Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 21

Kanaanfo So Nkonimdi

1 Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb tee Israelfo nam Atarim kwan so reba no, ɔboaboaa nʼakofo ano kɔtow hyɛɛ Israelfo no so kyekyeree ebinom nnommum. 2 Afei, Israelfo no kaa ntam kyerɛɛ Awurade se, "wode saa nnipa yi bɛhyɛ yɛn nsa a, anka yebegu wɔn nkurow akɛse no." 3 Awurade tiee wɔn adesrɛ no na ɔde Kanaanfo no maa wɔn. Israelfo no sɛee wɔn ne wɔn nkurow akɛse pasaa; wɔtoo din Horma a ase ne "Ɔsɛe."

Kɔbere Mfrafrae Ɔwɔ

4 Afei, Israelfo no fii Bepɔw Hor so de wɔn ani kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ wobetwa dantaban afa Edom ho. Nanso wɔrekɔ no nipa no aba mu bui; 5 wonwiinwii tiaa Onyankopɔn ne Mose se, "Adɛn nti na moayi yɛn afi Misraim de yɛn aba yemmewuwu sare yi so? Aduan nni ha! Nsu nni ha! Yɛmpɛ saa awerɛhow aduan yi!"

6 Enti, Awurade maa awɔ a wɔn ano bɔre yiye kɔkekaa wɔn mu bebree ma wowuwui. 7 Na nnipa no baa Mose nkyɛn bɛsrɛɛ se, "Yɛayɛ bɔne, efisɛ yɛakasa atia Awurade ne wo. mpae kyerɛ Awurade na awɔ no nkɔ." Enti Mose bɔɔ mpae maa nnipa no.

8 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Fa kɔbere saa awɔ yi mu baako sɛso na fa no sɛn abaa tenten bi so, na awɔ no bi ka obi na ɔhwɛ no a, ɔrenwu." 9 Enti Mose yɛɛ ɔwɔ sɛso no, de sɛn dua tenten so. Na obiara a ɔwɔ no bi bɛka no no, ɔma nʼani so hwɛ no a, onwu.

Israelfo Moab

10 Israelfo no fi no, wɔtoaa wɔn akwantu no so kɔɔ Obot kɔtenaa . 11 Afei, wɔtoaa so kɔɔ Iye-Haabarim sare so Moab apuei fam. 12 Wofi no, wɔtoaa so kɔɔ asuwa Sered Subon mu kɔbɔɔ atenae . 13 Afei, wotu fii kɔɔ Asubɔnten Arnon nkyɛn baabi a wɔne Amorifo hye. Asubɔnten Arnon na ɛyɛ ɔhye a ɛda Moabfo ne Amorifo ntam. 14 Ɛno nti na, wɔka Awurade akodi nhoma no mu se,

asubɔnten Arnon subon

ne kurow Waheb 15 da Amorifo ne Moabfo ntam.

16 Israelfo no fi toaa wɔn akwantu no so kɔɔ Beer a ase ne "Abura." Ɛha na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Frɛfrɛ nnipa no nyinaa bra na mɛma wɔn nsu."

17 Ɛhɔ na Israelfo too dwom yi,

"Tue Ao, Abura!

To ho dwom!

18 To dwom fa abura a mmapɔmma tutu no ho,

nnipa mu akunini na wotitii mu;

akunini a wokura ahempeaw ne pema."

Afei, Israelfo no fii sare no so kɔfaa Matana, 19 Nahaliel ne Bamot, 20 na wɔkɔɔ Pisga atifi a ɛwɔ Moab bon no mu, baabi a wugyina a wuhu asase tamaa no.

Sihon Ne Og So Nkonimdi

21 Israelfo no tuu abɔfo ma wɔde nkra kɔmaa Amorihene Sihon se:

22 "Momma yentwa mu mfa mo man yi mu. Yɛbɛfa ɔtempɔn no so tee, na yɛremfi so kosi yɛbɛtra mo hye. Yɛrentiatia mo nnɔbae so, yɛremfa yɛn nsa nka mo bobe nturo, na yɛrennom mo abura mu nsu kosi yebefi mo man no mu."

23 Nanso ɔhene Sihon ampene so. Na mmom, ɔboaboaa nʼakofo ano kɔtow hyɛɛ Israelfo no so sare so ne wɔn koo Yahas. 24 Nanso Israelfo no kunkum wɔn faa wɔn asase a efi Asubɔnten Arnon kosi asu Yabok ho toaa so kosii Amorifo ahye so a na bammɔ no. 25 Israelfo no faa Amorifo no nkurow akɛse nyinaa a Hesbon kuropɔn ne ne nkuraase nyinaa ka ho tenaa mu. 26 Na Hesbon Amorihene Sihon kuropɔn. Sihon na da bi ɔko tiaa Moabhene faa ne nsase nyinaa besii Asubɔnten Arnon no.

27 Ne saa nti, tete anwensɛm kyerɛwfo kyerɛw eyi faa ne ho se,

"Bra Hesbon, Sihon kuropɔn,

yɛnkyekye na ensi ne dedaw mu.

28 "Ogya turuw fii Hesbon

Ogyaframa fii Sihon ahenkurow mu,

Ɛhyew Ar kuropɔn a ɛwɔ Moab;

ɛsɛee kurowmma a wɔwɔ Arnon mmepɔw so.

29 Ao Moabfo, mo sɛe bɛba mu!

Wɔawie mo, mo a mosom Kemos!

Wagyaw ne mmabarima atutenafo,

Ne ne mmabea

Amorihene Sihon nnommum.

30 "Yɛatu wɔn agu,

efi Hesbon tɔnn kosi Dibon.

Yɛasɛe wɔn ara akosi Nofa

De ara kosi Medeba."

31 Enti Israelfo no tenaa Amorifo asase no so.

32 Mose somaa akwansrafo wɔnkɔsrasra Yaser fa mu . Ɔde asraafo toaa wɔn, faa wɔn nkurow nyinaa, pam Amorifo no. 33 Afei, wɔde wɔn ani kyerɛɛ kurow kɛse Basan, nanso Basanhene Og de nʼasraafo hyiaa wɔn Edrei.

34 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Nsuro no, efisɛ mede nʼasraafo ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. no sɛnea woyɛɛ Amorihene Sihon a odii Hesbon so no."

35 Israelfo dii nkonim na wokum ɔhene Og ne ne mmabarima ne ne nkurɔfo nyinaa a anka wɔn mu baako mpo. Na Israelfo no faa nʼasase no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também