Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 73

Asaf dwom.

1 Ampa ara Onyankopɔn ye ma Israel,

oye ma wɔn a wɔn koma mu tew.

2 Nanso me de, anka me nan reyɛ awatiri;

anka merehwere me nnyinaso,

3 efisɛ mʼani beree ahantanfo

bere a mihuu amumɔyɛfo yiyedi no.

4 Wonni aperepere;

na wɔwɔ ahoɔden ne apɔwmuden.

5 Dadwen a ɛtaa ba nnipa so biara nna wɔn so;

ɔdesani haw biara nna wɔn so.

6 Enti ahantan wɔn kɔnmuade,

na wofura akakabensɛm.

7 Wɔn koma a apirim no mu na nnebɔne fi;

na wɔn amumɔyɛ adwene nni awiei.

8 Wɔserew afoforo na wɔka wɔn ho nsɛm a enye;

wɔde nhyɛso hunahuna afoforo ahomaso mu.

9 Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm,

na wɔn tɛkrɛma agye asase afa.

10 Ɛno nti wɔn nkurɔfo wɔn nkyɛn

na wonya nsu nom ma ebu so.

11 Wobisa se, "Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahu?

Na Ɔsorosoroni no nhumu ana?"

12 Sɛɛ na amumɔyɛfo no te,

hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so ahonyade.

13 Ampa ara, mannya hwee amfi me komamtew mu;

me nsa a enni no ayɛ ɔkwa.

14 Da mu nyinaa mihu amane;

anɔpa biara wɔtwe mʼaso.

15 mekae se, "Mɛkasa saa" a,

anka midii wo mma no huammɔ.

16 Mebɔɔ mmɔden mɛte eyinom nyinaa ase,

nanso na ɛhyɛ me so

17 kosii mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea ;

ɛhɔ na metee nea awiei no ɛbɛba wɔn so no ase.

18 Ampa ara wode wɔn gu faako a toro

wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa.

19 Sɛnea wɔsɛe prɛko ,

na ehu hwim wɔn no.

20 Ɛte adaeso, bere a onipa anyan,

Awurade, wokanyan wo ho a,

wubebu wʼani agu wɔn so biribi a enni .

21 Bere a awerɛhow hyɛɛ me koma mu

na me honhom dii yaw no,

22 meyɛɛ obi a onnim hwee na onni adwene;

meyɛɛ aboa gyimfo wʼanim.

23 Nanso na me ne wo bere biara;

na wode wo nsa nifa aso me mu.

24 Wode wʼafotu kyerɛ me kwan;

na akyiri no, wode me bɛkɔ anuonyam mu.

25 Hena na mewɔ ɔsoro ka wo ho?

Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho.

26 Me honam, ne me koma bedi me huammɔ,

nanso Onyankopɔn ne me koma ahoɔden

ne me kyɛfa daa nyinaa.

27 Wɔn a wɔmmɛn wo no bɛyera.

Wosɛe wɔn a wonni wo nokware nyinaa.

28 Nanso me de, minim eye wobɛbɛn Onyankopɔn.

Mede Otumfo Awurade ayɛ me guankɔbea;

mɛka wo nneyɛe nyinaa akyerɛ.

Veja também