Pular para o conteúdo
Publicidade

Daniel 5

Fasuo Ho Atwerɛ

1 Mfeɛ bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too ɛpono kɛseɛ maa ne mpanimfoɔ apem, na ɔne wɔn nom nsã. 2 Ɛberɛ a nsã no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛɛ , wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase firii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛdeɛ ɔne ne mpanimfoɔ, ne yerenom ne ne mpenafoɔ bɛnom mu nsã. 3 Enti, wɔde saa sikakɔkɔɔ nkuruwa a wɔtase firii Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu no baeɛ, na ɔhene no ne ne mpanimfoɔ ne yerenom ne ne mpenafoɔ nom mu nsã. 4 Wɔrenom nsã no, wɔkamfoo wɔn ahoni a wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, dua ne aboɔ ayɛ no.

5 Amonom no ara, wɔhunuu , onipa nsateaa retwerɛ ɔhene ahemfie ɔfasuo no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛretwerɛ no, 6 na ehu maa nʼanim daneeɛ. Sɛdeɛ ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka boboom, na ne nan mu yɛɛ mmrɛ.

7 Ɔhene no teaam frɛɛ , wɔmfa pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ mmra nʼanim. Ɔka kyerɛɛ saa Babilonia anyansafoɔ yi , "Obiara a ɔbɛtumi akenkan atwerɛ yi, akyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no tam kɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa ahemman yi mu."

8 Nanso, ɔhene no anyansafoɔ no baeɛ no, wɔn mu biara antumi ankenkan atwerɛ no, ankyerɛ aseɛ amma ɔhene no. 9 Enti, ɛmaa ɔhene no ho yeraa no yie, na nʼanim sesaeɛ. Nʼaberempɔn nso ho yeraa wɔn.

10 Na ɛberɛ a Ɔhemmaa no tee ɔhene ne ne mpanimfoɔ nteateam no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ apontoɔ dan mu . Ɔka kyerɛɛ Belsasar , "Nana nkwa so! Nana nsuro na mma wʼanim nsesa! 11 Ɔbarima bi wʼahemman mu ha a ɔwɔ anyame kronkron sunsum ne mu. Wʼagya Nebukadnessar adedie mu no, wɔhunuu , saa ɔbarima yi nteaseɛ nhunumu ne nyansa te anyame no. Wʼagya Nebukadnessar sii no panin nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ so Babilonia. 12 Saa ɔbarima Daniel yi a ɔhene too no din Beltesasar yi adwene mu , na Onyankopɔn ho nimdeɛ ne nteaseɛ ahyɛ no ma. Ɔtumi kyerɛ daeɛ ne kasanyansa ase, na nsɛm a ɛkyere adwene no, ɔsane mu. Momfrɛ Daniel na ɔbɛkyerɛ mo atwerɛ no ase."

13 Enti, wɔkɔfaa Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene no bisaa no , "Wone Daniel no a mʼagya Nebukadnessar faa wo nnommum de wo firii Yuda baeɛ no? 14 Mate wo nka , wowɔ anyame sunsum wo mu, na nteaseɛ nhunumu ne nyansa ahyɛ wo ma. 15 Wɔde anyansafoɔ ne pɛadeɛhunufoɔ baa mʼanim wɔbɛkenkan atwerɛ a ɛgu ɔfasuo yi ho yi na wɔnkyerɛ me aseɛ, nanso wɔntumi. 16 Na mate wo nka wotumi kyerɛ nsɛm ase; na wosane nsɛm a ɛkyere adwene mu. Na wotumi kenkan atwerɛ a ɛwɔ ɔfasuo yi ho na wo kyerɛ me aseɛ a, wɔbɛfira wo ɔtankɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban bɛgu wo kɔn mu. Na wobɛyɛ ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa ahemman yi mu."

17 Daniel buaa ɔhene no , "Nana, mesrɛ, ma wʼakyɛdeɛ no ntena na fa wʼabasobɔdeɛ no ma obi foforɔ. Nanso, Nana, mɛkenkan atwerɛ no, na makyerɛ wo aseɛ.

18 "Nana, Ɔsorosoro Onyankopɔn maa wʼagya Nebukadnessar kɛseyɛ, animuonyam ne anidie. 19 Ɔyɛɛ no kɛse ara kɔsii , nnipa ahodoɔ nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara duru nʼanim a, wɔn ho popo biribiribiri. Ɔkunkumm wɔn a ɔpɛ ɔkunkum wɔn, ɛnna ɔgyaee wɔn a ɔpɛ ɔgyaa wɔn. Ɔhyɛɛ wɔn a ɔpɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no animuonyam, ɛnna wɔn a ɔpɛ ɔbrɛ wɔn ase no, ɔbrɛɛ wɔn ase. 20 Nanso, ahomasoɔ maa nʼakoma ne nʼadwene yɛɛ den no no, wɔyii no firii nʼahennwa so, sii no fam, gyee nʼanimuonyam no. 21 Wɔpamoo no firi nnipa mu. Wɔmaa no aboa adwene, na ɔne wiram mmoa tenaeɛ. Ɔwee ɛserɛ te nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ no kyaww kɔsii , afei ɔhunuu , sɛɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn na ɔdi ewiase ahemman nyinaa so, na ɔno ara nso na ɔyi obi a ɔpɛ ma ɔdi so.

22 "Nanso wo, ne ba Belsasar, wonim yeinom nyinaa, nanso woammrɛ wo ho ase. 23 Wama wo ho so atia Ɔsoro Awurade mmom. Woafa saa nkuruwa yi a ɛsisi wʼanim a wɔfa firii nʼasɔredan mu no. Wo ne wʼatitire ne wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsã, ɛberɛ a morekamfo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere, dadeɛ, dua ne ɛboɔ anyame a wɔnhunu adeɛ, na wɔnnte asɛm, na wɔnnim hwee koraa no. Na moamfa anidie amma Onyankopɔn a ɔkura mo nkwa na ɔdi mo hyɛberɛ so no. 24 Ne saa enti, Onyankopɔn asoma nsa yi , ɛmmɛtwerɛ nkra yi.

25 "Nkra a ɛtwerɛeɛ nie:

Mene, Mene, Tekel, Parsin.

26 "Saa nsɛm yi asekyerɛ nie:

"Mene asekyerɛ ne wɔakan. Onyankopɔn akan wʼahennie nna a aka na watwa so de aba nʼawieeɛ.

27 "Tekel asekyerɛ ne wɔakari. Wɔakari wo nsania so, nanso woantumi sɔhwɛ no.

28 "Parsin asekyerɛ ne wɔakyekyɛ mu. Wɔakyekyɛ wʼahemman mu ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ."

29 Afei, Belsasar ma wɔfiraa Daniel ɔtankɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, de sikakɔkɔɔ ntweaban guu ne kɔn mu. Wɔsoaa no , ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa ahemman no mu.

30 Saa anadwo no ara, wɔkumm Babiloniahene Belsasar. 31 Na Dario a ɔfiri Mede faa ahennie no a na wadi mfirinhyia aduosia mmienu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também