Pular para o conteúdo
Publicidade

A carne

Por Bíblia Online

A carne representa a natureza pecaminosa que milita contra o Espírito. A Bíblia ensina que os que pertencem a Cristo crucificaram a carne com suas paixões e desejos.

Carne versus Espírito

Os que são segundo a carne inclinam-se para as coisas da carne. O nascido da carne é carne; o nascido do Espírito é Espírito.

Wɔn a ɔhonam mmerɛwyɛ hyɛ wɔn so no dwene bɔne nko ara ho. Wɔn a wɔnam Honhom mu no dwene Honhom de. Wɔn a wɔwɔ ɔhonam mmerɛwyɛ adwene no bewu. Wɔn nso a wɔnam Honhom mu no benya nkwa ne asomdwoe. Adwene a ɛdwene ɔhonam mu no tan Onyankopɔn, efisɛ ɛmmrɛ ne ho ase mma Onyankopɔn mmara; na mpo ɛrentumi. Wɔn a wodwen ɔhonam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani.

Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnyɛ ɔhonam mmrɛwyɛ na edi mo so. Na obi nni Kristo Honhom a, ɔnyɛ Kristo dea.

Nkwa A Efi Honhom Mu

Enti afɔbu nni ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu, efisɛ Honhom Kronkron no ama mo nkwa a efi Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afi mmara a ɛde owu ba. Esiane ɔhonam mmerɛwyɛ nti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ nea Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔre maa yɛn, na obebuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne. Onyankopɔn yɛɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛde ama yɛn, yɛn a yɛnnantew ɔhonam fam, na mmom yɛnantew honhom mu no.

motena ase ma ɔhonam a, mubewu. Nanso moma Honhom no kum bɔne a nipadua no a, mubenya nkwa.

Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no Onyankopɔn mma.

Mmara no ama mahu biribi te me mu a ɛmma mennyɛ nea minim eye. Me koma nyinaa mu, migye Onyankopɔn mmara to mu. Nanso mifi mʼakwaa nyinaa mu hu biribi ne mʼadwene di aperepere, ɛma meyɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma meyɛ biribiara.

Bere a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔne su nam mmara no so kanyan yɛn yɛn mu ma yɛyɛɛ adwuma maa owu.

Nea wofi ɔhonam mu awo no no ɔhonam na nea wofi Honhom mu awo no no honhom.

Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi honhom na nkwa mu,

Vencer a carne

Andai no Espírito e não cumprireis os desejos da carne. Os que são de Cristo crucificaram a carne com suas paixões.

Honhom Mu Asetena

Na mise montena ase Honhom mu, na moremma ɔhonam akɔnnɔ ho kwan.

Dwuma a bɔne su di no da adi pefee. Eyinom ne aguamammɔ, efi, ahohwi, abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, aperepere, kunsunkunsun, mpaapaemu, nitan, nsabow, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛnea mabɔ mo dedaw no se, wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.

Na wɔn a wɔyɛ Kristo de no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asennua mu.

Me nuanom, mo de, wɔfrɛɛ mo mommɛde mo ho. Nanso mommma saa ahofadi yi mmɔ ɔkwan mma bɔne; mmom momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho.

mudi mo akɔnnɔ bɔne akyi a mobɛkɔ ɔsɛe mu, nanso monantew Honhom mu a, mubenya daa nkwa.

Biribiara a ɛyɛ wiase de; ɔhonam akɔnnɔ, nea nnipa hu na wɔn kɔn , biribiara a ɛwɔ wiase a nnipa hoahoa wɔn ho ho no, mu biara mfi Agya no. Ne nyinaa fi wiase.

Mo ne no ka bɔɔ mu no, wotwaa mo twetia a ɛnyɛ nnipa na wotwaa mo, na mmom ɛyɛ Kristo no ankasa na otwaa mo twetia de twee mo fii nipadua a ɛho ntew no tumi ase.

Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no de, nanso ɔhonam no mmerɛw!"

Anuanom, nea mepɛ mekyerɛ ne , nea wɔde honam ne mogya ayɛ no nni kyɛfa Onyankopɔn ahenni no mu; na nea ɛporɔw no ntumi ntena .

Seja o primeiro