Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 30

Bɔhyɛ Ho Mmara

1 Mose hyiaa Israel mmusua no mu mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn se, "Awurade ahyɛ se: 2 obi hyɛ Awurade anaa ɔka ntam hyɛ a, ɛnsɛ obu so. Ɛsɛ ɔyɛ nea ɔkaa se ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ.

3 "ababaa bi hyɛ Awurade anaa ɔka ntam hyɛ bere a ɔda so te nʼagya fi, 4 na nʼagya no te ne ba no ahyɛ , na wanka hwee a, ne bɔhyɛ ne ne ntam a ɔkaa no nyinaa no di mu. 5 Nanso ɛba nʼagya no siw no bɔhyɛ no ho kwan a, etwa ne bɔhyɛ ne ntam a ɔkae no mu. Awurade de bɛkyɛ ababaa no, efisɛ nʼagya ampene obedi so.

6 "ɔhyɛ anaa ɔka ntam ansa na ɔware na ɛbɛyɛ asodi ma no 7 na ne kunu no te saa bɔhyɛ no ho asɛm nanso wanka ho hwee a, na ne bɔhyɛ no gyina . 8 Na ne kunu no te na osiw no ho kwan a na ɛkyerɛ watwa mu a bɔhyɛ no anaa ntam no ho asodi nna ne so bio, enti Awurade de ne ho bɛkyɛ no.

9 "Ɛsɛ ɔbea kunafo anaa nea wɔagyaa no aware no di ne ntam a ɔbɛka anaa a ɔbɛhyɛ no biara so.

10 "waware na ɔte ne kunu fi na ɔhyɛ anaa ɔka ntam, 11 na ne kunu no te na wansiw no ho kwan a, na ɛkyerɛ ne bɔhyɛ no gyina . 12 Na ne kunu no te na, wampene so na, otwa mu a, na ne bɔhyɛ no nni mu na Awurade de ne ho bɛkyɛ no. 13 Enti ne kunu no betumi asi ne a ɔhyɛ anaa ntam a ɔka no so dua anaasɛ obetwa mu. 14 da mu no nyinaa wanka ho hwee ankyerɛ no de a, na ɛkyerɛ ɔpene so hwee a wanka amfa ho no nti. 15 ɔtwɛn ma mmere bi fa so ansa na ɔka se bɔhyɛ no nni mu a, ɛno de, ɛsɛ ɔsoa ɔbea no mfomso no ho asodi."

16 Eyinom ne mmara a Awurade nam Mose so de maa ɔbarima ne ne yere, ne agya ne ne babea a ɔda so te ne fi no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também