Pular para o conteúdo
Publicidade

Atos 22

1 "Anuanom ne agyanom, muntie mʼanoyi yi."

2 Wɔtee ɔka Arameike no, wɔyɛɛ komm koraa.

Paulo toaa so se, 3 "Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetew me Yerusalem Gamaliel nan ase. Misuaa sɛnea wodi Yudafo mmara ne wɔn amanne so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam sɛnea mo nyinaa nso reyɛ nnɛ yi. 4 Metaa nnipa a wodi Awurade asɛm so no nyinaa kunkum wɔn. Mekyeree mmea ne mmarima de wɔn guu afiase. 5 Ɔsɔfopanyin ne agyinatufo no nyinaa di me adanse , asɛm a mereka yi nokware. Wɔn nkyɛn mpo na migyee tumi nhoma mede rekɔma anuanom Yudafo a wɔwɔ Damasko no. Saa nhoma no na anka megyina so makyekyere nnipa a wodi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso.

6 "Owigyinae a mereyɛ adu Damasko no, mpofirim na hann bi twa faa me ho. 7 Mitwa hwee fam, na metee nne bi a ɛrebisa me se, Saulo! Saulo! Adɛn nti na wotaa me?

8 "Mibisae se, Ɛyɛ wo hena, Awurade?

"Nne no buaa me se, Ɛyɛ me Nasareni Yesu a wotaa me no. 9 Nnipa a na wɔne me nam no huu hann no de, nanso wɔante nne a ɛkasa kyerɛɛ me no.

10 "Mibisae se, Dɛn na menyɛ, Awurade?

"Awurade ka kyerɛɛ me se, Sɔre na Damasko, na na mɛkyerɛ wo biribiara a mepɛ woyɛ. 11 Hann no hyerɛn ano den no maa mʼani furae enti nnipa a na me ne wɔn rekɔ no susoo me nsa de me kɔɔ Damasko.

12 "Na Onipa bi a wɔfrɛ no Anania a odi Mose mmara so a na Yudafo nyinaa di no ni no te Damasko . 13 Ɔbaa me nkyɛn bɛkae se, Onua Saulo, hu ade bio!’ " Na ara mʼani buei.

14 "Ɔka kyerɛɛ me se, Yɛn nenanom Nyankopɔn ayi wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nʼapɛde na woahu ɔtreneeni no, na wobɛte nʼankasa ne nne ɛkasa kyerɛ wo. 15 Wubedi adanse afa biribiara a woahu na woate Awurade ho no akyerɛ nnipa nyinaa. 16 Afei, dɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne Yesu din mu.

Wɔsoma Paulo Amanamanmufo Nkyɛn

17 "Mesan kɔɔ Yerusalem na merebɔ mpae asɔredan mu no, 18 mihuu Awurade anisoadehu mu na ɔka kyerɛɛ me se, ntɛm fi Yerusalem ha, efisɛ nnipa a wɔwɔ ha no rentie adanse a wudi fa me ho no.

19 "Mekae se, Awurade, wɔn nyinaa nim pefee mekɔɔ hyiadan mu kɔkyekyeree asuafo boroo wɔn. 20 Saa ara na bere a wokum wo dansefo Stefano no, na mewɔ bi. Mepenee ne kum no so, hwɛɛ awudifo no ntama so.

21 "Awurade ka kyerɛɛ me se, Sɔre na , efisɛ mɛsoma wo akɔ akyirikyiri, amanamanmufo nkyɛn!’ "

22 Bere a Paulo kae se wɔasoma no amanamanmufo nkyɛn na dɔm no fii ase teɛteɛɛ mu dennen se, "Munkum no! Ɔmfata ɔtena wiase!"

23 Nnipa no kɔɔ so teɛteɛɛ mu, hugyaa wɔn ntama saw mfutuma tow petee wim. 24 Roma sahene no hyɛɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu nkɔbɔ no mmaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka nea enti a nnipa no nyinaa mpɛ wotie nʼasɛm no. 25 Bere a wɔkyekyeree no wiee a wɔrebɛbɔ no mmaa no, Paulo bisaa ɔsraani panyin a na ogyina no se, "Mowɔ ho kwan mobɔ Romani a wonnii nʼasɛm mmuu no no mmaa ana?"

26 Bere a ɔsraani panyin no tee saa asɛm no, ɔkɔɔ ɔsahene no nkyɛn kobisaa no se, "Dɛn na wopɛ woyɛ yi? Onipa no Romani!"

27 Afei ɔsahene no kɔɔ Paulo nkyɛn kobisaa no se, "Woyɛ Romani ana?"

Paulo buaa no se, "Yiw meyɛ Romani."

28 Ɔsahene no kae se, "Mituaa sika bebree na mede tɔɔ me Roma maniyɛ."

Paulo nso kae se, "Me de, wɔwoo me Romani."

29 Ntɛm ara, nnipa a na wɔrebebisa Paulo nsɛm no twee wɔn ho fii ne nkyɛn. Ɔsafohene no tee Paulo Romani no, osuroe wama wɔagu Paulo nkɔnsɔnkɔnsɔn.

Paulo Gyina Asennii

30 Esiane na ɔsafohene no ohu nea enti a Yudafo no asɔre atia Paulo no nti, ade kyee no, ɔhyɛ ma woyii Paulo fii nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Ɔmaa asɔfo mpanyin ne agyinatufo no nyinaa hyiae. Afei ɔde Paulo kɔɔ se wɔnhwehwɛ nʼasɛm no mu.

Veja também