Pular para o conteúdo
Publicidade

Bíblia

Por Bíblia Online

A Bíblia é a Palavra de Deus — viva, eficaz e mais cortante que espada de dois gumes. Toda Escritura é inspirada por Deus e útil para ensinar, repreender, corrigir e instruir em justiça.

Inspiração divina

Toda Escritura é inspirada por Deus. Homens santos falaram da parte de Deus movidos pelo Espírito Santo.

Kyerɛwsɛm nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyi, ateɛteɛ ne trenee mu yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛyɛ nea wɔasiesie no yiye ama nnwuma pa nyinaa.

na wokae nso efi wo mmofraase na woahu Kyerɛwsɛm no a etumi ma wuhu nyansa, na ɛma wunya gyidi Kristo Yesu mu, na egye wo nkwa. Kyerɛwsɛm nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyi, ateɛteɛ ne trenee mu yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛyɛ nea wɔasiesie no yiye ama nnwuma pa nyinaa.

Eyinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni a ɔnam nʼankasa so betumi akyerɛ Kyerɛwsɛm mu nkɔmhyɛ ase. Na nkɔmhyɛ biara mfi onipa mu, na mmom, Honhom Kronkron tumi mu na nnipa ka asɛm a efi Onyankopɔn.

mmɔden wobɛyɛ odwumayɛni a womfɛre Onyankopɔn adwuma no ho, na kyerɛ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.

ka asɛm no, na bere biara gyina ne ka mu dennen yi ntɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ boasetɔ mu.

Nya adagyew kenkan Kyerɛwsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.

Poder da Palavra

A Palavra de Deus é viva e eficaz. O céu e a terra passarão, mas as minhas palavras jamais passarão.

Onyankopɔn asɛm) nkwa, na ahoɔden mu. Ɛyɛ nnam sen afoa anofanu. Ehwirew mu kosi ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔw so ne hon mu. Ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.

Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛbɛtena daa.

Yesu buaa no se, "Wɔakyerɛw se, Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa nʼasetena mu, na mmom asɛm biara a efi Awurade anom.’ "

Sɛnea osu ne sukyerɛmma

fi soro gu fam,

na wɔnnsan nkɔ bio

bere a ɛmfɔw asase

mma enguu nhwiren mpaee,

sɛnea ɛbɛsow aba ama ogufo ne aduan ama odifo no,

saa ara na mʼasɛm a efi mʼanom no te:

Ɛrensan mma me nkyɛn kwa.

Mmom ɛbɛyɛ nea mepɛ

na awie botae a ɛno nti mesomaa no.

Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokware no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛntew wɔn ho mma ɛnyɛ wɔn kronkron.

Musua Kyerɛwsɛm no, efisɛ mugye di ɛno na ɛbɛma moanya nkwa a enni awiei. Nanso saa Kyerɛwsɛm koro no ara di me ho adanse!

nanso Awurade asɛm no daa nyinaa."

Eyi ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo.

Awurade Mmara Ho Osetie

Aberante bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho atew?

Ɛsɛ odi wʼasɛm so.

Wo nsɛm nyinaa nokware;

na wo mmara a ɛteɛ no to rentwa da.Awurade

Estudar e pregar

Os bereanos examinavam as Escrituras diariamente. Procura apresentar-te a Deus aprovado como obreiro que maneja bem a Palavra.

Na nnipa a wɔwɔ no nyɛ akyinnyegyefo te Tesalonikafo no. Wɔde ahosɛpɛw gyee asɛm no dii a daa na wosua Kyerɛwsɛm no pɛɛ wohu nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no nokware ana.

Sɛnea Paulo taa no, ɔkɔɔ hyiadan mu mprɛnsa ne nnipa no gyee akyinnye Kyerɛwsɛm no ho, kyerɛɛ mu, dii adanse , ɛsɛ Agyenkwa no hu amane na ɔsɔre fi awufo mu. Paulo kae se, "Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no."

Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee ɔrekenkan Odiyifo Yesaia nhoma no, obisaa se, "Wote nea worekenkan yi ase ana?"

Piamni no buaa no se, "Mɛyɛ dɛn na mate ase? Gye obi kyerɛ me ase." Afei ɔka kyerɛɛ Filipo se ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn ne teaseɛnam no mu.

Na piamni no rekenkan saa Kyerɛwsɛm yi:

"Ɔte oguamma a wɔrekokum no.

Sɛnea oguamma komm ne nwitwitwafo anim no,

saa ara na wammue nʼano.

Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho no kyerɛɛ no.

Efisɛ na Ɛsra asi nʼadwene pi , obesua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfo saa mmara no.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Adwenharefo a munni gyidi; ɛyɛ mo den mubegye nea adiyifo no aka no nyinaa adi. Wɔanhyɛ ho nkɔm se, ɛsɛ Kristo no behu amane ansa na wakɔ nʼanuonyam mu ana?" Na ofii Mose ne adiyifo no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho Kyerɛwsɛm no mu no nyinaa ase.

