Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 33

Israelfo Akwantu

1 Eyi ne akwantu nhyehyɛe a Israelfo dii so bere a Mose ne Aaron de wɔn fi Misraim no. 2 Mose kyerɛw faako a wɔfaa nyinaa sɛnea Awurade kyerɛɛ no ɔnyɛ no. Eyinom ne mmeae ahorow a wɔsoɛɛ wɔn akwantu no mu.

3 Wosii mu fii Rameses kuropɔn no mu Twam Afahyɛ a edi kan no akyi ɔsram edi kan da ɛto so dunum. Wɔde akokoduru fii a Misraimfo no rehwɛ wɔn. 4 Saa bere no na Misraimfo no resie wɔn mmakan a Awurade kunkum wɔn anadwo a ade rebɛkye ama wɔatu kwan no, efisɛ na Awurade de atemmu aba wɔn anyame no nyinaa so.

5 Wofii Rameses no, wɔbɛbɔɔ atenae Sukot.

6 Wofii Sukot bɛbɔɔ atenae Etam, sare no ano.

7 Wofii Etam san wɔn akyi baa Pihahirot a ɛwɔ Baal-Sefon apuei fam, na wɔbɔɔ atenae bɛnee bepɔw Migdol.

8 Wofi Pihahirot, na wotwaa Po Kɔkɔɔ no kɔɔ sare so. Wɔde nnansa nantew faa Etam sare so kɔbɔɔ atenae Mara.

9 Wofii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na mmura dumien ne mmedua aduɔson .

10 Wofii Elim no, wɔbɔɔ atenae Po Kɔkɔɔ no ho.

11 Wofii Po Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenae Sin nweatam so.

12 Wotu fii Sin sare so kɔbɔɔ atenae Dofka.

13 Wofii Dofka kɔbɔɔ atenae Alus.

14 Wofii Alus kɔbɔɔ atenae Refidim, baabi a na wonnya nsu mma nnipa no nnom.

15 Wofii Refidim no, wɔkɔbɔɔ atenae Sinai sare so.

16 Wofii Sinai sare so no, wɔkɔɔ atenae Kibrot-Hataawa.

17 Wofii Kibrot-Hataawa no, wɔkɔbɔɔ atenae Haserot.

18 Wofii Haserot kɔbɔɔ atenae Ritma.

19 Wofii Ritma kɔbɔɔ atenae Rimon Peres.

20 Wofii Rimon Peres kɔbɔɔ atenae Libna.

21 Wofii Libna kɔbɔɔ atenae Risa.

22 Wofii Risa kɔbɔɔ atenae Kahelata.

23 Wofii Kahelata kɔbɔɔ atenae Sefer Bepɔw so.

24 Wofii Sefer Bepɔw so kɔbɔɔ atenae Harada.

25 Wofii Harada kɔbɔɔ atenae Makhelot.

26 Wofii Makhelot kɔbɔɔ atenae Tahat.

27 Wofii Tahat kɔbɔɔ atenae Tera.

28 Wofii Tera kɔbɔɔ atenae Mitka.

29 Wofii Mitka kɔbɔɔ atenae Hasmona.

30 Wofii Hasmona kɔbɔɔ atenae Moserot.

31 Wofii Moserot kɔbɔɔ atenae Beneyaakan.

32 Wofii Beneyaakan kɔbɔɔ atenae Horhagidgad.

33 Wofii Horhagidgad kɔbɔɔ atenae Yotbata.

34 Wofii Yotbata kɔbɔɔ atenae Abrona.

35 Wofii Abrona kɔbɔɔ atenae Esion-Geber.

36 Wofii Esion-Geber kɔbɔɔ atenae Kades, Sin sare so.

37 Wofii Kades kɔbɔɔ atenae Bepɔw Hor so, Edom hye ano. 38 Bere a woduu Bepɔw Hor ase no, Awurade ka kyerɛɛ ɔsɔfo Aaron se ɔnkɔ bepɔw no atifi, na ɛhɔ na okowui. Asɛm yi sii mfe aduanan so a Israelfo tu fii Misraim no. 39 Aaron dii mfe ɔha aduonu abiɛsa, bere a owuu Bepɔw Hor so no.

40 Saa bere no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb Kanaan asase so no tee Israelfo no reba nʼasase so.

41 Israelfo no toaa wɔn akwantu no so fi Bepɔw Hor so kɔbɔɔ atenae Salmona.

42 Wofii Salmona kɔtenaa Punon.

43 Wofii Punon kɔtenaa Obot.

44 Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hye so kɔtenaa .

45 Wofii no, wɔkɔtenaa Dibon Gad.

46 Wofii Dibon Gad kɔtenaa Almon Diblataim.

47 Wofii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔw a ɛbɛn Nebo no so.

48 Akyiri no, wotutu fii twaa mu Yeriko kɔbɔɔ atenae Moab tataw so Asubɔnten Yordan ho. 49 Wɔwɔ saa beae no, wɔtenaa mmeae bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan hoefi Bet-Yesimot kosi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tataw so no.

50 Bere a wɔabɔ atenase no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfo no se, 51 "mutwa Asubɔnten Yordan kodu Kanaan asase so a, 52 mompam nnipa a wɔte no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde abo ayɛ ne nsɔree a wɔasisi no petee mu mmepɔw so ne mmeae a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa. 53 Mede asase no ama mo. Momfa na montena so. 54 Munnyina ntontobɔ so nkyekyɛ asase no, sɛnea mo mmusua no te. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛse na wɔn a wosua no nso benya asase ketewa. Sɛnea ntonto no besi abɔ biara no na ɛbɛyɛ wɔn de. Monhwɛ mo agyanom mmusua so mfa nkyekyɛ.

55 "moampam nnipa a wɔte no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nsɔe. Wɔbɛhaw mo asase a mobɛtena so no so. 56 Na mede nea masusuw mɛyɛ wɔn no, bɛyɛ mo."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também