Pular para o conteúdo
Publicidade

Asomafo 25

Festo Di Paulo Asɛm

1 Festo besii Felike anan mu amrado Kaesarea no, ne nnansa so no ɔkɔɔ Yerusalem. 2 Asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no bɛtoo nʼanim. 3 Esiane na wɔabɔ Paulo ho pɔw wɔbɛtɛw no ɔkwan so akum no nti, wɔsrɛɛ no wɔmma wɔmfa no mmra Yerusalem. 4 Nanso Festo buaa wɔn se, esiane Paulo da afiase Kaesarea na ɛrenkyɛ biara ɔno ankasa bɛkɔ nti, 5 wɔn a wodi asɛm no anim no ne no nkɔ nkodi asɛm no .

6 Festo dii bɛyɛ nnaawɔtwe anaa nnafua du ansa na ɔresan aba Kaesarea. Obeduu adekyee no, ɔtenaa agua mu dii Paulo asɛm. 7 Bere a Paulo beduu asennii no, Yudafo a wofi Yerusalem no twaa ne ho hyiae fii ase kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokware too no so.

8 Paulo yii ne ho ano se, "Minni biribiara ho , efisɛ menkasa ntiaa Yudafo mmara; minguu asɔredan ho fi, na menkasa ntiaa Roma aban nso."

9 Esiane na Festo ɔsɔ Yudafo no ani nti obisaa Paulo se, "Wopɛ mede wo Yerusalem kodi wʼasɛm ana?"

10 Paulo buae se, "Esiane Ɔhempɔn Kaesare asennii na migyina nti, ɛha ara na ɛsɛ wodi mʼasɛm, bu me atɛn efisɛ menyɛɛ Yudafo bɔne biara sɛnea wo ara wunim no. 11 mabu mmara so anaa mayɛ biribiara a ɛno nti ɛsɛ wobu me kumfɔ a, minsuro. Nanso nsɛm a saa Yudafo yi ka tia me no nyɛ nokware a, obiara rentumi mfa me mma wɔn. Miguan toa Ɔhempɔn Kaesare."

12 Festo ne ne mpanyimfo tuu agyina wiei no, ɔka kyerɛɛ Paulo se, "Esiane woaguan atoa Ɔhempɔn Kaesare no nti yɛde wo bɛkɔ nʼanim."

Paulo Ho Nkɔmmɔdi

13 Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛmaa Festo akwaaba. 14 Wɔwɔ no, Festo ne Ɔhene Agripa dii Paulo asɛm no ho nkɔmmɔ. Festo ka kyerɛɛ ɔhene no se, "Ɔbarima bi ha a Felike gyaw no odeduani; 15 na mekɔɔ Yerusalem no, Yudafo asɔfo mpanyimfo ne mpanyin kaa nsɛm bi tiaa no minnyina so mmu no kumfɔ.

16 "Nanso meka kyerɛɛ wɔn se, Roma mmara mma ho kwan wobu obi bere a wonnii nʼasɛm ɛ, enti wɔmma no kwan na onyi ne ho ano asɛm a wɔka tia no no ho. 17 Wɔbae no mansɛe bere koraa na ade kyee no, mehyɛɛ wɔmfa no mmra na minni nʼasɛm. 18 Nanso wɔanka nsɛm a misusuwii no mu biara anto no so. 19 Nsɛm a wɔkaa no fa wɔn nyamesom ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a owui nanso Paulo ka se ɔte ase no ho. 20 Esiane na asɛm no kyere mʼadwene nti, mibisaa Paulo ɔpɛ mikodi nʼasɛm Yerusalem ana? 21 Nanso Paulo guan toaa Ɔhempɔn Kaesare. Enti mesan ma wɔde no kɔtoo afiase kosi bere a metumi de no akɔ Ɔhempɔn Kaesare anim."

22 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo se, "Mepɛ mʼankasa mitie nʼanom asɛm."

Festo ka kyerɛɛ no se, "Ɔkyena mede no bɛba na woatie nʼanom asɛm."

Paulo Gyina Ɔhene Agripa Anim

23 Ade kyee no Ɔhene Agripa ne Berenike hyehyɛɛ wɔn ho de ahokeka ne asraafo mpanyimfo ne kurow no mu mpanyin kɔɔ asennii . Festo hyɛ ma wɔde Paulo baa asennii . 24 Festo kae se, "Ɔhene Agripa ne mo a moahyia ha nyinaa, saa ɔbarima yi na Yudafo a wɔwɔ ha ne Yerusalemfo aka nsɛm atia no, de no abrɛ me mimmu no kumfɔ no, 25 nanso mannya asɛm biara annyina so a mede bebu no kumfɔ. Esiane ɔno ankasa guan toaa Ɔhempɔn Kaesare no nti, mayɛ mʼadwene mede no bɛkɔ nʼanim. 26 Esiane minni asɛm pɔtee bi a mɛkyerɛw akɔma Ɔhempɔn Kaesare nti, na mede no aba wo, Ɔhene Agripa anim se wuwie wo nhwehwɛmuyɛ a manya biribi agyina so de akyerɛw ne ho asɛm. 27 Minnye nni ntease mu mede odeduani bɛkɔ nʼanim a menkyerɛw biribi pɔtee bi a etia no!"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também