Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 9

Twam Afahyɛ

1 Ɔsram a edi kan no mu afe a ɛto so abien no mu a wɔafi Misraim no na Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Mose bere a ɔne Israelfo Sinai sare no so no se, 2 "Ma Israelfo no nni Twam Afahyɛ no ne bere ano. 3 Munni no ne bere ano, na mofa ne mmara akwan ahorow no nyinaa so nni ɔsram yi da a ɛto so dunan no anwummere."

4 Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfo no se wonni Twam Afahyɛ no, 5 na wɔyɛɛ saa Sinai Nweatam no so ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Na Israelfo no yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

6 Nanso na nnipa no bi fi ayi aba a esiane wɔde wɔn ho aka owufo nti na wɔn ho agu fi. Eyi nti wɔantumi anni Twam Afahyɛ no bi. Enti wɔbaa Mose ne Aaron nkyɛn da no ara 7 bɛka kyerɛɛ Mose se, "Yɛde yɛn ho aka funu ama yɛn ho agu fi, nanso dɛn nti na yɛne Israelfo nyinaa rentumi mfa yɛn afɔrebɔde mmrɛ Awurade sɛnea nhyehyɛe no te no?"

8 Mose buaa wɔn se, "Montwɛn mma mimmisa sɛnea Awurade mmara no ka fa mo ho."

9 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 10 "Ka kyerɛ Israelfo no se, Obiara a obeso funu mu, ɔyɛ nnɛmma anaa ofi awo ntoatoaso a ɛreba no mu Twam Afahyɛ bere a ɛbɛma ne ho agu fi anaa ɔnam akwantu so nti wɔantumi amma no tumi di Awurade Twam Afahyɛ no, 11 nanso ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan no anwummere na ɛsɛ wodi. Saa bere no na ɛsɛ wɔwe oguamma no a brodo a mmɔkaw nni mu ka ho a naban nweenwen ka ho. 12 Ɛnsɛ wogyaw bi ma ade kye so, anaa wɔbɔ ne dompe mu. Na ɛsɛ wodi Twam Afahyɛ no mmara no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. 13 Nanso obiara a ne ho nguu fi anaa obi a ontuu kwan nanso wanni Twam Afahyɛ no ne bere ano no, ɛsɛ wotwa no asu afi Israelfo no mu afɔre a wamma ammɛbɔ amma Awurade bere a ɛsɛ mu no nti. Wɔbɛsoa wɔn afɔdi ho sodi.

14 "Ɛsɛ ɔhɔho a ɔfra mo mu no fa mmara koro no ara so di Awurade Twam Afahyɛ no. Ɛsɛ ɔhɔho ne okuroni nyinaa di mmara koro no so."

Ogyamununkum

15 Da a wɔmaa Ahyiae Ntamadan no so sii no, omununkum kataa so. Anwummere no ara, omununkum no dan yɛɛ ogya na ɛyɛɛ saa ara anadwo mu no nyinaa de kosii adekyee. 16 Saa ara na ɛte bere biara, na edu anadwo a, mununkum no dan ogya. 17 Omununkum no maa ne ho so no, Israelfo no dii akyi kosii baabiara a ɛkɔ kogyina ma wɔbɔɔ atenae. 18 Eyi kyerɛ , Awurade ka se wɔnkɔ a, wɔkɔ, na ɔka se wonnyina a, wogyina. Na Omununkum no gyina a, wɔn nso gyina mmere dodow a egyina no nyinaa. 19 egyina baabi kyɛ a, wɔn nso gyina kyɛ. Na egyina nna kakraa bi a, wɔn nso gyina nna kakraa bi saa ara, efisɛ saa na Awurade ahyɛ wɔn wɔnyɛ. 20 Ɛtɔ da bi a, omununkum no tena Ahyiae Ntamadan no so nna kakraa bi. ɛba saa a, nnipa no nso tena nna kakraa bi. Na Awurade nhyɛ mu, wotu fii wɔn atenae. 21 Ɛtɔ da bi nso a, omununkum no tena anadwo na akɔ adekyee. Nanso ɛyɛ awia anaa anadwo na omununkum no ma ne ho so a, nnipa no tu fi atenae di akyi. 22 omununkum no ba Ahyiae Ntamadan no atifi na edi nnaanu, ɔsram anaa afe a, saa nna no ara so na Israelfo no hwɛ de tena . Nanso enya tu ara a, na wɔn nso atu. 23 Eyi kyerɛ , wɔn nsrabɔ ne wɔn akwantu nyinaa gyina Awurade mmara a ɔhyɛ ma wɔn no so; na biribiara a Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔnyɛ no, wɔyɛe.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também