Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 31

Onyankopɔn Yi Besaleel Ne Oholiab

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 "Mapaw Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nena a ofi Yuda abusua mu no 3 de Onyankopɔn Honhom, nyansa, ntease, nimdeɛ ne nnepa ahorow nyinaa ahyɛ no mma 4 ɔmfa nyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow, 5 ɔmfa nyɛ abo ne dua dwumfo ne adwinni ahorow nyinaa. 6 Bio, mayi Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusua mu ɔnyɛ ne boafo.

"Ɛno akyi no, mama adwumayɛfo no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi adi dwuma biara a makyerɛ munni no:

7 "Ahyiae Ntamadan,

Apam Adaka ne mpata agua ne

Ahyiae Ntamadan no mu ahyehyɛde nkae no nyinaa;

8 ɔpon no ne so nneɛma,

sikakɔkɔɔ kaneadua ne ho nneɛma,

ohuam afɔremuka;

9 ɔhyew afɔremuka ne ho nneɛma,

nsankason ne ne nnyinaso;

10 ɔsɔfo Aaron ntade kronkron fɛɛfɛ no

ne ne mma ntade bere a wɔsom asɔfo no;

11 ne ɔsra ngo ne Kronkronbea aduhuam no.

"Ɛsɛ wɔfa kwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ eyinom nyinaa."

12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 13 "Ka kyerɛ Israelfo no se, edu Homeda a, monhome. Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam, na moahu mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.’ 

14 " Munni Homeda no, efisɛ ɛyɛ da kronkron. Obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. Na nea ɔbɛyɛ adwuma saa da no nso, wobekum no. 15 Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no Homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Ɛsɛ wokum obiara a ɔbɛyɛ adwuma Homeda no. 16 Ɛsɛ Israelfo no di Homeda no, wonni mma awo ntoatoaso no nhu ɛyɛ apam afebɔɔ. 17 Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. Efisɛ nnansia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, na ɔhomee da a ɛto so ason no.’ "

18 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose Sinai Bepɔw so wiee no, ɔde abo pon abien a ɔde ne nsa akyerɛw Mmaransɛm Du no so no maa no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também