Pular para o conteúdo
Publicidade

O que é bom

Por Bíblia Online

O que é bom vem de Deus. A Bíblia celebra a bondade divina e nos convida a discernir, praticar e desfrutar tudo o que é bom — porque toda boa dádiva vem do Pai das luzes.

Onyankopɔn hwɛɛ nea wayɛ nyinaa huu ɛyɛ papa. Na ade sae, na ade kyee. Eyi ne da a ɛto so asia.

Awurade ye na ɔteɛ;

enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfo nʼakwan.

Nanso me de, minim eye wobɛbɛn Onyankopɔn.

Mede Otumfo Awurade ayɛ me guankɔbea;

mɛka wo nneyɛe nyinaa akyerɛ.

Eye wɔkamfo wo Awurade

na wɔto dwom de hyɛ wo anuonyam, Ɔsorosoroni,

na wɔpae mu ka wʼadɔe anɔpa

ne wo nokware anadwo,

hama du sanku so

ne sankuten nnwom mu.

Awurade ye; na nʼadɔe daa;

ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

Hwɛ oye a eye ne a ɛyɛ

anuanom mu tena faako!

Mema mo adesua a ɛkɔ anim,

enti munnnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.

Onipa a ɔma mmuae a ɛfata no ani gye,

asɛm a ɛba bere pa mu no nso ye.

Me ba, di ɛwo, efisɛ eye;

ɛwokyɛm mu wo wʼanom .

Hu nso nyansa wo kra ;

wunya a, wowɔ anidaso ma daakye,

na wʼanidaso renyɛ ɔkwa.

Nimdeɛ, ɛyɛ ade pa agyapade ara ,

so mfaso ma wɔn a wohu owia.

Awurade ye ma wɔn a wɔn anidaso ne mu,

onipa a ɔhwehwɛ no no;

Eye wɔyɛ komm

de twɛn Awurade nkwagye.

Ɔde nea eye akyerɛ wo, Ao onipa.

Na dɛn na Awurade hwehwɛ afi wo ?

adetrenee ne mmɔborɔhunu,

na wo ne wo Nyankopɔn nnantew ahobrɛase mu.

Nanso mmara no kronkron; na Mmaransɛm no nso kronkron, ɛteɛ na eye nso.

Monnyɛ mo ho wiasefo mo abrabɔ mu, na mmom momma Onyankopɔn nsakra mo adwene mo mu, na moanya adwene foforo, na ɛnam so ama moahu Onyankopɔn apɛde, nea eye, nea ɛsɔ nʼani ne nea ewie pɛyɛ.

Mma ade a wubu eye no nnye din bɔne.

Mpaebɔ Ho Akwankyerɛ

Mʼafotu ne , nea edi kan no mehyɛ mo monsrɛ, mommɔ mpae, mummisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa; monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoe mu onyamesom ne suban pa mu. Eyi ye, na ɛsɔ Onyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa a

Biribiara a Onyankopɔn abɔ no ye. Ɛnsɛ wɔpo biribiara, na mmom ɛsɛ wɔbɔ mpae gu ne nyinaa so. Efisɛ Onyankopɔn asɛm no ne mpaebɔ tew ho.

Akyɛde pa ne akyɛde a ɛyɛ nyinaa fi ɔsoro; efi Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sunsuma.

"Nkyene , nanso nkyene yera ne a, ɛso nni mfaso bio; wonte ne biribiara mu. Enti monnyera mo . Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu."

Seja o primeiro