Pular para o conteúdo
Publicidade

Asomafo 28

Yedu Malta

1 Yeduu mpoano no, ankyɛ na yehuu yɛwɔ supɔw Malta so. 2 Supɔw no sofo no gyee yɛn fɛw so. Esiane na osu atɔ ama awɔw aba nti, wɔsɔɔ ogya ma yɛtoe. 3 Paulo bubuu mmabaa ɔde regu ogya no mu. Ɔde regu mu no, ɔwɔ bi a ogya no hyew aka no no bebaree ne nsa ho. 4 Supɔw no sofo no huu ɔwɔ no ɔbebare ne nsa ho no, wɔkae se, "Saa onipa yi owudifo a wanya ne ti adidi mu po akwanhyia mu, nanso esiane ne bɔne nti owu ara na etwa owu." 5 Paulo petee ɔwɔ no too ogya no mu a hwee anyɛ no. 6 Na nkurɔfo no nyinaa susuw Paulo bɛhonhon anaasɛ obetwa ahwe awu. Nanso wɔtwɛn ara a biribiara anyɛ no no, wɔsakraa wɔn adwene kae se, "Ɔyɛ onyame bi."

7 Na ɔpanyin a ɔhwɛ supɔw no so a wɔfrɛ no Publio no fi bɛn mpoano ; ogyee yɛn fɛw so som yɛn hɔho nnansa. 8 Saa bere no ara na Publio agya yare atiridii ne konkoruwa a aka no ato . Paulo kɔɔ ɔdan a na ɔda mu no mu de ne nsa guu no so, bɔɔ mpae maa ne ho yɛɛ no den. 9 Nea Paulo yɛe no maa ayarefo a wɔwɔ supɔw no so no nyinaa baa ne nkyɛn ma ɔsaa wɔn yare. 10 Wɔmaa yɛn akyɛde bebree. Yɛrebefi akɔ no nso wɔde biribiara a ɛho hia yɛn no beguu hyɛn no mu maa yɛn.

Yefi Malta Kodu Roma

11 Yedii asram abiɛsa supɔw no so ansa na yenyaa hyɛn bi a efi Aleksandria a ne nsɛnkyerɛnne eti abien a egyina ma anyame baanu bi. Na saa hyɛn no abedi awɔwbere no supɔw no so. 12 Yeduu Sidarakusa no, yedii nnansa . 13 Yefi toaa so koduu Regio. Ade kyee no, mframa bi fii anafo fam ma nnaanu akyi no yekoduu Puteoli. 14 Ɛha na yehyiaa agyidifo bi a wɔsrɛɛ yɛn se yɛntena wɔn nkyɛn nnaawɔtwe. Ɛno akyi no, yɛtoaa so koduu Roma. 15 Anuanom a wɔwɔ Roma no tee yɛn nka yɛreba no, ebinom behyiaa yɛn kwan aguabɔbea a ɛwɔ Apia kwan no so na afoforo nso hyiaa yɛn ahɔhobea bi a wɔfrɛ no Ahɔhodan Abiɛsa no. Bere a Paulo huu wɔn no, ne ho san no na ɔdaa Onyankopɔn ase. 16 Yeduu Roma no, wɔmaa Paulo ho kwan ɔnkɔtena baabiara a ɔpɛ na ɔsraani bi nwɛn no.

17 Nnansa akyi no, Paulo frɛɛ Yudafo mpanyin ne wɔn hyiae. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Anuanom, ɛwɔ mu manyɛ bɔne biara antia yɛn man ne yɛn amanne a yɛn agyanom de gyaw yɛn no de, nanso wɔkyeree me odeduani Yerusalem de me hyɛɛ Romafo nsa. 18 Wobisaa me nsɛm pɛɛ wogyaa me, efisɛ wɔannya afɔbude bi me ho a ɛno nti ɛsɛ wogyina so kum me. 19 Nanso bere a Yudafo kasatia gyae a wɔpɛ wogyaa me no, mihuu ɛsɛ miguan toa Kaesare. Ɛnyɛ me nkurɔfo ho adwemmɔne a mewɔ nti na meyɛɛ saa. 20 Eyi nti na mepɛɛ mihu mo na me ne mo kasa no; na onipa a Israelfo ani da no so no nti na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu me yi."

21 Wobuaa Paulo se, "Yennyaa nhoma biara a efi Yudea a ɛfa wo ho na yɛntee wo ho asɛmmɔne biara nso mfii anuanom a wofi ba ha no nso nkyɛn. 22 Nanso yɛpɛ yehu wʼadwene, efisɛ yenim nnipa kasa tia Kristofo a wo nso woka wɔn ho no baabiara."

Paulo Asɛnka Roma

23 Wɔhyɛɛ da bi wobehyia Paulo. Saa da no dui no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn faako a ɔte no. Ɔkaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifo no kae no so kaa Yesu ho asɛm fi anɔpa kosii anadwo kyerɛɛ wɔn pɛɛ ɔdan wɔn adwene. 24 Nnipa no bi gyee Paulo asɛm a ɔkae no dii na bi nso annye anni. 25 Bere a wɔregyigye wɔn ho wɔn ho akyinnye no, wofii kɔe. Na asɛm a etwa to a Paulo kae ne , "Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom se,

26 "Monkɔka asɛm yi nkyerɛ Yudafo se,

Ɔte de mobɛte, nanso morente ase.

Ɔhwɛ de mobɛhwɛ, nanso morenhu,

27 efisɛ nnipa yi apirim wɔn koma;

moasisiw mo aso, akatakata mo ani.

Ɛnyɛ saa a, anka mo ani behu ade,

na mo koma ate asɛm ase,

na moanu mo ho asan aba me nkyɛn, na masa mo yare."

28 Paulo kae se, "Ɛsɛ muhu Onyankopɔn nkwagye no adu amanamanmufo no nkyɛn. Wobetie!" 29 Paulo kaa saa asɛm yi wiei no, Yudafo no fii kɔe a na wɔregyigye wɔn ho wɔn ho akyinnye denneennen.

30 Paulo tenaa mfe abien, a na ɔte ofi a ɔno ankasa tua ho ka mu, na nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. 31 Na ɔde akokoduru kaa Onyankopɔn Ahenni no ne Awurade Yesu Kristo ho asɛm.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também