Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 13

Akwansrafo Kanaan Asase So

1 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 "Soma akwansrafo na wɔnkɔ Kanaan asase so; asase a mede rema Israelfo no. Soma mmusuakuw dumien no mu biara ntuanoni."

3 Enti Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumien a wɔn nyinaa mmusuakuw ntuanofo fi wɔn atenae Paran sare so.

4 Saa mmusuakuw no ne wɔn mpanyimfo no din na edidi so yi:

Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sakur babarima Samua;

5 Simeon abusuakuw no ntuanoni ne Hori babarima Safat;

6 Yuda abusuakuw no ntuanoni ne Yefune babarima Kaleb;

7 Isakar abusuakuw no ntuanoni ne Yosef babarima Igal;

8 Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Nun babarima Hosea;

9 Benyamin abusuakuw no ntuanoni ne Rafu babarima Palti;

10 Sebulon abusuakuw no ntuanoni ne Sodi babarima Gadiel;

11 Manase abusuakuw (a ɛyɛ Yosef abusuakuw no mu fa) no ntuanoni ne Susi babarima Gadi;

12 Dan abusuakuw no ntuanoni ne Gemali babarima Amiel;

13 Aser abusuakuw no ntuanoni ne Mikael babarima Setur;

14 Naftali abusuakuw no ntuanoni ne Wofsi babarima Nahbi;

15 Gad abusuakuw no ntuanoni ne Maki babarima Geuel.

16 Nnipa yi na Mose somaa wɔn ma wɔkɔsraa Kanaan asase no. Mose na ɔmaa Nun ba Hosea din Yosua.

17 Mose ka kyerɛɛ wɔn se, "Monkɔ atifi fam Negeb bepɔw no so. 18 Monhwɛ sɛnea ɛhɔ asase no te; na monhwɛ wɔn a wɔte no nso tebea wɔwɔ ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛw, wɔdɔɔso anaa wosua. 19 Asasesu bɛn na wɔte so? Eye anaasɛ enye? Nkurowsu bɛn na wɔtete mu? Ɛdeda petee anaasɛ afasu wowɔ ho? 20 Dɔte no te dɛn? Srade mu anaasɛ ɛyɛ kwaboo? Nnua so anaasɛ nnua nni so? Mommɔ mmɔden na momfa ɛhɔ nnɔbae no bi mmra." Saa bere no na wɔretew bobe aba kan.

21 Enti wɔkɔsraa asase no fi Sin sare so kosii Rehob a ɛbɛn Hamat no. 22 Wɔfaa atifi fam kɔfaa Negeb beduu Hebron. Ɛhɔ na wohuu Anak asefo a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron kurow dedaw. Wɔkyekyeree saa kurow no mfe ason ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no. 23 Woduu Eskol bon mu no, wotwaa mman a bobe kasiaw so. Mmarima baanu na wɔworaa no dua soa kaa borɔdɔma aba ho de kɔe. 24 Saa bere no, Israelfo no too subon din "Eskol bon mu" a nkyerɛase ne "Kasiaw," efisɛ wohuu bobe kasiaw pii . 25 Adaduanan akyi no, wofii wɔn akwansra no mu bae.

26 Wɔkaa nea wokohui nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran sare so Kades na wɔde aduaba a wɔde bae no kyerɛe. 27 Asɛm a wɔbɛkae ne , "Yeduu asase a wosomaa yɛn yɛnkɔsra so no so, na ɛwo ne nufusu sen so ampa! Ɛso aduaba a yɛde bae ni. 28 Nanso na nnipa a wɔtete no den. Wɔn nkurow no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yehuu Anak asefo mpo. 29 Amalekfo te anafo na Hetifo, Yebusifo ne Amorifo nso tete mmepɔw so. Na Kanaanfo nso tete Ntam Po no ne Yordan subon ho."

30 Na Kaleb bɔɔ nnipa no ano Mose anim kae se, "Momma yɛmforo nkɔ prɛko na yɛnkɔfa asase no, efisɛ yebetumi adi wɔn so nkonim."

31 Nanso mmarima a wɔne no kɔe no kae se, "Yɛrentumi nkɔtoa saa nnipa yi; wɔn ho den sen yɛn." 32 Na wɔde asɛm a ɛmma akomatɔyam fa asase a wɔkɔsraa so no ho tene faa Israelfo no mu nyinaa. Wose, "Asase a yɛkɔsraa so no sofo no awudifo nkutoo. Nnipa a yehuu wɔn no abran. 33 Yehuu Anakfo no bi a efi awo ntoatoaso mu wɔyɛ abran no. yɛne wɔn gyina a, na yɛayɛ te nketekre yɛn ani so. Na saa ara nso na yɛyɛɛ wɔn ani so."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também