Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 8

Mpɔtorɔ Pii Ba

1 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Farao bio na kɔka kyerɛ no se, Awurade se, Ma me nkurɔfo no kwan na wɔnkɔsom me. 2 woampene so amma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ abɛhyɛ asase no so ma. 3 Mpɔtorɔ bɛhyɛ Asubɔnten Nil ma. Wɔbɛba wʼahemfi, na wɔakɔ mo mpia mu, na afoforo akɔ mo mpa so, mo nkurɔfo ne mpanyimfo afi mu, ne mo fononoo ne nea mode fɔtɔw asikresiam nyinaa amaama. 4 Mpɔtorɔ no bɛba mo nkurɔfo ne mpanyimfo nyinaa so.’ "

5 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa pema no nkyerɛ nsubɔnten, nsuwa ne atare a ɛwɔ Misraim nyinaa so sɛnea ɛbɛyɛ a, mpɔtorɔ bebu so ɔman no afanan nyinaa."

6 Aaron teɛɛ ne nsa Misraim nsu so maa mpɔtorɔ bɛhyɛɛ ɔman no mu nyinaa ma . 7 Nanso nkonyaayifo no nso yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ baa asase no so.

8 Afei, Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, "Monkɔsrɛ Awurade na onyi mpɔtorɔ no mfi asase yi so, na mɛma mo nkurɔfo no kwan na wɔakɔbɔ no afɔre."

9 Mose nso ka kyerɛɛ no se, "Kyerɛ me bere ko a wopɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpae ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu baabiara bere a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara."

10 Farao kae se, "Monyɛ no ɔkyena nko ara."

Mose buae se, "Mate, ɛbɛba mu sɛnea woaka no na ama woahu obiara nni Awurade, yɛn Nyankopɔn, no nko ara. 11 Mpɔtorɔ no nyinaa bewuwu ama aka wɔn a wɔwɔ asubɔnten no mu no."

12 Mose ne Aaron fii Farao anim kɔe. Mose kɔsrɛɛ Awurade onyi mpɔtorɔ a ɔde wɔn abegu Farao so no. 13 Awurade tiee Mose nkotosrɛ no. Mpɔtorɔ wuwu hyɛɛ ɔman no mu ne afi mu ma . 14 Wɔboaboaa mpɔtorɔ a wɔawuwu no ano akuw akɛseakɛse maa ɔman no mu bɔn yiye. 15 Nanso Farao huu mpɔtorɔ no no, ɔsan pirim ne koma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛnea Awurade aka ato no.

Mfutuma Dan Ntontom

16 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Ka kyerɛ Aaron se, Teɛ wo pema no fam mfutuma na ɛbɛdan ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma .’ " 17 Mose ne Aaron yɛɛ nea Awurade hyɛɛ wɔn no maa ntontom bɛhyɛɛ ɔman mu no ne mu nnipa ne wɔn nyɛmmoa so ma . Misraim mfutuma nyinaa dan ntontom. 18 Nkonyaayifo no pɛɛ wɔn nso de wɔn anyankamade saa ara, nanso wɔantumi. 19 Nkonyaayifo no kyerɛɛ Farao se, "Eyi de Onyankopɔn nsa mu." Nanso Farao pirim ne koma enti wantie wɔn sɛnea Awurade aka ato no.

Nwansena Ba Manyamanya

20 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Sɔre anɔpatutuutu kohyia Farao bere a ɔrekɔ asubɔnten no mu no na, ka akyerɛ no se, Awurade se: Ma me nkurɔfo nkɔ na wɔnkɔsom me. 21 Na woamma me nkurɔfo ankɔ a, mɛma nwansena agye Misraim afa. Mo afi mu ne asase no nyinaa bɛyɛ nwansena manyamanya.

22 " Na nsonoe kɛse bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfo no te so no ntam, efisɛ nwansena biara renkɔ . Na ɛbɛma woahu , me Awurade mewɔ asase yi so. 23 Na mɛma wo nkurɔfo ho ada nsow afi me nkurɔfo ho. Saa nsɛnkyerɛnne yi besi ɔkyena.’ "

24 Awurade yɛɛ nea ɔkae no, enti nwansena bebu faa ɔman no so maa bi kɔhyɛɛ Farao ahemfi ne Misraim afi nyinaa mu amaama.

25 Na Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, "Monkɔbɔ afɔre mma mo Nyankopɔn ɔman yi ara mu."

26 Nanso Mose kae se, "Saa de, ɛrenyɛ ye. Yɛn afɔre a yɛbɔ ma Onyankopɔn no Misraimfo no ani so akyiwade, so wɔrensiw yɛn abo ana? 27 Ɛsɛ yetu nnansa kwan sare so, na yɛkɔbɔ afɔre ma Awurade, yɛn Nyankopɔn, sɛnea ɔhyɛ yɛn no."

28 Farao kae se, "Mɛma mo kwan akɔ sare so akɔbɔ afɔre, na mmom, monnkɔ akyiri. Afei, mommɔ mpae mma me."

29 Mose buae se, "mifi ha a, mɛbɔ Awurade mpae na ɔkyena nwansena bebrebe no ase bɛtɔre afi wo, wo mpanyimfo ne wo nkurɔfo so. Nanso Farao nhwɛ yiye ɔrennaadaa bio a ɔremma nnipa no nkɔ nkɔbɔ afɔre mma Awurade."

30 Enti Mose fii Farao nkyɛn kɔbɔɔ Awurade mpae, 31 na Awurade yɛɛ Mose abisade no. Nwansena no nyinaa ase tɔre fii Farao ne ne mpanyimfo so; anka ɔbaako mpo. 32 Nanso Farao san pirim ne koma a wamma nnipa no ankɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também