Pular para o conteúdo
Publicidade

Luka 20

Wobisa Tumi A Yesu Ho Asɛm

1 Da bi a Yesu rekyerɛkyerɛ asɔredan mu no, asɔfo mpanyin, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyin kobisaa no se, 2 "Tumi bɛn na wowɔ a wode saa nneɛma yi; na hena nso na ɔmaa wo saa tumi no?"

3 Yesu buaa wɔn se, "Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me. 4 Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; efi Onyankopɔn anaa efi onipa?"

5 Wɔfaa ho adwene kae se, "yɛka se efi Onyankopɔn a obebisa yɛn se, ɛno de, adɛn nti na moannye no anni?6 nso yɛka se efi onipa a, ɔman mu no nyinaa besiw yɛn abo, efisɛ wonim Yohane odiyifo."

7 Ewiee ase no, wobuae se, "Yennim."

8 Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, "Ɛno de, me nso meremma mo mo asɛmmisa no ho mmuae."

Apaafo Bi Ho

9 Yesu buu wɔn bi se, "Ɔbarima bi yɛɛ bobeturo de hyɛɛ apaafo bi nsa wɔnhwɛ so mma no. Eyi akyi, otuu kwan kɔɔ akyirikyiri baabi kɔtenaa kyɛe. 10 Bobetew bere dui no, ɔbarima yi somaa ne somfo se onkogye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso apaafo no boroo no, ma ɔsan kɔɔ nsapan. 11 Ɔsomaa ɔsomfo foforo ma ɔno nso wɔboroo no, bɔɔ no adapaa, ma ɔkɔɔ nsapan. 12 Ɔsan somaa ɔsomfo foforo na ɔno mpo de, wopirapiraa no pam no.

13 "Eyi maa bobeturo wura no kae se, Dɛn na menyɛ bio? Mɛsoma me ba a medɔ no no akɔ wɔn nkyɛn na ɔno de, ebia wɔbɛfɛre no.

14 "Nanso bere a apaafo no huu no no, wɔkae se, Ɔdedifo no ni, momma yenkum no na yɛmfa nʼagyapade no. 15 Wɔtwee no fii afuw no mu kokum no.

"Mugye di dɛn na afuw wura no bɛyɛ saa apaafo yi? 16 Ɔbɛba abekunkum saa apaafo yi na ɔde afuw no ama afoforo."

Nnipa a wɔretie Yesu no kae se, "Ɛmpare yɛn!"

17 Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn se, "Ɛno de, na nea wɔakyerɛw se,

" Ɔbo a adansifo apo no,

ɛno ara na abɛyɛ tweatibono ase ne dɛn?

18 Obiara a ɔbɛhwe ɔbo no so no, obebubu na nea ɔbo no bɛhwe ne so no nso bɛpɛtɛw."

19 Esiane Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne asɔfo mpanyin no huu se Yesu buu no tiaa wɔn nti wɔhwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere no saa bere no ara mu, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ no nti na wosuro.

Towgye Ho Asɛmmisa

20 Esiane ɔpɛ ara na na nnipa no wɔkyere Yesu nti, wɔtetɛw no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu. 21 Saa nnipa yi bisaa Yesu se, "Kyerɛkyerɛfo, yenim woyɛ ɔnokwafo, wonyɛ nyiyimu na wokyerɛ nokware kwan a wɔnam so Onyankopɔn nkyɛn. 22 Enti eye yetua tow ma Kaesare aban anaasɛ enye?"20.22 Sɛ ɔpene sɛ wontua tow mma Kaesare a na wadi nnipa no huammɔ. Sɛ ɔka se wontua nso a, ɛbɛhaw Roma aban mu mpanyimfo. Nsɛmmisafo no bisaa Yesu asɛm yi de sum no afiri.

23 Yesu huu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, 24 "Momma me sika. Hena mfoni ne din na ɛwɔ so yi?"

Wobuaa no se, "Ɛyɛ Kaesare dea."

25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn."

26 Yesu mmuae a ɔmaa wɔn no yɛɛ wɔn nwonwa na wɔn adwemmɔne no nso kaa wɔn tirim.

Owusɔre Ne Aware Ho Asɛmmisa

27 Sadukifo bi a wonnye owusɔre nni baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, 28 "Kyerɛkyerɛfo, Mose mmara no kyerɛ yɛn se, ɔbarima bi ɔyere na ɔne no anwo na owu a, ne nua tumi ware no ne no wo mma ma owufo no. 29 Anuanom baason bi tenaa ase. Ɔpanyin a ɔwɔ mu no waree ɔbea a ɔne no anwo na owui. 30 Ne nua a odi nʼakyi no waree no nanso ɔne no anwo na owui. 31 Anuanom a wɔaka no nyinaa nso waree no a obiara ne no anwo, na wowuwui. 32 Akyiri no ɔbea no nso wui. 33 Yɛn asɛmmisa ne , esiane ɔbea yi waree anuanom yi nyinaa nti, owusɔre da no, wɔn mu hena na ɔbea yi bɛyɛ ne yere?"

34 Yesu buae se, "Asase yi so na nnipa dwene aware ho. 35 Na wɔn a owusɔre da no wobenya kwan akɔ Onyankopɔn Ahenni no mu de, aware ho renhia wɔn. 36 Na owu nso nni mma wɔn bio, efisɛ wɔbɛyɛ ɔsoro abɔfo. Esiane wɔasɔre afi awufo mu no nti, wɔyɛ Onyankopɔn mma. 37 Afei mo asɛmmisa a ɛfa owusɔre ho no nso, Mose maa yehuu no pefee , owusɔre . Efisɛ nʼasɛm a ɔkyerɛw faa wura a na ɛredɛw no ho no, ɔbɔɔ Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn din. 38 Eyi kyerɛ , Onyankopɔn ateasefo Nyankopɔn na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, efisɛ obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, owu mpo a, obenya nkwa a enni awiei."

39 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu bi kae se, "Kyerɛkyerɛfo, woabua no yiye." 40 Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.

Hena Ba Ne Kristo No?

41 Yesu bisaa wɔn se, "Adɛn nti na wɔka se Kristo no Dawid ba?" 42 Efisɛ Dawid ka ne Nnwom no mu se,

"Awurade ka kyerɛɛ me wura se:

Tena me nifa so

43 kosi mɛma woadi wʼatamfo so nkonim.

44 Dawid frɛ no Awuradea, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no ne ba?"

Kyerɛwsɛm No Akyerɛkyerɛfo No Kɔkɔbɔ

45 Bere a nnipa no retie no no, Yesu dan nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, 46 "Monhwɛ mo ho so yiye Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ho. Bere biara wɔpɛ wɔhyɛ ntade pa, hwehwɛ nnipa hu wɔn bagua mu a wɔde obu kyia wɔn, na wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanyin tenabea. Saa ara nso na wɔkɔ aponto ase a, wɔtena mpanyin tenabea. 47 Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu wɔresom Onyankopɔn, nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a mu duru."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também