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn , wonni nea mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei."

Monkɔka nkyerɛ wɔn se, Onyankopɔn Ahenni no abɛn!

Revelação e fidelidade

A Palavra do Senhor veio aos profetas. A graça de Deus se manifestou na Escritura para a salvação de todos.

Elia Ne Sarefat Ɔbea Kunafo No

Na Awurade ka kyerɛɛ Elia se,

Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoel so ni.

Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se:

Nkɔmhyɛ nsɛm a Awurade nam Odiyifo Malaki so de maa Israel.

Na Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn bio:

Na saa asɛm yi fii Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia se,

Awurade Adom Afe

Otumfo Awurade Honhom me so,

efisɛ, wɔafrɛ me

memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo.

Wasoma me se, menkɔkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ,

se mempae mu nka ahofadi nkyerɛ nnommum

na wonyi nneduafo mfi sum mu,

se mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm,

ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da.

Wasoma me se, menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ,

na memma wɔn a wodi awerɛhow Sion no nea wohia,

na menhyɛ wɔn ahenkyɛw fɛfɛ

nsi nsõ anan mu,

anigye ngo

nsi awerɛhowdi anan mu,

ayeyi atade

nsi abasamtu honhom anan mu.

Wɔbɛfrɛ wɔn trenee adum

nea Awurade adua

de ada nʼanuonyam adi.

Viver pela Palavra

Não só de pão vive o homem. Nada acrescentes nem diminuas. A Palavra é alimento, guia e espada do cristão.

"Onyankopɔn asɛm biara nokware;

ɔyɛ nkatabo ma wɔn a woguan toa no.

Mfa biribi nka nʼasɛm ho,

anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofo.

Awiei

Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no kɔkɔ se: obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotwe bɛka ne haw a wakyerɛ mu saa nhoma yi mu no ho. Na obi nso yi bi fi adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no mu a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa a obenya nkwa dua no ne kurow Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu nhoma yi mu no.

Mo ho me nwonwa mopɛ ntɛm po nea ɔfrɛɛ mo se montena Kristo adom mu no, kodi asɛmpa foforo a ɛnyɛ nokware asɛmpa koraa bi no akyi. Ɛda adi nnipa bi a wɔredan mo adwene wosiw Kristo Asɛmpa no ho kwan. Na yɛn, anaa ɔbɔfo fi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonoe da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbu a enni awiei mu. Yɛaka dedaw na mereti mu : Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye ato mu no abira no bɛkɔ afɔbu a enni awiei mu.

Monkae nhu Awurade ntoboase efisɛ ɔpɛ obiara nya nkwagye. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so kyerɛw mo no. Saa ɔkwan koro no ara so na ɔfa kyerɛw ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ogyina kyerɛwee. Wɔn a wonnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ nsɛm bi a ɛyɛ den ne nkrataa no mu no ase yiye. Saa ara na wɔyɛ Kyerɛwsɛm nkae no de ɔsɛe ba wɔn so no.

Biribiara a wɔakyerɛw Kyerɛwsɛm no mu no, wɔakyerɛw de kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Kyerɛwsɛm no de ma yɛn no so benya anidaso.

Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa benya gyidi Awurade mu na wɔabisa no nkwagye? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate? Gye obi ka kyerɛ wɔn. Na wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛnea wɔakyerɛw se, "Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no anan ."

Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛnea Yesaia kae se, "Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi?" Ɛno de, na gyidi no fi asɛm no tie mu, nea yɛte fi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu.

Mʼani nwu Asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidi nyinaa nkwa; Yudafo kan na amanamanmufo no nso. Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛnea Onyankopɔn ma yɛyɛ atreneefo, na ɛnam gyidi so na wama yɛayɛ saa. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, ɔtreneeni fi gyidi mu benya nkwa.

Ɛnyɛ wiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛnea ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa. Enti ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokware reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no. Nanso obi a onni Honhom no rentumi nnya akyɛde a efi Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente ase da biara da; ɔfa no nsɛm a aba nni mu, efisɛ wogyina Honhom no nko so na wobetumi anya ntease a ɛsɛ.

Enti Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ nnipa a wɔpɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hu no no renhu no da. Na mmom Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene wɔn a wogye asɛm a "aba nni mu" a yɛka no di no, obegye wɔn nkwa.

Yudafo hwehwɛ wohu nsɛnkyerɛnne, na Helafo nso hwehwɛ nyansa. Nanso yɛn de, yɛka Kristo wu a owui asennua no so no ho asɛm. Saa asɛm no Yudafo abufuw na ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufo; nanso Yudafo ne amanamanmufo a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa.

Kristo ansoma me se memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa a emfi nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a owui asennua no so no mu tumi anyɛ ɔkwa.

Na mo de, moyɛ nnipa a wɔapaw, asɔfodi mu adehye, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfo a wɔayi mo monka nʼanwonwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa nʼankasa hann nwonwaso no mu.

Seja o primeiro