Pular para o conteúdo
Publicidade

Contentamento

Por Bíblia Online

O contentamento é a arte de estar satisfeito com o que Deus provê. Não é conformismo, mas confiança de que Deus supre toda necessidade segundo suas riquezas.

Aprender a estar contente

Aprendi a viver contente em toda situação. O contentamento com a piedade é grande fonte de lucro.

Menka saa asɛm yi nkyerɛ ahia me efisɛ me suahu nti, tebea biara a mekɔ mu no nhaw me.

Minim ohia, nim ahonya; masua saa ahintasɛm yi, enti baabiara ne bere biara, ɔkɔm de me anaa mamee, mewɔ bebree anaa kakraa bi no, mepɛ no saa ara.

Onyamesom pa a abodwo mu adenya kɛse.

Yɛamfa hwee amma wiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ. Ɛno nti yɛwɔ aduan ne ntama a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn.

Livre da avareza

Guardai-vos da ganância. Seja o viver sem cobiça, contentando-vos com o que tendes. Deus nunca nos desamparará.

Ɔtoaa so se, "Monhwɛ mo ho yiye adifudepɛ ho efisɛ onipa nkwa nnyina nʼahonya dodow a ɔwɔ so."

Nyaatwomyɛ Ho Kɔkɔbɔ

Nnipa mpempem kyeree so a wonnya baabi ntu wɔn anan nsi mpo no, Yesu dii kan kasa kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Monhwɛ mo ho so yiye Farisifo nyaatwom a ɛte mmɔkaw no ho. Biribiara a wɔyɛ no kokoa mu no bɛda adi na nea ahintaw no nso bepue. Enti nea moaka sum mu no, wɔbɛte hann mu. Na nea moaka no asomsɛm adan mu no, wɔbɛbɔ no dawuru.

Onipa A Munsuro No

"Me nnamfonom, mereka akyerɛ mo se, munnsuro wɔn a wokum nipadua na ɛno akyi wontumi nyɛ hwee bio no. Na mɛkyerɛ mo nea ɛsɛ musuro no. Munsuro nea wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi ɔtow kyene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo se, oyi na munsuro no. Wɔntɔn nkasanoma anum nnye sika kakraa bi? Nanso Onyankopɔn werɛ remfi wɔn mu baako po da. Mo tinwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro, efisɛ mosom bo sen nkasanoma pii.

Kristo Ne Honhom Kronkron

"Na mereka akyerɛ mo se, obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din Onyankopɔn abɔfo no anim. Na nea ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfo anim. Obiara a ɔbɛkasa atia Kristo no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da.

"wɔde mo ba mpanyin anim hyiadan mu a, munnnwinnwen nsɛm a mobɛka anaasɛ nea mode beyi mo ho ano no ho, efisɛ saa bere no ara mu na Honhom Kronkron no bɛkyerɛ mo nea ɛsɛ moka."

Adifudepɛ Ho Kɔkɔbɔ

Obi fi nnipa no mu ka kyerɛɛ Yesu se, "Kyerɛkyerɛfo, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapade a yɛn agya de agyaw yɛn no."

Yesu buaa no se, "Damfo, hena na ɔyɛɛ me mo so otemmufo ne ɔsɛnnifo?" Ɔtoaa so se, "Monhwɛ mo ho yiye adifudepɛ ho efisɛ onipa nkwa nnyina nʼahonya dodow a ɔwɔ so."

Afei obuu wɔn yi se, "Ɔdefo bi a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbae pii. Esiane na ne nnɔbae no nkɔ pata a wabɔ no so nti ɛyɛɛ no dadwen ma obisaa ne ho se, Minnya baabi a mede me nnɔbae bebrebe yi begu menyɛ no dɛn?

"Afei ɔkae se, Minim nea mɛyɛ. Mebubu me pata yi nyinaa na mabɔ no akɛse de nea mewɔ nyinaa asie . Na maka akyerɛ me kra se, "Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom, efisɛ wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfe bebree!" 

"Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, Ɔkwasea! Anadwo yi ara wobegye wo kra afi wo nsam, na hena na nneɛma bebree a woapɛ agu yi, wode begyaw no?

"Ɛno nti saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapade ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefo Onyankopɔn anim ne no."

Fa Wo Ho To Onyankopɔn So

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura. Monhwɛ kwaakwaadabi, wonnua aba na wontwa. Saa ara nso na wonni pata a wɔde wɔn nnɔbae sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduan di. Monsom bo nsen wɔn ana? Mo mu hena na ɔdwene a adwennwene no betumi ato ne nkwa nna so simmasin? Na muntumi nyɛ ade ketewaa a ɛte sɛɛ mpo a, adɛn na mudwinnwen nneɛma akɛse ho?

"Monhwɛ sɛnea sukooko nyin. Wɔnyɛ adwuma, na wɔnnwen ntama mfura. Nanso Salomo ahonya ne nʼanuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnu wuram nhwiren yi. Mo a mo gyidi hinhim, Onyankopɔn siesie wuram nhwiren a efifi nnɛ na ɔkyena awu no ho ma ɛyɛ a, adɛn nti na ɔrensiesie mo nso mo ho mma ɛnyɛ . Saa ara nso na munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom ho. Saa nneɛma yi na wiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo de, mo Agya nim eyinom nyinaa ho hia mo. Enti monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni kan na ɔde eyinom nyinaa bɛma mo.

