Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 18

Asɔfo Ne Lewifo Akyɛde

1 Lewifo Asɔfo no, nokware Lewi abusuakuw nyinaa no, nni kyɛfa ne agyapade biara Israelman mu te mmusuakuw a wɔaka no. Wobedi aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade no bi, efisɛ wonni agyapade. 2 Israelfo mu de, wɔrennya agyapade biara wɔn ankasa kyɛfa. Awurade ankasa bɛyɛ wɔn kyɛfa sɛnea ɔhyɛɛ wɔn no.

3 Eyi ne kyɛfa a asɔfo no benya afi nantwi ne oguan a nnipa no de bɛbɔ afɔre no mu: ne mmati, nʼabogye ne nʼayamde. 4 Afei, momma wɔn mo atokokan mu ade, nsa foforo ne ngo ne nwi a edi kan a wotwitwa fi mo nguan ho no. 5 Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, apaw Lewifo ne wɔn asefo afi mo mmusuakuw nyinaa mu wonnyina, nsom daa Awurade din mu.

6 Lewini bi na ofi mo nkurow no mu biara a ɔte so Israel baabi a Awurade ayi a, 7 otumi som Awurade, ne Nyankopɔn, din mu te sɛnea ne nkurɔfo Lewifo a wɔsom Awurade anim no no ara. 8 mpo wanya sika bi afi abusua agyapade bi tɔn mu a, wɔde ne kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔde no mu Lewini no bɛma no asɛde.

Nneyɛe A Ɛyɛ Akyiwade

9 munya du asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so a, monhwɛ yiye na moansua amanaman a ɛwɔ no amanne a ɛyɛ akyiwade no. 10 Mommma wonhu mo mu bi de ne babarima anaa ne babea abɔ ɔhyew afɔre. Na mommma mo nnipa no nyɛ akɔmfo a wɔhyɛ abosom nkɔm, abayifo ne abisakɔfo, ne ntafowayifo 11 ne nkaberekyerefo ne samanfrɛfo, osumanni a ɔfrɛ ɔsaman. 12 Obiara a ɔyɛ saa ade yi bi no Awurade akyiwade na saa akyiwade yi nti na Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpam saa aman no afi mo anim. 13 Monyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim.

Odiyifo

14 Aman a morekotu wɔn yi tie wɔn a wɔpɛ abayisɛm ne nkɔmhyɛnsɛm. Nanso mo de, Awurade, mo Nyankopɔn no, mmaa mo kwan monyɛ saa ɛ. 15 Awurade, mo Nyankopɔn no, beyi odiyifo a ɔte me afi mo Israelfo yi ara mu. Ɛsɛ moyɛ osetie ma no. 16 Eyi ne nea mo ankasa mobisaa Awurade, mo Nyankopɔn no, bere a muhyiaa Horeb no. Mosrɛɛ mompɛ mote Awurade, mo Nyankopɔn no, nne anaa muhu ogyaframa bio, efisɛ musuro anhwɛ a, mubewuwu.

17 Na Awurade buae se, "Mɛyɛ wɔn abisade ama wɔn. 18 Mɛda odiyifo te wo adi afi wɔn nkurɔfo Israelfo mu. Mede me nsɛm bɛhyɛ nʼanom, na ɔbɛka biribiara a mɛhyɛ wɔn no akyerɛ wɔn. 19 Mʼankasa me ne obiara a wantie asɛm a odiyifo no bɛka me din mu no bedi. 20 Na odiyifo biara bɛpatuw aka nea menhyɛe, anaa ɔnam onyame foforo bi din so ka asɛm no, ɛsɛ wokum no."

21 Mubebisa mo ho se, "Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahu adiyisɛm no fi Awurade anaasɛ emfi no?" 22 odiyifo no hyɛ nkɔm Awurade din mu na amma mu a, na ɛnyɛ Awurade na ɔde asɛm no mae. Na ɛkyerɛ , saa odiyifo no ara kaa ɔno ankasa nʼasɛm bi kwa enti ɛnsɛ musuro.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também