Pular para o conteúdo
Publicidade

Números 23

Balaam Nkɔmhyɛ A Edi Kan

1 Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no se, "Si afɔremuka ason ha, na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me." 2 Balak yɛɛ sɛnea Balaam kae no, na wɔn baanu no de nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔremuka no biara so afɔre.

3 Afei Balaam ka kyerɛɛ Balak se, "Tena wʼafɔre no ho na merekɔ nkyɛn. Ebia na Awurade bɛba abehyia me, na nea ɔbɛda no adi akyerɛ me biara no mɛka akyerɛ wo." Enti, ɔforo kɔɔ sorosoro baabi a ɛhɔ petee.

4 Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no ma ɔkae se, "Masiesie afɔremuka ason, na mede nantwinini ne odwennini abɔ afɔre biara so."

5 Awurade de asɛm hyɛɛ Balaam anom se, "San Balak nkyɛn na kɔka asɛm yi kyerɛ no."

6 Ɔsan bae no ɔbɛtoo no ɔne Moab mpanyimfo no nyinaa gyinagyina afɔre no ho. 7 Na Balaam hyɛɛ ne nkɔm:

"Balak soma bɛfrɛɛ me fii Aram,

Moabhene frɛɛ me fii apuei fam nkoko so.

Ɔkae se, Bra bɛdome Yakob ma me;

bra bɛka mmususɛm gu Israel so.

8 Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adome

wɔn a Onyankopɔn nnome ɛ?

Ɛbɛyɛ dɛn na matumi aka mmususɛm agu

wɔn a Awurade mmuu wɔn so?

9 Mihu wɔn fi ɔbotan atifi;

mehwɛ wɔn fi nkoko so.

Mihu nnipa a wɔatew wɔn ho

a wommu wɔn ho wɔyɛ aman no bi mu nnipa.

10 Hena na obetumi akan Yakob mfutuma,

anaa ɔbɛkan Israelfo nkyemu anan mu baako?

Ma minwu atreneefo wu,

na mʼawiei nyɛ wɔn de."

11 Balak bisaa Balaam se, "Dɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mmom!"

12 Obuae se, "So ɛnsɛ meka nea Awurade de ahyɛ mʼano no ana?"

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Abien

13 Afei, Balak ka kyerɛɛ no se, "Bra na yɛnkɔ baabi foforo a yebehu wɔn; worenhu wɔn nyinaa, gye wɔn atenae no nkyɛn nkyɛn. Gyina na dome wɔn ma me." 14 Enti ɔde no kɔɔ Sofim bepɔw Pisga atifi. Osii afɔremuka ason na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre afɔre afɔremuka biara so.

15 Balaam ka kyerɛɛ Balak se, "Tena wʼafɔre no ho ha na me nso merekohyia Awurade."

16 Awurade hyiaa Balaam na ɔde asɛm hyɛɛ nʼanom se, "San Balak na kɔka asɛm yi kyerɛ no."

17 Enti ɔsan ba bɛtoo no no ogyina nʼafɔre no ho a Moab mpanyimfo no ka ne ho. Balak bisae se, "Awurade aka dɛn?"

18 Na ɔhyɛɛ ne nkɔm:

"Balak, sɔre na tie;

Sipor babarima tie me.

19 Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atoro;

Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.

Ɔka asɛm a ɔnyɛ ana?

Wahyɛ bi pɛn a wanni so ana?

20 Wɔahyɛ me minhyira;

wahyira, na merentumi nnan ani!

21 "Wonhu ɔyawdi bi Yakob mu,

wonhuu awerɛhowdi biara Israel mu.

Awurade, wɔn Nyankopɔn ka wɔn ho;

Ɔhene ka wɔn ho!

22 Onyankopɔn yii wɔn fii Misraim;

ɔte nantwi hoɔdenfo ma wɔn.

23 Nnome biara mmaa Yakob so ɛ,

mmusu biara nni Israel so.

Afei, wɔbɛka afa Yakob

ne Israel ho se, Hwɛ nea Onyankopɔn ayɛ!

24 Nnipa no sɔre gyatabere.

Wɔwosow wɔn ho gyata

a onnye nʼahome de kosi ɔbɛtetew nea wakyere no no nam pasaa

na ɔnom nea wakyere no no mogya."

25 Na Balak ka kyerɛɛ Balaam se, "worennome wɔn a, ɛno de nhyira wɔn koraa."

26 Balaam buaa no se, "Manka ankyerɛ wo se nea Awurade bɛka biara na mɛyɛ ana?"

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Abiɛsa

27 Afei, Balak ka kyerɛɛ Balaam se, "Bra mma memfa wo nkɔ baabi foforo. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn wubegyina adome wɔn." 28 Na Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔw Peor a ani kyerɛ nweatam no atifi pɛɛ no so.

29 Bio, Balaam kae se, "Si afɔremuka ason na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me." 30 Balak yɛɛ nea Balaam kae no, enti ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre afɔremuka no biara so.

Veja também