Pular para o conteúdo
Publicidade

Bom ânimo

Por Bíblia Online

Tende bom ânimo! Jesus repetiu estas palavras aos seus discípulos em meio às tempestades. No mundo tereis aflições, mas Ele já venceu o mundo — e nos dá coragem para enfrentar tudo.

"Maka yeinom akyerɛ mo na moanya asomdwoeɛ me mu. Mobɛhunu amane ewiase. Nanso, monnyina pintinn! Madi ewiase so nkonim!"

Mehyɛ wo , den na nnam! Nsuro na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Onyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ."

Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafoɔ no , "Monnsuro na mommma mo abamu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, ɛfiri , Awurade rebɛyɛ yei atia mo atamfoɔ nyinaa."

Nsuro, na me ne wo ;

mma wʼabasam mmu, na mene wo Onyankopɔn.

Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo;

mede me tenenee nsa nifa bɛpagya wo.

Ɛfiri , Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ.

Ahoɔden a Kristo de ma me no enti, metumi gyina tebea biara ano.

Monhyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam,

mo a mowɔ anidasoɔ Awurade mu nyinaa.

Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so;

womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ.

Awurade ne me hann ne me nkwagyeɛ;

hwan na mensuro no?

Awurade ne me nkwa ahoɔden,

na hwan anim na me ho mpopoɔ?

Ntɛm ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Me a. Monnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!"

Wɔn nyinaa hunuu no.

Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Monnsuro!"

Yesu ka kyerɛɛ no , "Me ba, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den. Fa asomdwoeɛ ."

Yei enti, daa yɛwɔ akokoɔduru. Yɛnim mmerɛ dodoɔ a yɛwɔ saa onipadua yi mu no, ɛma yɛne Awurade fie kwan ware.

Afahyɛ no awieeɛ no, Salomo maa obiara kɔɔ ne kurom. Wɔn nyinaa ani gyeeɛ, ɛfiri , na Awurade ne Dawid, Salomo ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ adi no yie.

"Monyɛ den na momma mo bo nyɛ duru. Monnsuro Asiriahene anaa nʼakodɔm kɛseɛ no, na yɛwɔ tumi a ɛso yɛn afa.

wʼabamu go ɔhaw mu a,

na wʼahoɔden sua!

Anuanom, momma mo bo ntɔ mo yam, ɛfiri , megye Onyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me no bɛba mu pɛpɛɛpɛ.

Yei enti, megye di yie , Onyankopɔn a ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ saa adwuma pa yi mo mu no bɛkɔ so de akɔsi da a Yesu Kristo bɛba no.

Ɛwom , ebia, ɛsiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no enti, mo werɛ bɛho deɛ, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho.

Ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi Awurade

ɔne wɔn aban amanehunu berɛ mu.

Ɛfiri , mepere mehwehwɛ , mɛhunu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den. Deɛ mekyerɛ ne , me ne mo nyinaa bɛnya honhom mu ahoɔden ɛberɛ korɔ mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidie mu den.

Esiane yei enti, yɛn bo ntu. Ɛwom yɛn onipadua no reporɔ nkakrankakra deɛ, nanso yɛn honhom no deɛ, ɛsesa foforɔ da biara da.

Esiane saa enti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛdeɛ mogu so reyɛ yi.

Enti, yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran,

Na ɔman no buaa , "Yɛrempa Awurade akyi nkɔsom anyame foforɔ. Ɛfiri , Awurade, yɛn Onyankopɔn na ɔgyee yɛn ne yɛn agyanom firii nkoasom mu Misraim. Ɔyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ yɛn anim. Na yɛfaa ɛserɛ so yɛn atamfoɔ mu no, ɔbɔɔ yɛn ho ban.

Menim nhyehyɛeɛ a mewɔ ma mo," Awurade na ɔseɛ, "Nhyehyɛeɛ a ɛde mo bɛsi yie na ɛrenha mo, nhyehyɛeɛ a ɛbɛma mo anidasoɔ ne awieeɛ pa.

Seja o primeiro

Este artigo te tocou? Faça uma oração!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.