Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 4

Kohar Mmabarima

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se: 2 "Kan Kohatfo no dodow a wɔwɔ Lewifo no abusua mu. 3 Saa nnipakan yi bɛyɛ mmarima nko ara a wɔadi fi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma Ahyiae Ntamadan mu.

4 "Kohat mma no dwumadi ne wɔbɛhwɛ akronkronne no so Ahyiae Ntamadan no mu. 5 wɔretu afi atenae a, Aaron ne ne mma mmarima na wobedi kan akɔ Ahyiae Ntamadan no mu akɔfa nkataanim no de akata adaka no ho. 6 Afei, wɔde abirekyi nhoma bɛkata nkataanim no ho na wɔde ntama tuntum akata abirekyi nhoma no ho na wɔde nnua a wɔde soa adaka no ahyehyɛ ne nkaa no mu.

7 "Afei, wɔmfa ntama tuntum nsɛw ɔpon a Daa Daa Brodo no da so no so; na wɔmfa mprɛte, nsanka, ne adidi nkankyee ne ɔnom afɔre nkuruwa no; brodo no ngu ntama no so ara. 8 Wɔde ntama kɔkɔɔ bɛkata so na wɔasan de abirekyi nhoma akata ntama kɔkɔɔ no so. Na afei, wɔde nnua a wɔde bɛsoa no ahyehyɛ ɔpon no mu.

9 "Ɛsɛ wɔde ntama tuntum kata kaneadua no, akanea no, adabaw no, nkuku apampaa no ne ngo tumpan no ho. 10 Saa nneɛma yi nyinaa nso wɔde abirekyi nhoma a ɛyɛ den bɛkata ho na wɔde nea wɔakyekyere no nyinaa abegu ɔpon no so.

11 "Ɛsɛ wɔde ntama tuntum kata sikakɔkɔɔ afɔremuka no so na wɔsan de abirekyi nhoma kata so bio na wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛ afɔremuka no mu.

12 "Hyiadan no mu som no ho nneɛma a aka no nyinaa, ɛsɛ wɔde ntama bibiri kyekyere ho a wɔde abirekyi nhoma asan akyekyere ho na wɔde ato mpata a wɔde soa no so.

13 "Ɛsɛ wotu nsõ no nyinaa fi afɔremuka no mu gu, na wɔde ntama kɔkɔɔ kyekyere ho. 14 Ɛsɛ wɔde afɔremuka no ho ɔsom nneɛma nyinaa gu ntama no so. Saa nneɛma no ne nkankyee a wɔnoa mu, adinam, sofi, ne nkankyee a wɔde nsu a wɔde pete gu mu. Ɛsɛ wɔde abirekyi nhoma kata ne nyinaa so na wɔde nnua a wɔde soa no gu faako a ɛsɛ wɔde gu.

15 "Aaron ne ne mma mmarima no wie kronkronbea nneɛma no anoboa a, Kohat ne nʼabusuafo bɛba abɛsoa akɔ baabiara a wɔretu nneɛma akɔ. Nanso wonni ho kwan wɔde wɔn nsa ka nneɛma a ɛho tew no bi. Wɔyɛ saa a, wobewuwu. Ɛsɛ Kohat mmabarima no soa nneɛma a ɛwɔ Ahyiae Ntamadan no mu no.

16 "Aaron babarima Eleasar a ɔyɛ ɔsɔfo no na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhuam, daa aduan a wɔde afɔre, ɔsra ngo ne Ahyiae Ntamadan no nyinaa so. Biribiara a ɛwɔ Ahyiae Ntamadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so."

17 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 18 "Monhwɛ wɔrentwa Kohatfo abusuakuw no mfi Lewifo mu. 19 wɔresoa nneɛma a ɛho tew no a, nea ɛsɛ wɔyɛ a wɔrenwuwu ni: Ɛsɛ Aaron ne ne mma mmarima no ne wɔn kɔkyerɛ wɔn ade a ɛsɛ wɔn mu biara soa. 20 Ɛnsɛ Kohatfo no kɔhwɛ akronkronne no koraa, na wɔanwuwu."

