Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Coríntios 1

Nkyia

1 Saa krataa yi fi Paulo a Onyankopɔn ayi no Kristo Yesu somafo no ne Timoteo a ɔyɛ yɛn nuanom no mu baako nkyɛn,

Wɔde saa krataa yi rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefo a wɔwɔ Akaiaman mu no nyinaa:

2 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Onyankopɔn Boa Yɛn

3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekye nyinaa fi no no ase. 4 Ɔkyekye yɛn werɛ yɛn amane nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekye a yɛn ankasa anya afi Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekye afoforo a wɔwɔ amane ahorow mu no werɛ. 5 Sɛnea yɛahu amane Kristo mu no, saa ara nso na yenya Kristo awerɛkyekye a ɛdɔɔso no. 6 Mo awerɛkyekye ne mo nkwagye nti yehu amane. Efisɛ Kristo kyekye yɛn werɛ a yɛn nso yɛnam so betumi akyekye mo werɛ. Ɛno bɛma moanya ntoboase ahu amane yɛn nso. 7 Enti gyidi a yɛwɔ mo mu no nhinhim. Yenim , sɛnea mo ne yɛn hu amane no, saa ara nso na munya awerɛkyekye a yenya no bi.

8 Anuanom, yɛpɛ yɛtwe mo adwene ba ɔhaw a ɛtoo yɛn Asia mantam mu no so. Amane a yɛfaa mu no so, na na emu duru enti yɛn asetena mu anidaso nyinaa yerae. 9 Nokware mu, yegye too mu yɛrebewu. Saa asɛm yi sii, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ankasa so, na mmom yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a ɔma awufo sɔre no so. 10 Wayi yɛn afi saa owu amanehunu yi mu na ɔbɛkɔ so agye yɛn. Ɔno na yɛde yɛn ani ato no so , mokɔ so mpae ma yɛn a, 11 obegye yɛn bio. Eyi kyerɛ obebua mpae dodow biara a mobɔ ma yɛn no, na Onyankopɔn behyira yɛn, na dodow no ara ama wɔn nne so de ada no ase ama yɛn.

Paulo Sesa Ne Nhyehyɛe

12 Yɛhoahoa yɛn ho yɛn ahonim mmu yɛn , yɛatena ase nokwaredi mu, ne titiriw ne bere a yɛwɔ mo nkyɛn no. Ɛnyɛ wiase nyansa na ɛkyerɛ yɛn kwan. Mmom, yɛn akwankyerɛ fi Onyankopɔn adom no mu. 13 Nsɛm a mubetumi akenkan ate ase nko na yɛkyerɛw de brɛ mo. Mewɔ anidaso mobɛte biribiara a 14 monte ase yiye no ase daakye sɛnea ɛbɛyɛ a da a Awurade Yesu bɛba no, mode yɛn bɛhoahoa mo ho na yɛn nso yɛde mo ahoahoa yɛn ho.

15 Na minim saa asɛm yi bɛba mu. Ɛno nti na mehyehyɛɛ mɛba abɛsra mo na moanya nhyira mprenu. 16 Meyɛɛ mʼadwene , merekɔ Makedonia a mɛba mo nkyɛn, na meresan nso a, mafa mo nkyɛn ansa na makɔ Yudea. 17 Modwene mantumi ansi mʼadwene pi nea ɛsɛ meyɛ hoa ana? Anaasɛ mete obi a ɔka se "Yiw" anaa "Dabi" sɛnea ɛbɛsɔ afoforo ani?

18 Onyankopɔn ɔnokwafo. Enti meka se yɛn mmuae "Yiw" bere biara a ɛyɛ "Yiw", ɛnyɛ "Dabi" da. 19 Efisɛ Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnka "Yiw" ne "Dabi" da. Bere biara odi nʼasɛm so. 20 Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Eyi nti yɛnam Yesu Kristo so ka "Amen" de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. 21 Afei Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn 22 faa yɛn ne de, na ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn koma mu de sii nea ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua.

23 Mefrɛ Onyankopɔn mʼadanse. Onim me koma mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya kwan agye mo ahome nti na mankɔ Korinto no. 24 Ɛnyɛ yɛn adwene ne yɛbɛhyɛ mo ama moagye biribi adi, na mmom mo ahotɔ nti na yɛne mo adwuma. Efisɛ ɛnam mo ankasa gyidi so na mubegyina pintinn.

Veja também