Confiança
A confiança em Deus é âncora da alma em tempos de tempestade. Quem confia no Senhor não será abalado — porque o Deus fiel sustenta, protege e guia os que nele esperam.
Confiança inabalável
Tudo posso naquele que me fortalece. O meu Deus suprirá toda necessidade. Quem confia não será confundido.
Ahoɔden a Kristo de ma me no nti mitumi gyina tebea biara ano.
Me Nyankopɔn fi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo nea ehia mo nyinaa.
Eyi nti migye di yiye sɛ Onyankopɔn a ofii ase yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akosi da a Yesu Kristo bɛba no.
Onyankopɔn Wɔ Yɛn Afa
Afei, asɛm bɛn; dɛn na yɛbɛka afa eyinom ho? Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi?
anaa ɔsoro anaa fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛn ne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.
Nea ɔte Ɔsorosoroni no hintabea no biara
bɛhome wɔ Otumfo no nwini ase.
Mese Awurade se, "Ɔyɛ me guankɔbea ne mʼabandennen,
me Nyankopɔn a mewɔ no mu ahotoso."
Me nkwagye ne mʼanuonyam gyina Onyankopɔn so;
ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me guankɔbea.
Sɛ mebɔ hu a,
mede me ho bɛto wo so.
Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,
mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro.
Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?
Fundamento de confiança
Deus não é homem para que minta. Todas as suas promessas são firmes. Confiar em Deus é segurança absoluta.
Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atoro;
Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.
Ɔka asɛm a ɔnyɛ ana?
Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so ana?
Munyi sikanibere mfi mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ nea mo nsa ka. Efisɛ Onyankopɔn aka se,
"Merennyaw wo,
na merempo wo da."
Momma yensi yɛn bo nka se,
"Awurade ne me boafo, enti merensuro.
Dɛn na onipa betumi ayɛ me?"
So nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yiye na fa yɛ nhwɛsode, na tena gyidi ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn de wɔ Kristo Yesu mu no mu.
Ma Kristo Ahoɔden Nhyɛ Wo Den
Na wo, Timoteo me ba, Kristo Yesu yɛ mmɔborɔhunufo, enti ma ɔnhyɛ wo den.
Fa wo koma nyinaa to Awurade so,
na mfa wo ho nto wʼankasa ntease so;
hu no wʼakwan nyinaa mu,
na ɔbɛteɛ wʼakwan.
Fa wo koma nyinaa to Awurade so,
na mfa wo ho nto wʼankasa ntease so;
hu no wʼakwan nyinaa mu,
na ɔbɛteɛ wʼakwan.
Fa nea woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam,
na wo nhyehyɛe besi yiye.
Nea ɔyɛ osetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔso;
nhyira nka nea ɔde ne ho to Awurade so.
Onipa ho suro betumi ayɛ afiri,
na nea ɔde ne ho to Awurade so no, wobegye no.
Confiar em todas as coisas
Não pertenço ao mundo — minha cidadania é do céu. A confiança cristã repousa na fidelidade de Deus, não nas circunstâncias.
Saa nneɛma no na momma mo adwene nkɔ so, na ɛnyɛ asase yi so nneɛma.
Yesu bisaa no se, "Adɛn nti na woka se sɛ metumi a? Nneɛma nyinaa betumi ayɛ hɔ ama obiara a ogye di."
Yesu buae se, "Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu."
Monhwɛ wim nnomaa, wonnua aba na wontwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduan di. Monnsom bo nsen wɔn ana?
"Maka eyinom akyerɛ mo na moanya asomdwoe wɔ me mu. Mubehu amane wɔ wiase. Nanso munnyina pintinn! Madi wiase so nkonim!"
"Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so,
na nʼanidaso wɔ ne mu.
Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no asu ho
na ne ntin teɛ kɔ asu no mu.
Sɛ ahuhuru ba a onsuro;
ne nhaban yɛ frɔmfrɔm mmere nyinaa.
Onni ɔhaw biara wɔ afe a osu ntɔ mu
na ɛkɔ so sow aba daa."
Sɛ wofa nsu mu a,
mɛka wo ho;
na sɛ wutwa nsubɔnten no a,
ɛremmu mfa wo so.
Sɛ wonantew ogya no mu a,
worenhyew;
ogyaframa no renhye wo.
Na anidaso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne sɛ, yenim sɛ biribiara a yebisa no wɔ ne pɛ mu no, otie yɛn.
Na anidaso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne sɛ, yenim sɛ biribiara a yebisa no wɔ ne pɛ mu no, otie yɛn.
Na yɛn ankasa nim, na yegye Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no di.
Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu, na Onyankopɔn nso te ne mu.
Nkyerɛkyerɛ Pa Ne Nkyerɛkyerɛ Bɔne
Me nuanom adɔfo, munnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ efi Onyankopɔn ana. Efisɛ atoro adiyifo bebree ahwete wɔ wiase.
Esperar com confiança
O Senhor está perto de todos os que o invocam. Na espera confiante encontramos descanso e direção divina.
Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,
wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.
Ma mente wʼadɔe a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa,
na mede me ho ato wo so.
Kyerɛ me ɔkwan a memfa so,
na wo na mema me kra so kyerɛ.
Ɔremma wo nan nwatiri,
nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko.
Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa.
Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoe adidibea hɔ.
Wo papayɛ dɔɔso,
ɛno na woakora ama wɔn a wosuro wo no
ɛno na wode ma wɔn a woguan toa wo no
wɔ nnipa anim.
Hena na mewɔ wɔ ɔsoro ka wo ho?
Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho.
Momma ntoboase no ntena mo mu daa nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ pɛ a biribiara ho renhia mo.
Na sɛ worebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ wugye di a wunnye ho akyinnye. Obiara a ogye akyinnye no te sɛ po asorɔkye a mframa bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ.
Efisɛ yɛn nkwa gyina gyidi so na ennyina nea yehu so.