Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 3

Lewifo

1 Eyi ne nea ɛfa Aaron ne Mose mmusua ho bere a Awurade kasa kyerɛɛ Mose Sinai Bepɔw so no.

2 Aaron mmabarima din na edidi so yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasar ne Itamar. 3 Eyinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi asɔfo. 4 Nadab ne Abihu de, wowuwuu Awurade anim bere a wɔhyew afɔrebɔde ogya a ɛmfata so Sinai sare so no. Na wonni mma nti, Eleasar ne Itamar nko ara na wɔsom asɔfo, bere a wɔn agya Aaron te ase no.

5 Awurade ka kyerɛɛ Mose se: 6 "Frɛ Lewifo no, na fa wɔn ma ɔsɔfo Aaron nʼaboafo. 7 Wɔbɛyɛ adwuma Ahyiae Ntamadan no mu ama ɔsɔfo Aaron ne nnipa no nyinaa. 8 Afei, wɔbɛhwɛ nneɛma a wɔde siesie Ahyiae Ntamadan mu no so de asi Israelfo no anan mu ayɛ asodi a wɔyɛ Ahyiae Ntamadan no mu. 9 Fa Lewifo no ma Aaron ne ne mmabarima; wɔn ne Israelfo a wɔde wɔn bɛma no korakora. 10 Ma Aaron ne ne mmabarima no nsom asɔfo; onipa foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea no, ɛsɛ wokum no."

11 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 12 "Mayi Lewifo no afi Israelfo no mu de wɔn asi Israel babea biara abakan a ɔyɛ ɔbarima anan mu. Lewifo no me de, 13 efisɛ abakan biara me. Bere a mikunkum mmakan Misraim no, migyaw Israel mmakan, wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade."

14 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose Sinai sare so se, 15 "Kan Lewifo no wɔn mmusua ne afi mu. Kan ɔbarima biara fi nea wadi ɔsram baako so." 16 Enti Mose kan wɔn sɛnea Awurade hyɛɛ no no.

17 Eyinom ne Lewi mmabarima:

Gerson, Kohat ne Merari.

18 Gerson asefo ni:

Libni ne Simei.

19 Kohat asefo:

Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.

20 Merari asefo:

Mahli ne Musi.

Eyinom ne Lewifo, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te.

21 Gerson asefo no na wɔyɛ mmusua a wofi Libni ne Simei ase.

22 Na Gersonfo mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa a wofi Gerson mmusua mu no dodow mpem ahanson ne ahannum (7,500).

23 Wɔn atenae Ahyiae Ntamadan no akyi atɔe fam.

24 Na Gersonfo no ntuanoni ne Lael babarima Eliasaf.

25 Saa mmusua abien yi na na wɔhwɛ Ahyiae Ntamadan no ne ne nkataho no ne ɔkwan nkataano no so. 26 Afei, na wɔhwɛ adiwo nkataano a etwa Ahyiae Ntamadan no ho ne afɔremuka ne adiwo nkataano nhoma ne ɛhɔ nneɛma a wɔde di dwuma ahorow no nyinaa so.

27 Kohat asefo mmusua a wofi Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ase.

28 Na Kehat mmusua no mu mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no dodow mpem awotwe ne ahansia (8,600).

Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea no so.

29 Wɔmaa wɔn atenae Ahyiae Ntamadan no anafo fam.

30 Na Kohatfo ntuanoni no ne Usiel babarima Elisafan.

31 Saa mmusua anan yi na na wɔhwɛ apam adaka, ɔpon, kaneadua, afɔremuka ahorow, ne nea ɛkeka ho a na wɔde di dwuma kronkronbea , mfimfini ntwamtam ne nneɛma a wɔde di dwuma ahorow nyinaa no so.

32 Aaron babarima ɔsɔfo Eleasar no na na ɔyɛ ɔpanyin Lewifo no nyinaa so. Ɔyɛɛ no panyin asɔfo a wɔhwɛ kronkronbea no so.

33 Na Merari asefo no mmusua a wofi Mahli ne Musi ase.

34 Merarifo mmusua no mu na mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no dodow mpem asia ne ahannu (6,200).

35 Merari abusua no ntuanoni ne Abihail babarima Suriel,

na wɔtenaa Ahyiae Ntamadan no atifi fam.

36 Dwumadi a wɔde hyɛɛ saa mmusuakuw abien yi nsa ne , wɔbɛhwɛ Ahyiae Ntamadan no nnyinaso so. Afei, wɔbɛhwɛ mmeamu nnua, mpuran, nsisiso ne ɛho nneɛma a wɔde di dwuma no nyinaa, 37 ne mpuran a ɛwɔ adiwo nyinaa ne ne nsisiso, nnyinaso, ne ntampehama nyinaa, wɔbɛhwɛ so.

38 Ahyiae Ntamadan no apuei fam, nea owia pue fi no, wogyaw maa Mose ne Aaron ne ne mmabarima wonsisi wɔn ntamadan .

Saa nnipa yi na na wosi Israelfo no anan mu di Ahyiae Ntamadan no ho dwuma nyinaa.

Obi foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea no, ɛsɛ wokum no.

39 Lewifo a Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron wɔnkan wɔn sɛnea wɔn mmusua te a ɔbarima biara a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa ka ho no dodow mpem aduonu abien (22,000).

40 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Kan Israelfo mmakan a wɔyɛ mmarima na wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no, na kyerɛw wɔn din. 41 Lewifo no bɛyɛ me de. Ma wonsi Israelfo mmakan nyinaa anan mu, na Lewifo nyɛmmoa mmakan nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade."

42 Enti Mose kan Israelfo mmakan nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ no no. 43 Mmakan mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no a ɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduonu abien ahannu ne aduɔson abiɛsa (22,273).

44 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 45 "Ma Lewifo nsi Israelfo mmakan anan mu. Na Lewifo nyɛmmoa mmakan nso nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Lewifo me dea. Mene Awurade. 46 Ansa na mubegye Israelfo mmakan ahannu aduɔson abiɛsa no a wɔboro Lewifo no dodow so no, 47 momma wontua ti ade, sɛnea hyiadan mu nnwetɛbona te, a emu duru gram aduonum nson. 48 Fa ti ade sika no ma Aaron ne ne mma."

49 Enti Mose gyigyee Israelfo ahannu aduɔson abiɛsa a na wɔboro Lewifo no dodow so no ti ade. 50 Sika a wogyigyee no nyinaa ano sii dwetɛ kilogram dunum ne fa. 51 Na Mose de maa Aaron ne ne mmabarima sɛnea Awurade hyɛɛ no no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também