Pular para o conteúdo
Publicidade

Batismo

Por Bíblia Online

O batismo é mandamento de Jesus e proclamação pública de fé. É símbolo de morte para o pecado, sepultamento com Cristo e ressurreição para uma vida nova no Espírito.

O mandamento de Jesus

Ide e fazei discípulos, batizando-os em nome do Pai, do Filho e do Espírito Santo. O batismo é porta de entrada na comunidade cristã.

Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn , wonni nea mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei."

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn , wonni nea mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei."

Yesu Asubɔ

Yesu tee Osuboni Yohane nka no, ofii Galilea baa Asubɔnten Yordan ho Yohane mmɔ no asu.

Na obiara a ogye di na wɔbɔ no asu no, wobegye no nkwa. Na obiara a onnye nni no, wobebu no .

Asomafo No Asɛmpaka

Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa. Na obiara a ogye di na wɔbɔ no asu no, wobegye no nkwa. Na obiara a onnye nni no, wobebu no .

Yesu Asubɔ Ne Ne Sɔhwɛ

Saa bere no mu na Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu asubɔnten Yordan mu. Yesu fii asu no mu sii konkɔn so ara , ohuu ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resian aborɔnoma aba ne so.

Morrer e ressuscitar

Fomos sepultados com Cristo pelo batismo na morte para que andemos em novidade de vida. O batismo é renascimento pelo Espírito.

Anaa munnim bere a wɔbɔɔ yɛn nyinaa asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wu mu? Bere a wɔbɔɔ yɛn asu no, yewui na wosiee yɛn ne Kristo. Sɛnea Agya Onyankopɔn nam nʼanuonyam so nyan Kristo fii awufo mu baa nkwa mu no, saa ara nso na mprempren yɛte ase nkwa foforo mu.

Anaa munnim bere a wɔbɔɔ yɛn nyinaa asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wu mu?

Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn nti na ɛsɛ yɛkɔ so tena bɔne mu? Anaa munnim bere a wɔbɔɔ yɛn nyinaa asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wu mu? Bere a wɔbɔɔ yɛn asu no, yewui na wosiee yɛn ne Kristo. Sɛnea Agya Onyankopɔn nam nʼanuonyam so nyan Kristo fii awufo mu baa nkwa mu no, saa ara nso na mprempren yɛte ase nkwa foforo mu.

Na yɛne no ayɛ koro ne wu mu a, wɔbɛfa saa ɔkwan koro no ara so anyan yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako. Yenim wɔbɔɔ yɛn nipadua dedaw no ne Kristo asennua mu. Wɔyɛɛ eyi sɛnea nipadua dedaw a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio, efisɛ onipa wu a, na wɔayi no afi bɔne tumi ase.

Wɔbɔɔ mo asu no nso, wosiee mo ne Kristo. Afei wonyan mo ne no fii awufo mu, efisɛ na mowɔ gyidi Onyankopɔn tumi a enyan Kristo fii awufo mu no mu.

Ɛnam gyidi so nti na mo nyinaa Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abɔ mu no. Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu nti moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so.

Yesu nso buaa no se, "Mereka nokware akyerɛ wo se wɔamfi nsu ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.

Yesu nso buaa no se, "Mereka nokware akyerɛ wo se wɔamfi nsu ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.

ogyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ nti, na mmom ɔnam nʼahummɔbɔ so ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforo ama yɛn nkwa foforo.

na saa nsu yi asubɔ a egye mo nkwa mprempren no nsɛnkyerɛnne; ɛnyɛ ɔhonam ani fi hohoro, na mmom, ɛyɛ a wofi ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔre so gye mo nkwa.

Batismo e Espírito

Arrependei-vos e cada um seja batizado. O batismo no Espírito Santo é poder para vida e testemunho.

Petro ka kyerɛɛ wɔn se, "Monsakra mo adwene na momma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no.

Petro ka kyerɛɛ wɔn se, "Monsakra mo adwene na momma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no.

Wɔn mu dodow no ara gyee asɛm no di ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa da no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifo no ho.

