Pular para o conteúdo
Publicidade

Asomafo 23

1 Paulo hwɛɛ agyinatufo no dinn kae se, "Anuanom, ahonim pa na mede ayɛ Onyankopɔn adwuma de abesi nnɛ da yi." 2 Anania a na ɔyɛ Ɔsɔfopanyin no hyɛɛ nnipa a na wogyina Paulo ho no se wɔmmɔ nʼano so. 3 Paulo ka kyerɛɛ no se, "Wo a wote ɔfasu a wɔasra ho fitaa, Onyankopɔn bɛbɔ wo. Wote ha de mmara rebu me atɛn, nanso wubu mmara no so hyɛ wɔmmɔ me!"

4 Nnipa a na wogyina Paulo nkyɛn no bisaa no se, "Sɛɛ na ɛsɛ wokasa kyerɛ Onyankopɔn sɔfopanyin?"

5 Paulo buaa wɔn se, "Anuanom, minnim ɔyɛ Ɔsɔfopanyin. Kyerɛwsɛm no ka se, Monnkasa ntia wɔn a wodi mo so.’ "

6 Bere a Paulo huu nnipa no bi Sadukifo na bi Farisifo no, ɔteɛɛ mu agyinatufo no anim se, "Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofo Farisifo. Gyidi a mewɔ awufosɔre mu no nti na migyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi." 7 Asɛm a Paulo kae yi maa ntawntaw sii Farisifo ne Sadukifo no ntam maa wɔn mu kyɛɛ abien 8 efisɛ na Sadukifo no nnye owusɔre, abɔfo ne honhom nni. Nanso Farisifo no de, wogye saa nneɛma abiɛsa no di.

9 Nteɛteɛmu no kɔɔ so kosii Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu bi a wɔyɛ Farisifo no sɔre gyinaa kae se, "Yenhu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no!" 10 Akasakasa no mu yɛɛ den maa ɔsafohene no suroo anhwɛ a wɔbɛtetew Paulo mu; ɛno nti ɔhyɛɛ nʼasraafo , wɔnkɔ nnipa no mu na wonkogye Paulo mfi wɔn nsam mfa no nkɔ aban mu.

11 Anadwo no, Awurade begyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no se, "Nsuro! Sɛnea woadi me ho adanse Yerusalem ha no, saa ara nso na kodi me ho adanse Roma."

Wɔbɔ Paulo Ho Pɔw

12 Ade kyee no, Yudafo bi hyia kaa ntam, dii nsew wɔrennidi na wɔrennom nso kosi wobekum Paulo. 13 Na saa nnipa no dodow bɛboro aduanan. 14 Afei wɔkɔɔ asɔfo mpanyin ne mpanyin no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, "Yɛaka ntam adi nsew hwee renka yɛn ano kosi yebekum Paulo. 15 Mo ne agyinatufo no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka se, mopɛ mubisa nea Paulo ayɛ no mu yiye enti ɔmma wɔmfa no mmra mo anim. Ansa na wɔde no bedu no na yɛakum no dedaw."

16 Nanso Paulo wɔfaase bi tee pɔw a wɔabɔ no nti ɔkɔɔ aban mu kɔbɔɔ Paulo amanneɛ.

17 Paulo frɛɛ asraafo mpanyin no mu baako ka kyerɛɛ no se, "Wo ne aberante yi nkɔ ɔsahene no nkyɛn efisɛ ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no." 18 Ɔsraani panyin no ne aberante no kɔɔ ɔsahene no nkyɛn.

Woduu no, ɔka kyerɛɛ ɔsahene no se, "Paulo a ɔda afiase no asoma me memfa aberante yi mmehu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo."

19 Ɔsahene no soo aberante no nsa de no kogyinaa nkyɛn baabi bisaa no se, "Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?"

20 Aberante no ka kyerɛɛ no se, "Yudafo mpanyin no abɔ pɔw ɔkyena wɔbɛhyɛ da abɛsrɛ wo na woama wɔde Paulo abrɛ agyinatufo no wɔrebebisa no ne nsɛm no mu yiye. 21 Mma wɔnnaadaa wo. Efisɛ mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam adi nsew wɔremfa hwee nka wɔn ano kosi wobenya Paulo akum no no bɛtetew no ɔkwan so. Nea wɔretwɛn ara ne wobɛma ho kwan."

22 Ɔsafohene no gyaa aberante no kwan ka kyerɛɛ no se, "Nka nkyerɛ obiara woabɛka asɛm biara akyerɛ me."

Wɔde Paulo Kaesarea

23 Ɔsahene no frɛɛ nʼasraafo mpanyimfo baanu ka kyerɛɛ wɔn se, "Mompɛ asraafo ahannu ne apɔnkɔsotefo ne mpeawkurafo ahannu na mumfi ha anadwo nnɔnkron yi ara nkɔ Kaesarea. 24 Mompɛ ɔpɔnkɔ mma Paulo na momfa no nkɔma Amrado Felike dwoodwoo."

25 Afei, ɔsahene no kyerɛw nhoma a emu nsɛm ka se:

26 Me Klaudio Lisia a

Merekyerɛw wo Onuonyamfo Amrado Felike saa nhoma yi:

Kyia wo!

27 Yudafo kyeree saa ɔbarima yi a anka wɔrekum no, nanso metee ɔyɛ Romani no, me ne mʼasraafo kogyee no fii wɔn nsam. 28 Mepɛɛ mihu bɔne ko a wayɛ, enti mede no kɔmaa wɔn agyinatufo no. 29 Mihui ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ wogyina so kum no anaasɛ wɔde no to afiase. Asɛm a wɔka too ne so no fa wɔn mmara ho. 30 Ɛno nti bere a metee Yudafo bi abɔ ne ho pɔw wɔbɛtɛw no akum no no, meyɛɛ mʼadwene mede no bɛbrɛ wo. Maka akyerɛ wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia no no , wɔmmra wʼanim mmɛka.

31 Asraafo no yɛɛ biribiara a wɔhyɛɛ wɔn wɔnyɛ no. Anadwo no ara wɔde Paulo kɔɔ Antipatri. 32 Ade kyee no asraafo a wɔnam fam no san wɔn akyi, na wɔn a wɔte apɔnkɔ so no toaa so kɔɔ Kaesarea. 33 Woduu no wɔde nhoma no maa Amrado no de Paulo hyɛɛ ne nsa. 34 Amrado no kenkan nhoma no wiee no obisaa Paulo ɔman ko a ofi mu. Ɔtee ofi Kilikia no, 35 ɔkae se, "Wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia wo no ba a na metie wʼasɛm." Afei ɔhyɛe se wɔmfa Paulo nkɔ Herode ahemfi na asraafo nwɛn no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também