Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 32

Mmusuakuw A Wɔwɔ Yordan Agya

1 Na Ruben ne Gad mmusuakuw no nyɛmmoa pii, enti wuhuu Yaser ne Gilead nsase no beye ama wɔn nguan ne anantwi no. 2 Enti wɔkɔɔ Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no ntuanofo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, 3 "Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon 4 nsase a Awurade ako, agye ama Israelfo na eye ma yɛn nguan ne yɛn anantwi. 5 yɛanya adom mo anim a, yɛsrɛ mo momfa saa asase yi mma yɛn yɛn kyɛfa na munnyae Asubɔnten Yordan agya nohɔ a mopɛ mode ma yɛn no."

6 Mose nso bisaa Rubenfo ne Gadfo no se, "Mokyerɛ , mopɛ motena ha bere a mo nuanom atwa mu rekɔko? 7 Adɛn nti na mopɛ mubu Israelfo no aba mu ma wɔsan wɔrenkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so no? 8 Ade koro yi ara na mo agyanom yɛe. Mesomaa wɔn fii Kades-Barnea wɔnkɔsra asase no. 9 Wowiee nsra no na wofi Eskol subon mu bae no, wobuu nnipa no aba mu wɔnnkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so. 10 Da no Awurade abufuw sɔree na ɔkaa saa ntam yi: 11 Esiane wɔamfi wɔn koma nyinaa mu anni mʼakyi nti wɔn mu biara nni a bere a wɔrefi Misraim no a na wadi mfe aduonu anaa nea ɛboro saa a no behu asase a mehyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob ho no, 12 ɔbaako mpo nni , gye Kenesini32.12 Sɛnea 1 Mose 15.19 ne 36.11 kyerɛ no, Kenesifo yɛ Kanaanfo a wɔyɛ Esau asefo. Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa dii Awurade akyi, hyɛɛ nnipa nkuran wɔnkɔ Bɔhyɛ Asase no so.13 Awurade maa yekyinkyin sare no so mfirihyia aduanan kosii saa awo ntoatoaso amumɔyɛfo no nyinaa wuwui.

14 "Nanso monhwɛ, abɔnefo, moregyina mo agyanom anan mu ama Awurade bo afuw Israel nea ɛkyɛn so. 15 mosan fi nʼakyi a, ɔbɛsan agyaw ne nnipa no nyinaa sare so na wɔn sɛe no befi mo."

16 Wɔteɛɛ mu se, "Ɛnte saa koraa! Yɛbɛyɛ yɛn nguannan na yɛakyekyere nkurow akɛse ama yɛn mmea ne mmofra. 17 Na yɛn ankasa de akode bɛhyehyɛ yɛn ho adi Israelfo a wɔaka no anim akosi yɛde wɔn bɛba asomdwoe mu ama wɔabɛfa wɔn agyapade. Na nea edi kan no, ɛsɛ yɛkyekye nkurow a yebegye afasu afa ho ama yɛn nkurɔfo atena mu na ɛhɔfo no ankɔtow anhyɛ wɔn so. 18 Israelfo no nyinaa nsa nkaa wɔn agyapade no a, yɛrensan mma yɛn afi mu. 19 Yɛne wɔn renkyɛ Yordan agya asase biara, efisɛ yɛanya yɛn agyapade no Yordan apuei fam ."

20 Mose kae se, "mobɛyɛ sɛnea moaka no, mobɛhyehyɛ mo ho Awurade anim ama ɔko, 21 na mode mo asraafo no atwa Yordan kosi Awurade bɛpam nʼatamfo no, 22 na asase no ho asɛm dwo brɛoo Awurade anim a, ɛno de mutumi san ba. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ , moayɛ mo asɛde ama Awurade ne Israelfo nyinaa. Na asase a ɛda apuei no nso, Awurade de bɛma mo.

23 "moanni asɛm a moaka no so a, na moayɛ bɔne atia Awurade, munhu , ɛho asotwe bɛba mo so. 24 Monkɔ so nkyekyere nkurow mma mo fifo na monyɛ nguannan mma mo nguan na munni asɛm a mokae no nyinaa so."

25 Ruben ne Gad nkurɔfo no kae se, "Yebedi wʼahyɛde no so pɛpɛɛpɛ. 26 Yɛn mma, yɛn yerenom, yɛn nguan ne yɛn anantwi bɛtena Gilead nkuropɔn mu. 27 Nanso yɛn a wɔakyere yɛn asraafo no bɛko ama Awurade sɛnea woaka no."

28 Enti Mose penee so ka kyerɛɛ Eleasar, Yosua ne mpanyimfo a wotuatua Israel mmusuakuw ano no se, 29 "Gad ne Ruben abusuakuw mu mmarima nyinaa a wɔakyere wɔn ayɛ wɔn asraafo wɔnkɔko mma Awurade no ne me Yordan na wɔkɔko di nkonim a, momfa Gilead asase no mma wɔn; 30 na wɔankɔ a, ɛno de, wɔmpene so mfa nsase a mowɔ Kanaan asase so no bi."

31 Gad ne Ruben abusuafo kaa bio se, "Wo nkoa bedi Awurade asɛm so; 32 yɛde akode bɛhyehyɛ yɛn ho adi Awurade akyi akɔ Kanaan, nanso yɛn ara yɛn asase bɛda Yordan fa ha."

33 Enti Mose ma wɔde Amorihene Sihon ne Basanhene Og nsasetam ne wɔn nkurow akɛse maa Gad, Ruben ne Yosef babarima Manase mmusuakuw.

34 Gad nkurɔfo na wɔkyekyeree saa nkurow yi: Dibon, Atarot, Aroer. 35 Atrot-Sofan, Yaser Yogbeha, 36 Bet-Nimra ne Betharan. Na ɛyɛ nkurow a nguan mu yiye. 37 Ruben mmabarima na wɔkyekyeree saa nkurow a edidi so yi: Hesbon, Eleale ne Kiriataim, 38 Nebo, Baal-Meon a akyiri no wɔsesaa wɔn din, ne Sibma. Wɔtotoo nkurow a wɔsan kyekyee no din.

39 Makir asefo a wofi Manase abusuakuw mu kɔɔ Gilead kɔko dii so pam Amorifo a saa bere no na wɔte no nyinaa. 40 Enti Mose de Gilead maa Makirfo a wɔyɛ Manase asefo no, ma wɔtenaa . 41 Manase abusuakuw mu nnipa foforo bi a wofi Yair nso tenatenaa Gilead nkurow bebree so, sesaa beae a wɔwɔ no din frɛɛ Hafrotyair. 42 Ɔbarima bi a ne din de Noba dii asraafo bi anim de wɔn kɔɔ Kenat ne ne nkuraase kɔbɔɔ wɔn atenae enti ɔde ne din Noba too saa beae .

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também