Gerson Mmabarima

21 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 22 "Kan Gerson asefo a wɔfra Lewifo abusua mu no, 23 fi mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma kronkron Ahyiae Ntamadan mu no so.

24 "Gerson mmusua no dwuma a wobedi ni: 25 Wɔbɛsoa ntama a etwa Ahyiae Ntamadan mu , Ahyiae Ntamadan no ankasa ne nea ɛkata ho, abirekyi nhoma nkuruso ne ntama a ɛsɛn Ahyiae Ntamadan no ano no. 26 Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adiwo fasu no ho no. Wɔbɛsoa ntama a etwa adiwo kwan no ano ne afɔremuka ne Ahyiae Ntamadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔremuka no, ntampehama ne nea ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ wɔhwɛ twe eyinom nyinaa. 27 Aaron anaa ne mmabarima no bi tumi ma Gerson asefo no bi dwuma di. 28 Eyi ne Gersonfo no adwuma Ahyiae Ntamadan no mu. Ɛsɛ wodi Aaron ba Itamar a ɔyɛ ɔsɔfo no nan ase.

Merari Mmabarima

29 "Kan Merari asefo a wɔfra Lewifo abusua mu no. 30 Kan mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum so a wobetumi ayɛ adwuma Ahyiae Ntamadan mu . 31 wɔpagyaw Ahyiae Ntamadan no a, wɔn na ɛsɛ wɔsoa ne nnyinaso, nnua a esisi mu, ne nsisiso, 32 mpuran a wɔde yɛɛ adiwo afasu no ne ne nsisiso, nnyinaso, ntampehama ne biribiara a wɔde di ho dwuma. Fa dwumadi ahorow no hyɛ nnipa a wobɛbobɔ wɔn din no nsa. 33 Merari asefo no, Aaron babarima Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn so."

34 Enti Mose ne Aaron ne mpanyimfo no bi kɔkan Kohatfo

35 a mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum nyinaa a wobetumi ayɛ Ahyiae Ntamadan mu adwuma ka ho, 36 na wohuu wɔn nyinaa dodow mpem abien ne ahanson aduonum. 37 Eyinom ne Kohat asefo dodow a na wɔsom Ahyiae Ntamadan no mu Wɔyɛɛ eyinom nyinaa de dii Awurade ahyɛde a ɔmaa Mose no so.

38 Wɔkan Gersonfo no mmusua ne wɔn mmusuakuw.

39 Wɔkan mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma Ahyiae Ntamadan no mu. 40 Wɔn nyinaa dodow yɛɛ mpem abien ahansia ne aduasa. 41 Enti na Gersonfo a wɔfata wɔsom Ahyiae Ntamadan no mu no nyinaa dodow ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no.

42 Merarifo no nso, wɔkan wɔn mmusua ne wɔn mmusuakuw.

43 Wɔkan wɔn mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum a wɔfata wɔyɛ adwuma Ahyiae Ntamadan no mu. 44 Wɔn nyinaa dodow yɛɛ mpem abiɛsa ne ahannu. 45 Enti Merarifo a wɔfata wɔsom Ahyiae Ntamadan no mu no nyinaa dodow ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

46 Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanyimfo nam Lewifo no mmusua ne wɔn afi so kan wɔn nyinaa. 47 Mmarima a na wɔadi fi mfe aduasa kosi mfe aduonum no nyinaa a na wɔfata wɔyɛ adwuma Ahyiae Ntamadan no mu no ne wɔn a wɔbɛsoa akɔ no 48 dodow mpem ahanwɔtwe ahannum ne aduɔwɔtwe.

49 Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ Mose no nti na wɔnam so kan nnipa no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também