bi a ɛsen fi bepɔw no mu no mu.

22 Mohyɛɛ Awurade abufuw Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso.

23 Kades-Barnea nso, Awurade somaa mo saa ɔhyɛ yi so se, "Monkɔ soro nkɔfa asase a mede ama mo no." Nanso mubuu Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛde so na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm. 24 Efi bere a mihuu mo no, daa mosɔre tia Awurade.

25 Ɛno nti na bere a Awurade sii nʼadwene pi ɔbɛsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no. 26 Mebɔɔ mpae srɛɛ Awurade se, "Otumfo Awurade, nsɛe wo man ne wʼagyapade a wode wo kɛseyɛ agye asi na wode wo nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afi Misraim no. 27 Yi wʼani fi saa nnipa yi komapirim ne asoɔden ne wɔn bɔne so na kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob. 28 Anyɛ saa a, Misraimfo no bɛka se, Awurade sɛee wɔn, efisɛ wantumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa ntam ɔde bɛma wɔn no so. Anaasɛ nso, wɔbɛka se, ɔsɛee wɔn, efisɛ ɔtan wɔn; ɔde wɔn baa sare so ɔrekokunkum wɔn.29 Nanso wɔyɛ wo nkurɔfo ne wʼagyapade a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a woatrɛw mu so yii wɔn."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também