Pular para o conteúdo
Publicidade

Consolador

Por Bíblia Online

O Espírito Santo é o Consolador prometido por Jesus. Ele consola os aflitos, fortalece os fracos e nos assegura que nunca estaremos sós.

O Consolador prometido

Jesus prometeu: Eu rogarei ao Pai e Ele vos dará outro Consolador para que fique convosco para sempre.

Mebisa Agya no na wama mo ɔboafo foforo a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokware nyinaa adi no na ɔne mo atena daa.

Merennyaw mo ayisaa; mɛsan aba mo nkyɛn bio.

Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafo a Agya no bɛsoma no me din mu no bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no.

"Mɛsoma ɔboafo a ɔyɛ nokware Honhom a ofi Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabedi me ho adanse akyerɛ mo.

Nanso meka nokware kyerɛ mo; eye ma mo mɛkɔ, efisɛ mankɔ a ɔboafo no remma mo nkyɛn, nanso mekɔ a mɛsoma no aba mo nkyɛn.

Consolo divino

Bendito seja o Deus de toda consolação. Ele nos consola em toda tribulação e enxuga toda lágrima de nossos olhos.

Onyankopɔn Boa Yɛn

Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekye nyinaa fi no no ase. Ɔkyekye yɛn werɛ yɛn amane nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekye a yɛn ankasa anya afi Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekye afoforo a wɔwɔ amane ahorow mu no werɛ.

Sɛnea yɛahu amane Kristo mu no, saa ara nso na yenya Kristo awerɛkyekye a ɛdɔɔso no.

Onyankopɔn a yenya boasetɔ ne nkuranhyɛ fi ne nkyɛn no mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi,

Bere a me dadwen dɔɔso no,

wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam.

Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade;

ogyee me so, na ɔma me dee me ho.

Osukɔm renne wɔn bio;

ɔkɔm renne wɔn bio.

Owia anaa ɔhyew biara renka wɔn bio.

Efisɛ Oguamma no a ɔwɔ ahengua no mfimfini no

bɛyɛ wɔn guanhwɛfo

de wɔn akɔ nkwa asuti ho.

Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisu nyinaa."

"Me, me ara, mene wo werɛkyekyefo.

Hena ne wo a wusuro ɔdesani,

nnipa mma a wɔyɛ sare yi.

Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow,

na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekye wɔn werɛ.

Seja o primeiro