Pular para o conteúdo
Publicidade

Asomafo 21

Paulo Yerusalem

1 Yɛne Efeso asafo mpanyimfo no dii ntetewmu no, yesii mu nam asu ani tee kɔɔ Ko. Ade kyee no, yekoduu Rodo na yefii kɔɔ Patara. 2 Yenyaa hyɛn bi a ɛrekɔ Foinike kɔtenaa mu kɔe. 3 Yeduu baabi a yɛn ani tua Kipro no, yetwaa ho benkum fam kɔɔ Siria. Yesii fam Tiro, efisɛ na ɛhɔ na wɔrekoyi hyɛn no mu nneɛma. 4 Yehuu asuafo bi tenaa wɔn nkyɛn dii nnaawɔtwe. Asuafo no nam Honhom Kronkron adiyi so bɔɔ Paulo kɔkɔ ɔnkɔ Yerusalem. 5 Nanso bere duu ɛsɛ yefi no, yegyaw wɔn kɔe. Asuafo no nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma kogyaa yɛn kwan koduu mpoano. Yeduu no yɛn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae. 6 Afei yɛkrakraa yɛn ho yɛn ho wiei no, yɛkɔtenaa hyɛn no mu maa wɔn nso san kɔɔ fie.

7 Yefi Tiro no, yɛtoaa yɛn akwantu no so faa nsu ani koduu Ptolemai. Yeduu no yekokyiaa asuafo a wɔwɔ no dii wɔn nkyɛn da koro. 8 Yefii nʼadekyee so kɔɔ Kaesarea kɔtenaa ɔsɛmpakafo Filipo a na ɔka mmarima baason a woyii wɔn Yerusalem no ho no fi. 9 Na Filipo mmabea baanan a wɔnwaree ɛ, na wɔhyɛ nkɔm.

10 Yɛtenaa kyɛɛ kakra no, odiyifo bi a wɔfrɛ no Agabo fii Yudea baa . 11 Ɔbaa faako a yɛwɔ no, ɔfaa Paulo abɔso de kyekyeree ne nan ne ne nsa kae se, "Asɛm a Honhom Kronkron ka ni, Sɛnea Yudafo a wɔwɔ Yerusalem no bɛkyekyere onipa a abɔso yi ne dea no, na wɔde no ahyɛ amanamanmufo no nsa ni!’ "

12 Yɛtee saa asɛm no, yɛne wɔn a na yɛne wɔn no nyinaa srɛɛ Paulo ɔnnkɔ Yerusalem. 13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Osu a musu de rehyɛ me awerɛhow yi ase ne dɛn? Me de, masiesie me ho ɛnyɛ kyekyere a wɔbɛkyekyere me Yerusalem no na misuro, na etwa miwu ma Awurade Yesu a, mewu." 14 Yɛkae kae a wampene no yegyae kae se, "Nea Awurade na ɛnyɛ."

15 Nna bi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho fii kɔɔ Yerusalem. 16 Kaesarea asuafo no bi ne yɛn kɔe. Yeduu no, yɛkɔsoɛɛ Mnason a ofi Kipro a ogyee Yesu Kristo dii akyɛ no fi.

Paulo Kɔsra Yakobo

17 Yeduu Yerusalem no, asuafo a wɔwɔ no nyinaa gyee yɛn ɔfɛw so. 18 Ade kyee no, Paulo ne yɛn kokyia Yakobo ne Yerusalem asafo no mu mpanyimfo. 19 Nkyia no akyi no, Paulo kaa biribiara a Onyankopɔn nam ne som no so ayɛ amanamanmufo no mu no kyerɛɛ wɔn.

