Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 24

1 Afei, Balaam huu ɛsɔ Awurade ani ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛnea ɔtaa no; mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ sare no so. 2 Bere a Balaam huu Israelfo no abobɔ wɔn atenae sɛnea wɔn mmusuakuw te no, Onyankopɔn honhom baa ne so, 3 na eyi ne nkɔmhyɛ a ɔmae:

"Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,

nkɔmhyɛ a efi obi a nʼani hu ade yiye,

4 nea ɔte Onyankopɔn nsɛm nkɔmhyɛ;

nea onya anisoadehu a efi Otumfo no ;

na ɔda fam, a nʼani hu ade:

5 "Yakob, mo ntamadan ,

Israel, mo atenae ahomeka!

6 "Ɛtrɛtrɛw abon,

nturo a ɛwɔ asubɔnten ho.

Wɔte pɛprɛ a Awurade adua,

te sida a esisi nsu ho.

7 Nsu bɛsen afi wɔn ahina mu.

Wɔn aba benya nsu ama aboro so.

"Wɔn hene bɛyɛ kɛse asen Agag;

wɔn ahenni bɛkorɔn.

8 "Onyankopɔn de wɔn fii Misraim na ɛbae;

wɔwɔ ahoɔden wuram nantwi.

Wɔsɛe atirimɔdenfo aman

na wobubu wɔn nnompe mu asinasin,

wɔde wɔn bɛmma wowɔ wɔn.

9 Wobutuw da gyata;

te gyatabere, hena na obetumi agyigye wɔn?

"Wobehyira wɔn a wohyira wo,

na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo."

10 Balak bo fuw Balaam. Ɔbɔɔ ne nsam guu ne so kae se, "Mefrɛɛ wo se bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mprɛnsa yi nyinaa. 11 Fi ha wo nkyi ntɛm! Mekae se mɛkyɛ wo ade a ɛsom bo nanso, Awurade amma woannya akyɛde no."

12 Balaam buaa no se, "So manka ankyerɛ abɔfo a wosomaa wɔn baa me nkyɛn no se, 13 Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi nyinaa koraa a, minni tumi mɛyɛ biribi atia Awurade ahyɛde, ɛyɛ papa anaa bɔne.Mmom nea Awurade aka no nko ara na ɛsɛ meka. 14 Afei, meresan akɔ me nkurɔfo nkyɛn. Nanso ma menka nea Israelfo no bɛyɛ wo nkurɔfo no daakye no nkyerɛ wo."

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Anan

15 Eyi ne nkɔmhyɛ a Balaam de mae:

"Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,

nkɔmhyɛ a efi ɔbarima a nʼani hu ade yiye,

16 nea ɔte Onyankopɔn nsɛm no nkɔmhyɛ,

nea ɔwɔ nimdeɛ a efi Ɔsorosoroni no ,

nea onya anisoadehu a efi Otumfo no ,

na ɔda fam, a nʼani hu ade no:

17 "Mihu no, nanso ɛnyɛ mprempren;

mehwɛ no, nanso ɔmmɛn.

Nsoromma bepue afi Yakob mu;

ahempema bepue afi Israel mu.

Ɔbɛdwerɛw Moabfo ti,

Moabfo nyinaa tikora.

18 Wɔbɛfa Edom,24.18 Edomfo yɛ Esau asefo.

na Seir a ɔyɛ ne tamfo no, wobedi ne so nkonim,

na Israel bɛkɔ so ayɛ den.

19 Ɔhene bi bɛsɔre Yakob mu

ɔno na ɔbɛsɛe kurow no mu nkaefo."

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Anum

20 Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfo na ɔhyɛɛ nkɔm:

"Amalek na na ɔyɛ aman nyinaa abakan,

nanso nʼawiei bɛyɛ ɔsɛe pasaa."

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Asia

21 Afei, ohuu Kenifo, na ɔhyɛɛ ne nkɔm:

"Mo atenae bammɔ,

wɔanwen mo berebuw abotan mu;

22 Nanso wɔbɛsɛe mo Kenifo

bere a Asur fa mo nnommum no."

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Ason

23 Afei ɔhyɛɛ ne nkɔm:

"Aa! Onyankopɔn sɛɛ a, hena na ɔbɛtena nkwa mu?

24 Ahyɛn befi Kipro mpoano aba;

wobedi Eber24.24 Eber asefo yɛ Hebrifo (1 Be 25–27). ne Asur so.

Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa."

25 Afei, Balaam sɔree na ɔsan kɔɔ ne kurom, na Balak nso kɔɔ ne kwan.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também