Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 22

Balak Frɛ Balaam

1 Afei, Israelfo no kɔɔ Moab tataw so kɔtenaa Asubɔnten Yordan apuei fam a ɛhɔ ne Yeriko di nhwɛanim no.

2 Sipor babarima Balak huu nea Israelfo ayɛ Amorifo no nyinaa, 3 na Moab huu Israelfo dodow a wɔwɔ no, ɔne ne nkurɔfo bɔɔ huboa.

4 Moabfo no ka kyerɛɛ Midian mpanyimfo no se, "Saa dɔm yi bɛwe biribiara a ɛwɔ ha no, sɛnea nantwi we sare."

Enti Sipor ba Balak a na ɔyɛ Moabhene saa bere no 5 somaa nnipa ma wɔkɔɔ Beor babarima Balaam nkyɛn Petor a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate ho. Balak kae se,

"Nnipadɔm bi fi Misraim aba. Wɔkata asase ani nyinaa na wɔabɛtena abɛn me. 6 Mɛsrɛ wo, bra na bɛdome wɔn ma me, efisɛ wɔyɛ den sen me. Ebia ɛbɛma matumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afi asase no so. Efisɛ minim nhyira a ɛba wɔn a wuhyira wɔn no so, na minim mmusu a ɛba wɔn a wodome wɔn no so nso."

7 Moab ne Midian mpanyimfo no fii a na wokita sika a wɔde rekotua Balaam ka ama wadome Israelfo no. Enti wɔkɔɔ Balaam nkyɛn kɔkaa nea ehia Balak no kyerɛɛ no.

8 Balaam kae se, "Monna mma ade nkye mo. Ade kye a, nea Awurade bɛkyerɛ me menyɛ no, mɛka akyerɛ mo." Enti Moab mpanyimfo no dae.

9 Anadwo no, Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn bebisaa no se, "Saa nnipa yi hefo?"

10 Obuae se, "Wɔde nkra afi Moabhene Balak nkyɛn abrɛ me se: 11 Nnipadɔm bi fi Misraim aba ne hye so. Enti bra na bɛdome wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ne wɔn ako apam wɔn."

12 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam se, "Nkɔ. Ɛnsɛ wodome wɔn, efisɛ mahyira wɔn!"

13 Ade kyee anɔpa no, Balaam ka kyerɛɛ Balak nkurɔfo no se, "Monsan nkɔ fie! Awurade ampene me ne mo nkɔ."

14 Enti Balak mpanyimfo no san bɛbɔɔ amanneɛ se, "Balaam ne yɛn amma."

15 Balak somaa nnipa dodow pa ara a anuonyamfo a wɔkyɛn kan dɔm no fra wɔn mu. 16 Wɔbaa Balaam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se,

"Sɛnea Sipor ba Balak se ni, Mma biribiara nsiw wo kwan wobɛba me nkyɛn, 17 efisɛ metua wo ka yiye. Bra na bɛdome saa nnipa no ma me.’ "

18 Nanso, Balaam buae se, "Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi nyinaa mpo a, merentumi nyɛ biribiara mmu saa ahyɛde a Awurade a ɔyɛ me Nyankopɔn no ahyɛ no so. 19 Nanso, monna ha mma ade nkye na yɛnhwɛ Awurade bɛka asɛm foforo bi aka nea waka dedaw no ho anaa."

20 Anadwo no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam se, "Esiane nnipa no abɛfrɛ wo no nti, Sɔre na wo ne saa nnipa no nkɔ na mmom, hwɛ yiye na nea mɛkyerɛ wo no nko ara."

21 Ade kyee anɔpa no, ɔhyehyɛɛ nʼafurum, tenaa ne so ne Moab mpanyimfo no sii mu. 22 Nanso, Onyankopɔn bo fuw Balaam ahopere a ɔde kɔe no; enti ɔsomaa Awurade bɔfo ma ogyinaa akwantemfi onsiw no kwan. Na Balaam te nʼafurum so a nʼasomfo baanu ka ne ho. 23 Afurum no huu Awurade bɔfo no okura afoa gyina kwan no mfimfini no, ɔman faa wuram. Balaam hwee no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛfa ɔkwan no so.

24 Na Awurade ɔbɔfo no gyina ɔkwan hiahiaa bi a ɛwɔ bobeturo afasu abien ntam. 25 Bere a afurum no huu Awurade bɔfo no, otwerii ɔfasu no ho maa Balaam nan pemee. Enti Balaam san hwee aboa no.

26 Afei, Awurade bɔfo no kɔɔ nʼanim kogyinaa baabi a ɛhɔ kyere pa ara a na afurum no nnya baabi nnan ne ho mfa nifa anaa benkum. 27 Enti obutuw ɔkwan no mu. Balaam bo fuw yiye ma ɔde abaa no hwee no. 28 Afei, Awurade buee afurum no ano, na obisaa Balaam se, "Mayɛ wo dɛn na nti a wohwe me mprɛnsa saa?"

29 Balaam nso buaa no se, "Woama mayɛ ɔkwasea! Na mikura afoa a, anka mekum wo mprempren."

30 Afurum no nso bisaa no se, "Menyɛ wʼafurum a woatena me so daa de abesi nnɛ? So mayɛ sɛɛ pɛn?"

Obuae se, "Dabi."

31 Afei, Awurade buee Balaam ani ma ohuu ɔsoro bɔfo no watwe afoa gyina ɔkwan no mfimfini. Enti ɔde nʼanim butuw fam.

32 Awurade bɔfo no bisaa no se, "Adɛn nti na woahwe wʼafurum no mprɛnsa saa? Maba merebesiw wo kwan, efisɛ wʼakwan mu no wunni ahwɛyie mʼanim. 33 Afurum no huu me a ɔman faa nkyɛn mprɛnsa. wamman a, anka mekum wo na magyaa no."

34 Balaam ka kyerɛɛ Awurade bɔfo no se, "Mafom. Na minnim wugyina ɔkwan no mu a worebesiw me kwan. wʼani nnye ho a mɛsan akɔ."

35 Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ no se, "Wo ne nnipa no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no nko ara na ka." Enti Balaam ne Balak mpanyimfo no kɔe.

36 Bere a Balak tee Balaam reba no, ofii kurow no mu kohyiaa no Moabfo kurow mu Arnon hye so, nʼasase ano. 37 Balak bisaa Balaam se, "Mamfrɛ wo ɔhare so ana? Adɛn nti na woamma me nkyɛn? So merentumi ntua wo ka ana?"

38 Balaam buae se, "Ɛwɔ mu maba de, nanso merentumi nka nea mepɛ biara. Asɛm a Onyankopɔn de bɛhyɛ mʼano no nko ara na ɛsɛ meka."

39 Balaam kaa Balak ho ne no kɔɔ Kiria-Husot. 40 Balak kum anantwi ne nguan bɔɔ afɔre na ɔde mmoa no bi maa Balaam ne ne mpanyimfo a wɔka ne ho. 41 Ade kyee anɔpa no, Balak faa Balaam de no kɔɔ Bamot-Baal atifi. Ofi too nʼani huu Israelfo no sam wɔn atenae .

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também