20 Wotiee Paulo amanneɛbɔ no wiei no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Na wɔka kyerɛɛ no se, "Onua, wʼankasa wudi adanse Yudafo mpempem na na wɔabɛyɛ asuafo a wɔn nyinaa nso di yɛn mmara no so. 21 Saa nnipa yi ate wutia Mose mmara no ne Yudafo amanne; ɛne , wokyerɛkyerɛ Yudafo a wɔte amanamanmufo no mu se wonntwa wɔn mma twetia na wonnni yɛn amanne nso so. 22 Nea ɛbɛyɛ biara, wɔbɛte woaba ha. Enti yɛbɛyɛ no dɛn? 23 nea yɛrebɛka akyerɛ wo yi. Mmarima baanan bi yɛn nkyɛn ha a, wɔaka ntam. 24 Wo ne wɔn nkɔ na munkodwira mo ho na tua ho ka ma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi atwitwa wɔn tinwi. Eyi bɛma obiara ahu nsɛm a wɔte faa wo ho no mu biara nyɛ nokware, efisɛ wʼankasa mpo wudi Mose mmara no so. 25 Amanamanmufo a wɔabɛyɛ asuafo no de, wɔakyerɛw akɔma wɔn akyerɛ gyinae a yɛasi , wonnni aduan biara a wɔde abɔ afɔre ama abosom; wonnni mogya; wonnni aboa biara a wɔantwa ne mene ansa na owui; na afei nso wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho."

26 Ade kyee no, Paulo ne mmarima no kodwiraa wɔn ho. Ɔne wɔn kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛɛ da a wobewie wɔn ahodwira no ne da a wɔbɛbɔ afɔre ama wɔn mmaako mmaako.

Wɔkyere Paulo

27 Nnanson no reyɛ atwam no, Yudafo bi a wofi Asia huu Paulo asɔredan no mu. Wɔhwanyan nnipa a wɔwɔ no nyinaa ma wɔkyeree Paulo. 28 Wɔteɛteɛɛ mu se, "Israel mmarima, monsɔre mmɛboa yɛn! Oyi ne ɔbarima a baabiara a ɔbɛkɔ no ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so tia Israelfo, Mose mmara ne asɔredan yi. Mpo ɔde amanamanmufo bi aba ha de agu Kronkronbea ha ho fi." 29 Nea enti a wɔkaa saa asɛm yi ne , na wɔahu Paulo ne Efesoni Trofimo kurom , enti na wosusuw Paulo de no akɔ asɔredan mu .

30 Wɔtee saa no, kurow mu no nyinaa bɔɔ twi kɔkyeree Paulo, twee no fii asɔredan no mu . Wɔtotoo asɔredan no apon no nyinaa mu ntɛm so. 31 Bere a dɔm no pɛɛ wokum Paulo no, obi kɔka kyerɛɛ Roma asraafo sahene no se basabasa asi Yerusalem. 32 Amono mu ara ɔsahene no ne asraafo mpanyin bi ne asraafo bi de ahoɔhare kɔɔ nea dɔm no ahyia . Bere a nnipa no huu no ne asraafo no, wogyaee Paulo hwe.

33 Ɔsahene no kosoo Paulo mu, kyerɛɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn abien ngu no. Afei obisae se, "Hena ne saa ɔbarima yi? Bɔne bɛn na wayɛ?" 34 Nnipa no ano antumi ankɔ bɛnkoro; ebinom ka sɛɛ a, na afoforo nso aka sɛɛ. Saa basabasa yi amma ɔsahene no antumi anhu asɛm pɔtee a asi. Ɛno nti, ɔhyɛɛ nʼasraafo no wɔmfa Paulo nkɔ aban mu. 35 Wɔde Paulo duu atrapoe no ano no, dɔm no toaa no enti asraafo no maa no so kɔe. 36 Dɔm no tu dii wɔn akyi teɛteɛɛ mu se, "Munkum no!"

Paulo Yi Ne Ho Ano

37 Wɔde Paulo rekɔ aban mu no, obisaa ɔsahene no se, "Mesrɛ wo, metumi aka asɛm bi akyerɛ wo ana?"

Ɔsahene no nso bisaa no se, "Enti, wote Hela kasa? 38 Ɛnyɛ wo ne Misraimni a da bi ofii basabasayɛ ase dii mmarima awudifo mpem anan anim kɔɔ sare so no?"

39 Paulo buaa no se, "Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso; Kilikia kurow a agye din no mu nipa ne me. Mesrɛ wo, ma me ho kwan na me ne nnipa no nkasa."

40 Ɔsahene no maa Paulo kwan ma ogyinaa atrapoe no so nyamaa nnipa no. Wɔyɛɛ komm no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn Arameike kasa mu se:

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também