Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 27

Ɔhyew Afɔrebɔ Afɔremuka Ho Nhyehyɛe

1 "Fa ɔkanto afɔremuka ma enyi ahinanan a nʼafanan no mu biara anammɔn ason ne fa na ne sorokɔ nso anammɔn anan ne fa. 2 mmɛn anan tuatua afɔremuka no ntwea anan no nyinaa so, na fa kɔbere dura ne nyinaa ho. Ɔkanto a wode bɛyɛ afɔremuka no, ɛno ara bi na wode bɛyɛ mmɛn no. 3 Bokiti a nsõ begu mu, sofi, hweaseammɔ, adinam ne nsramma nkankye nyinaa, kɔbere na fa . 4 Fa kɔbere ntwitae na fa dade nkaa hyehyɛ ne ntwea anan no so. 5 Fa ntwitae no hyɛ nsramma kuruwa no mu na fa si afɔremuka no basa a wɔayɛ no so. 6 Fa ɔkanto sen nnua a wɔde kɔbere adura ho a wɔde bɛsoa afɔremuka no. 7 moresoa a, momfa nnua no nhyehyɛ nkaa a mode atuatua afɔremuka no ho no mu. 8 Ntaaboo na momfa nyɛ afɔremuka no. Momma emu nna kwan sɛnea mede kyerɛɛ mo bepɔw no so no.

9 "Twa adiwo ma Ahyiae Ntamadan no na fa ntama a wɔde asaawa a ɛyɛ ayɛ sensɛn ho. Nkataano a ɛsɛn anafo no tenten no nyɛ anammɔn ɔha aduonum 10 a kɔbere nnua aduonu a esisi kɔbere nnyinaso aduonu mu no suso mu. Dwetɛ nkɔtɔkoro ne dwetɛ ntwea a ɛtetare dwetɛ afadum no ho no na ebesuso nsɛnanim no mu. 11 Adiwo a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanim a ne tenten anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinaso mu a dwetɛ nkɔtɔkoro ne ne ntwea tetare ho na ebegyina no.

12 "Adiwo no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no trɛw bɛyɛ anammɔn aduɔson anum a ekura nnua du a ntokuru du deda mu. 13 Apuei fam nso bɛyɛ anammɔn aduɔson anum saa ara. 14 Baabi a ne kwan da nʼapuei fam no, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten anammɔn aduonu abien ne fa a nnua abiɛsa a esisi ntokuru abiɛsa mu suso mu no nsɛn ano. 15 Baabi a ne kwan da nʼatɔe fam no nso, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten anammɔn aduonu abien ne fa nsɛn ano. Nnua abiɛsa a esisi ntokuru abiɛsa mu na ebesuso nsɛnanotam no mu.

16 "Adiwo no ano kwan nyɛ ntama nsɛnanim a ne trɛw anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan bedi mu adwinni fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua anan a esisi ne nnyinaso mu no nso besuso nsɛnanotam no mu. 17 Ɛsɛ nnua a ɛwɔ adiwo no nyinaa wɔde dwetɛ ntwea a dwetɛ suso mu, na nʼase no nso wɔde hyehyɛ kɔbere nnyinaso apipiripi mu. 18 Enti adiwo tenten mu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne trɛw nso ayɛ anammɔn aduɔson anum. Wɔde nkataano a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasu, a ne sorokɔ nso bɛyɛ anammɔn ason ne fa. Ɛsɛ wɔde nnua a atwa adiwo no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinaso no mu. 19 Kɔbere na ɛsɛ wɔde Ahyiae Ntamadan mu nkankye a wɔde nneɛma gu mu, ne nnyinaso a wɔde nkankyee bɛsensɛn so ɔfasu ho no .

20 "Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmfa ngo kronkron a wɔde begu akanea a daa nyinaa ebesi so no mmrɛ wo. 21 Aaron ne ne mmabarima na wɔde akanea a ennum da no besi Ahyiae Ntamadan no mu. Wɔbɛhwɛ so daa ama Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrennum. Eyi mmara a ɛsɛ Israelfo di so daa.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também