Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 15

Afɔrebɔ Nkekaho Ahorow Ho Mmara

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 "Ka kyerɛ Israelfo no se, mokɔtena asase a mede rema mo no so 3 na mopɛ mobɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara a wɔbɔ a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ afɔrebɔde no aboa a ofi mo nguankuw anaa nantwibuw mu. ɛyɛ ɔhyew afɔre, anaa afɔrebɔ a wɔde hyɛ , anaa afɔrebɔ a efi ɔpɛ mu, anaa afɔrebɔ a wɔbɔ no afirihyia mu nnapɔnna bi mu no a, ɛsɛ wɔde aduan afɔrebɔde ka ho. 4 Nea ɔde ba no, ɛsɛ ɔde aduan afɔrebɔde a ɛyɛ esiam muhumuhu kilogram abien a wɔde ngo lita baako afra ka ho ma Awurade. 5 Oguamma biara a wɔde ɔhyew afɔre no, ɛsɛ wɔde nsa afɔrebɔde a ɛyɛ bobesa lita baako ka ho.

6 " odwennini na wode rebɔ afɔre a, fa esiam muhumuhu lita abiɛsa fra ngo lita baako, 7 ne bobesa lita baako ɔnom afɔrebɔde. Mommɔ mma enyi hua a ɛbɛsɔ Awurade ani.

8 " wosiesie nantwi ba ma ɔhyew afɔre anaa afɔrebɔde de hyɛ sononko bi anaa ayɔnkofa asikresiam afɔre a worebɔ ama Awurade a, 9 fa atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia ne fa ne ngo lita abien ka nantwi no ho 10 a bobesa lita abien ka ho ɔnom afɔrebɔde. Eyi bɛyɛ aduan afɔrebɔ a ebeyi hua asɔ Awurade ani. 11 Ɛsɛ wɔfa saa kwan yi so siesie nantwi, odwennini, oguamma anaa abirekyi ba a wɔde afɔre no. 12 Afɔrebɔde biara no, ɛsɛ mofa saa ɔkwan yi so siesie no.

13 " Ɛsɛ Israelni biara fa saa ɔkwan yi so siesie ne aduan afɔrebɔ a eyi hua na ɛsɔ Awurade ani na ɔde ba. 14 Na ahɔho a wɔte mo mu no wɔbɔ ɔhyew afɔre ma eyi hua a ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ wɔfa saa ɔkwan koro no ara so awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu. 15 Mmara no ma mo nyinaa; ɔmanfo ne ahɔho; na ɛyɛ nokware a etim daa de kosi awo ntoatoaso a ɛbɛba no mu. Mo ne ahɔho nyinaa Awurade anim. 16 Mmara baako na ɛwɔ ma mo ne ahɔho a wɔtete mo mu no nyinaa.’ "

17 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 18 "Kasa kyerɛ Israelfo no se: mudu asase a mede mo rekɔ so no so 19 na mudi asase no so aduan a, momfa bi mmɔ afɔre mma Awurade. 20 Atoko a mobɛyam a edi kan no, momfa nto ɔfam nto nkyɛn akyɛde sɛnea moyɛ atoko otwakan no awiporowbea no. 21 Awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu no, ɛsɛ mode saa afɔre a efi mo aduan a edi kan a moanya mu yi ma Awurade.

Bɔne A Wɔanhyɛ Da Anyɛ Ho Afɔrebɔ

22 " mo, nnipakuw, anhyɛ da na mubu saa mmara a Awurade nam Mose so de ama mo yi so, 23 mmara ahorow a Awurade nam ne so de ama mo yi so, efi da a Awurade de maa mo de fa awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu, 24 na wɔnam awerɛfiri so fom a nnipa no nyinaa nnim a, ɛsɛ ɔman no nyinaa de aduan afɔrebɔde ne ɔnom afɔrebɔde ne ɔpapo a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre ka ho. 25 Na ɛsɛ ɔsɔfo no mpata ma Israelfo nyinaa na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn; efisɛ, ɛyɛ mfomso, na wɔnam ɔhyew afɔrebɔ so abɔ afɔre Awurade anim a wɔn bɔne afɔrebɔde ka ho. 26 Wɔde nnipa no nyinaa a ahɔho a wɔte wɔn mu ka ho no bɔne bɛkyɛ wɔn, efisɛ ɔmanfo no nyinaa na wɔyɛɛ mfomso a wɔanhyɛ da; na wɔde akyɛ wɔn nyinaa.

27 " Nanso onipa baako bi mfomso awerɛfiri mu a, ɛsɛ ɔde abirekyibere ba a wadi afe bɛbɔ bɔne ho afɔre. 28 Ɛsɛ ɔsɔfo no mpata ma nea ɔfom no Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no. 29 Saa mmara yi ma Israelfo ne ananafo a wɔte mo mu no nyinaa.

30 " Na obi boa pa mfomso a, ɔyɛ Israelni anaa ɔnanani no, ogu Awurade din ho fi, enti ɛsɛ woyi no fi Israelfo no mu. 31 Mpɛn dodow a wabu Awurade asɛm animtiaa na wahyɛ da abu Awurade mmara so no, ɛsɛ woyi no fi Israelfo no mu; na ne bɔne gu ne ti so.’ "

Homeda Sobu Ho Asotwe

32 Bere a Israelfo no sare so no, wɔkyeree wɔn mu baako ɔrebubu mmabaa homeda. 33 Wɔn a wɔkyeree no no de no kɔɔ Mose ne Aaron ne atemmufo no anim, 34 na wɔde no too afiase, efisɛ na wonhu ɔkwan pɔtee a ɛsɛ wɔde no fa so. 35 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Ɛsɛ wokum saa onipa no. Nnipa no nyinaa nsiw no abo atenae no akyi baabi." 36 Enti wɔde no kɔɔ atenae no akyi baabi kosiw no abo sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

37 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 38 "Kasa kyerɛ Israelfo no se: Awo ntoatoaso nyinaa mu no, momma biribi nsensɛn mo ntade ano na momfa hama tuntum nkyekyere nkae ade ntetare ntade no ano. 39 Saa mmara yi botae ne , bere biara a mubehu saa ade yi no, mobɛkae Awurade mmara a wɔahyɛ mo no, na moadi nʼapɛde so, na moamfa mo ankasa mo akwan sɛnea na moyɛ de som anyame afoforo no. 40 Ɛbɛkae mo ama moadi me mmara nyinaa so na wɔbɛtew mo ho ama mo Nyankopɔn. 41 Mene Awurade, mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim asase so bae mɛyɛ mo Nyankopɔn. Mene Awurade mo Nyankopɔn no."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também