Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 30

Aduhuam Afɔremuka

1 "Fa ɔkanto afɔremuka ketewa bi a wobɛhyew aduhuam so. 2 Ma ɛnyɛ ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa dunwɔtwe, na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn abiɛsa a wɔasen; ne mmɛn a baako tua ho. 3 Fa sikakɔkɔɔ dura ne soro, ne nkyɛn ne ne mmɛn a ɛwɔ afɔremuka no ho no nyinaa. Na fa sikakɔkɔɔ mmuano twa afɔremuka no ho nyinaa hyia. 4 Fa sikakɔkɔɔ nkaa abien hyehyɛ mmuano no a ɛwɔ afanu no ase na wɔde nnua a wɔde bɛsoa no awurawura mu. 5 Wɔmfa ɔkanto na ɛnyɛ nnua no, na wɔmfa sikakɔkɔɔ nnura ho nyinaa. 6 Fa afɔremuka no si ntwamtam no akyi mpatabea a ɛbɔ faako a Apam Adaka a Mmaransɛm Du no no ho ban. Mehyia mo .

7 "Da biara anɔpa, Aaron resiesie kanea no a, ɔbɛhyew aduhuam afɔremuka no so. 8 Anwummere biara, ɔsɔ kanea no a, ɔbɛhyew aduhuam Awurade anim ama awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa. 9 Monhyew aduhuam a wɔama ho kwan afɔremuka no so. Mommmɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre so, na mommfa ahwiesa ngu so. 10 Afe biara, ɛsɛ Aaron dwira afɔremuka no ho no kronkron. Ɔde mogya bɛsrasra mmɛn a etuatua ho no so mpata. Ɛsɛ afe biara wɔtew afɔremuka no ho no kronkron ma awo ntoatoaso a ɛbɛba no so kosi awo ntoatoaso so. Ɛyɛ kronkron ma Awurade."

11 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 12 "Bere biara a wobɛkan Israelfo no, obiara a wɔbɛkan no no mfa ne kra ho mpata mmrɛ Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔyaredɔm biara remma wɔn mu bi so. 13 Ɛsɛ obiara a wɔkan no no ma dwetɛbona fa, a emu duru gram asia (sɛnea kronkronbea mu dwetɛbona bo te no.) 14 Obiara a wadi mfe aduonu rekɔ no na ɔbɛbɔ saa afɔre yi. 15 Ɛnsɛ adefo ma ma ɛboro sika a wɔatwa ato no so. Ɛnsɛ ahiafo nso ma nea esua sen saa, efisɛ ɛyɛ Awurade afɔre a ɔde retew yɛn ho ama yɛn. 16 Momfa saa sika yi nsiesie Ahyiae Ntamadan no. moyɛ saa a, ɛbɛma Awurade ani aba mo, Israelfo, so na ayɛ mpata nso ama mo."

17 Awurade ka kyerɛɛ Mose se. 18 "Fa kɔbere hweaseammɔ a ne nnyinaso nso kɔbere. Fa si Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na fa nsu gu mu. 19 Ɛhɔ na Aaron ne ne mmabarima bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn anan ho 20 bere a wɔrekɔ Ahyiae Ntamadan no mu de wɔn ho akɔkyerɛ Awurade, anaasɛ wɔrekɔ akɔbɔ afɔre afɔremuka no so ama Awurade no. Saa ara na bere biara a wɔrekodi saa dwuma yi no, 21 ɛsɛ wɔhohoro wɔn ho na wɔanwuwu. Ɛsɛ eyi mmara a ɛbɛtena daa ama Aaron ne nʼasefo, awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa."

22 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 23 "Hwehwɛ nnuhuam papa kurobow a ɛyɛ kilogram asia, sinamon kilogram abiɛsa ne mmetire huamhuam kilogram abiɛsa. 24 Kurobow dodow a mobɛfa no nyɛ sinamon no dodow na momfa ngodua mu ngo lita anan. 25 Awurade ahyɛ nnuhuamfrafo a wakwadaw ne mu yiye, wɔmfra saa nnuhuam yi mma ɛnyɛ ngo kronkron a wɔde tew onipa ho. 26 Na momfa eyi ntew Ahyiae Ntamadan ne Apam Adaka, 27 ɔpon no ne ɛho nkankyee nyinaa, kaneadua no ɛho nneɛma, nnuhuam afɔremuka no, 28 ɔhyew afɔre ne ho nkankyee, ne hweaseammɔ ne nea esi so. 29 Montew ho na ɛnyɛ kronkron na biribiara a ɛbɛka saa nneɛma yi no ho atew.

30 "Monsra Aaron ne ne mmabarima no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛtew na wɔatumi ayɛ asɔfodwuma de asom me. 31 Na monka nkyerɛ Israelfo se, Eyi bɛyɛ me srango kronkron ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no. 32 Ɛnsɛ wohwie gu obiara so kwa, na ɛnsɛ mo ankasa nso moyɛ bi, efisɛ ɛyɛ kronkron enti ɛsɛ mo nso moyɛ no kronkron. 33 Obiara a ɔbɛfra aduhuam a ɛte ɛno na obehwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfo so no, wo twa no asu.’ "

34 Awurade hyɛɛ mmara a ɛfa aduhuam no ho maa Mose se, "Fa nnuhuam atomude ne nworahuam ne prɛkɛsɛ huamhuam ne ohuamfufu gyenennyenen na wonsusuw ne nyinaa mu duru mma ɛnyɛ , 35 na fa aduhuam a wɔhyewee a aduhuamfrani a waben no bi, na wɔmfa nkyene mfra mu; na ɛbɛyɛ aduhuam kronkron. 36 Monyam bi mma ɛnyɛ muhumuhu na momfa bi nsi Apam Adaka no anim faako a mehyia mo Ahyiae Ntamadan no mu no. Saa aduhuam yi ne nea ɛyɛ kronkron koraa ne nyinaa mu. 37 Monnyɛ bi mfa, efisɛ wɔakora ama Awurade enti ɛsɛ moyɛ no kronkron. 38 Obiara a ɔbɛyɛ bi afa no, wontwa no asu."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também