Bere a saa nnipa yi gyee asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din no ho dii no, wɔbɔɔ mmarima ne mmea nyinaa asu. Simon nso gye dii ma wɔbɔɔ no asu. Baabiara a Filipo kɔe no, Simon dii nʼakyi. Anwonwade a ohuu no maa ne ho dwiriw no.

Wɔrekɔ no woduu asu bi ho. Piamni no ka kyerɛɛ Filipo se, "Nsu ni. Dɛn na esiw wo kwan wobɔ me asu?" Filipo ka kyerɛ no se, "wufi wo koma mu gye di a, mɛbɔ wo asu." Piamni no buaa no se, "Migye di. Migye di Yesu Kristo Onyankopɔn Ba." Piamni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinae. Ɔne Filipo kɔɔ asu no ho ma ɔbɔɔ no asu. Wofi nsu no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo fii piamni no nkyɛn kɔe. Wanhu Filipo bio de, nanso ɔde anigye toaa nʼakwantu no so.

"Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛnea yɛn nso yenyaa bi no. Obi betumi asiw wɔn asubɔ ho kwan ana?" Petro hyɛɛ wɔmmɔ wɔn asu Yesu Kristo din mu. Afei wɔsrɛɛ no onni nna kakra wɔn nkyɛn.

"Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛnea yɛn nso yenyaa bi no. Obi betumi asiw wɔn asubɔ ho kwan ana?"

Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, "Yohane asubɔ no asu a wɔbɔ wɔn a wɔsakra wɔn adwene. Ɔka kyerɛɛ Israelfo no se, wonnye onipa a odi nʼakyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni."

Wɔtee saa asɛm no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu Awurade Yesu din mu. Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so ma wɔkaa kasa foforo, hyɛɛ nkɔm.

Wɔtee saa asɛm no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu Awurade Yesu din mu.

Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so ma wɔkaa kasa foforo, hyɛɛ nkɔm.

Afei, dɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne Yesu din mu.

Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛ, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu."

Na Honhom Kronkron no ba mo so a, mubenya tumi na moayɛ me nnansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de kosi asase ano."

Wɔbɔɔ mpae wiee no, faako a wohyiaa wosowee. Honhom Kronkron bɛhyɛɛ wɔn nyinaa ma ma na wofii ase de akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm.

Yesu Asubɔ

Bere a Yohane bɔɔ nkurɔfo pii asu wiee no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wiee a ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei. Honhom Kronkron sian te aborɔnoma baa Yesu so na nne bi fi ɔsoro kae se, "Wone me Dɔba a wosɔ mʼani."

Na mo a moyɛ nnebɔneyɛfo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wobisa no no?"

Um batismo

Em um Espírito fomos todos batizados em um só corpo. O batismo é um só, assim como um só é o Senhor e uma só é a fé.

Wɔnam saa ɔkwan koro no ara so abɔ yɛn Yudafo ne amanamanmufo ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron koro no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipa koro no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn nyinaa se yɛnnom.

Wɔnam saa ɔkwan koro no ara so abɔ yɛn Yudafo ne amanamanmufo ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron koro no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipa koro no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn nyinaa se yɛnnom.

Wɔakyekyɛ Kristo mu akuwakuw? Paulo na owui asennua no so maa mo ana? Wɔbɔɔ mo asu Paulo din mu ana? Meda Onyankopɔn ase mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho. Obiara rentumi nka se wɔbɔɔ mo asu mʼasuafo. Mekae mebɔɔ Stefana ne ne fifo asu. Na menkae mebɔɔ obi foforo asu bio. Kristo ansoma me se memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa a emfi nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a owui asennua no so no mu tumi anyɛ ɔkwa.

Na anka minnim no, nanso bere a Onyankopɔn somaa me se memfa nsu mmɔ asu no, ɔka kyerɛɛ me se, Onipa a wubehu Honhom no besian aba ne so no, ɔno ne nea worehwɛ nʼanim no. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron bɛbɔ asu.

Na anka minnim no, nanso bere a Onyankopɔn somaa me se memfa nsu mmɔ asu no, ɔka kyerɛɛ me se, Onipa a wubehu Honhom no besian aba ne so no, ɔno ne nea worehwɛ nʼanim no. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron bɛbɔ asu.

Seja o primeiro