Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 5

Mose Ne Aaron Farao Anim

1 Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi kyerɛɛ mpanyimfo no wiee no, wokohuu Farao ka kyerɛɛ no se, "Nea Israel Nyankopɔn se ni, Ma me nkurɔfo mfi ha nkɔ sare so nkɔbɔ afahyɛgua kronkron mfa nsɔre me.’ "

2 Farao bisae se, "Hena ne Awurade a ɛsɛ mitie no na mema Israelfo no ? Minnim Awurade biara enti meremma Israelfo no nkɔ."

3 Na Aaron ne Mose tii mu se, "Hebri Nyankopɔn ne yɛn ahyia. Ɛsɛ yetu nnansa kwan sare so kɔbɔ afɔre de ma Awurade, yɛn Nyankopɔn. Na yɛantie no a, ɔyaredɔm anaa afoa ano na yebewuwu."

4 Farao bisae se, "Mose ne Aaron, adɛn nti na morema nkurɔfo no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!" 5 Farao toaa so se, "Mprempren, saa nnipa no dɔɔso sen ɔmanfo no, nanso mopɛ moma ahɔho no gyae adwumayɛ."

6 Da no ara, Farao somaa nnipa ma wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfo no so no se, 7 "Mommma nnipa no sare a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkotwa sare no. 8 Na ntayaa dodow a wotwa no nso, monntew so baako koraa, efisɛ asɛm a wɔaka no da no adi pefee wɔyɛ akwadwofo nti na wɔreka se wɔrekɔ sare so akɔbɔ wɔn Awurade afɔre no. 9 Momma wɔn adwuma no mu nyɛ den, na ɛmmee wɔn na wɔankotie atosɛm biara."

10 Enti adwumasohwɛfo ne wɔn akwankyerɛfo no ka kyerɛɛ Hebrifo no se, "Farao aka akyerɛ yɛn se yɛmmma mo sare bio. 11 Mo ara munkokyin nhwehwɛ bi, nanso ntayaa a mutwa no, muntwa dodow saa ara." 12 Enti Hebrifo no kyinkyinii Misraim asase so nyinaa wɔrekɔhwehwɛ sare no bi. 13 Adwumasohwɛfo no hyɛɛ wɔn atirimɔden so se, "Muntwa ntayaa dodow sɛnea na mutwa no." 14 Na Misraimfo adwumasohwɛfo no kaa Hebrifo mpanyimfo a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano akwankyerɛfo no mmaa, bisaa wɔn se, "Adɛn nti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ muntwa no nnɛra ne nnɛ no nyinaa sɛnea na moyɛ kan no?"

15 Mpanyimfo yi kɔɔ Farao nkyɛn kɔsrɛɛ no se, "Adɛn na woyɛ wo nkoa saa? 16 Wɔmma wo nkoa sare biara, nanso wɔka kyerɛ yɛn se, Montwa ntayaa!Wɔka yɛn mmaa nanso mfomso no fi wʼankasa wo nkurɔfo no."

17 Nanso Farao buae se, "Munni dwuma bi di, na mowɔ dwuma bi di a, anka morenka se, Momma yɛnkɔbɔ afɔre mma Awurade.18 Monsan nkɔyɛ adwuma ntɛm. Obiara remma mo sare, nanso ntayaa dodow a mutwa no daa no, saa ara na mubetwa."

19 Bere a wɔka kyerɛɛ Israelfo mpanyimfo a wodi adwuma no anim akwankyerɛfo no se ɛsɛ wotwa ntayaa no dodow sɛnea wɔyɛ daa no, wohuu ahokyere aba. 20 Bere a wofi Farao anim bae a wohuu Mose ne Aaron retwɛn wɔn ahemfi no ho no, 21 wɔka kyerɛɛ wɔn se, "Awurade mmu mo atɛn moama Farao ne ne nkurɔfo anya yɛn ho menasepɔw, na mode afoa ahyɛ wɔn nsa wonkunkum yɛn."

22 Asɛm yi maa Mose kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "Awurade, adɛn nti na woma wo manfo brɛ saa? So eyi nti na wosomaa me? 23 Efi bere a mekɔkaa wo nkra no kyerɛɛ Farao no, tan ara na ɔretan wɔn ani, nanso wunnyee wɔn ɔkwan biara so ɛ."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também