"Kuw ketewa, munnsuro efisɛ ɛyɛ mo Agya no ɔde ahenni no bɛma mo. Montontɔn mo ahode na monkyɛ ahiafo ade. Eyi bɛma mo agyapade a ɛwɔ ɔsoro no ayɛ pii. Monhyehyɛ mo agyapade ɔsoro, nea owifo ntumi nkowia na mfɔte ntumi nkɔwe. Na nea wʼagyapade no, ɛhɔ na wo koma nso ."

Monwɛn

"Munnyina pintinn na momma mo akanea nhyerɛn, na monyɛ wɔn a wɔretwɛn wɔn wura a ɔkɔ ayeforohyia ase na ɔba na ɔbɔ pon mu a, wobebue no ntɛm no. Wɔn a wɔn wura no ba a ɔbɛba abɛto wɔn wɔretwɛn no no ani begye. Ɔbɛto wɔn pon na ɔno ankasa asom wɔn. ɔba ɔdasu mu anaa ahemadakye mpo a asomfo a ɔbɛba abɛto wɔn wɔrewɛn no no ani begye. Ɛsɛ muhu , ofiwura nim bere a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn na owifo no annya ne ho kwan ammɛbɔ no korɔn. Enti munsiesie mo ho, efisɛ Onipa Ba no bɛba bere a mo ani nna so ɔbɛba."

Petro bisaa Yesu se, "Awurade, worebu yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?"

Yesu buaa no se, "Merekasa akyerɛ ɔsomfo nokwafo nyansafo biara a ne wura de ne fi sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduan ne bere mu. Nhyira ne ɔsomfo a ne wura no bɛba abɛto no wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ. Meka mo nokware se ɔde nea ɔwɔ nyinaa bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ so! Na ɛba saa ɔsomfo yi nso ka se, Me wura nnya mmaena ɛno nti, ɔhwe asomfo a wɔaka no, na odidi, nom nsa bow a, ne wura no bɛba da a nʼani nna so ɔbɛba. Na ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso dennen na wabu no obi a onnye Onyankopɔn nni.

"Ɔsomfo a onim nea ne wura , na wanyɛ ne wura no apɛde no wɔbɛbɔ no mmaa pii. Na ɔsomfo a onnim nea ne wura na enti ɔyɛɛ nea ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wobebisa pii afi ne nkyɛn; na nea wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, obebu bebree ho akontaa."

Mpaapaemu

"Maba merebɛsɔ ogya asase so na asɔ dedaw a, na nea merehwehwɛ ara ne no. Asubɔ bi a wɔde bɛbɔ me a, ɛde me bɛkɔ amanehunu mu, na merennya ahotɔ, gye wɔabɔ me saa asu no ansa. Mususuw mebae mede asomdwoe reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoe na mede bae na mmom mpaapaemu. Efi nnɛ, mpaapaemu bɛba afi mu, baasa bɛba mʼafa na baanu atia me anaasɛ baanu bɛba mʼafa na baasa atia me. Agya ne ne babarima renyɛ adwene, ɔbabea ne ne na renyɛ adwene, ase ne asebea adwene renhyia."

Na ɔka kyerɛɛ nnipakuw no nso se, "muhu osu amuna atɔe a, ntɛm ara, moka se, Osu bɛtɔ! Na osu ampa. Saa ara nso na muhu mframa fi anafo reba a, moka se, Ahuhuru bɛba!Na ɛba mu ampa. Mo nyaatwomfo! Mutumi kyerɛ wim nsakrae ase, nanso nneɛma a nnɛ yi atwa mo ho ahyia, ne nea ɛbɔ mo kɔkɔ no de, munhu.

"Adɛn nti na munim nea eye na monyɛ? wode obi ka a, mmɔden kohu no na wone no nka ho asɛm na wamfa wo ankɔ asennii amma otemmufo amfa wo anto afiase. woanyɛ no saa a, ɔbɛma woatua ka a wode no no nyinaa ansa na wagyaa wo."

Munyi sikanibere mfi mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ nea mo nsa ka. Efisɛ Onyankopɔn aka se,

"Merennyaw wo,

na merempo wo da."

"Eyi nti na mitu mo fo se, munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura.

Mo ne afoforo ntena asomdwoe mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfo. Mummmu mo ho anyansafo.

Kakraa bi a wɔnam trenee kwan so nya no ye

sen mfaso pii a wɔnam ntɛnkyew so nya.

Paz e confiança

Quando sou fraco, sou forte. Na presença de Deus encontramos contentamento que o mundo não pode oferecer.

Esiane Kristo nti, mepene mmerɛwyɛ, ɔyaw, amanehunu, ɔtaa ne akwanside so. Efisɛ me mmerɛwyɛ mu no na meyɛ den.

Eyi maa Hiob sɔre gyinaa , sunsuan nʼatade mu na oyii ne tinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade kae se,

"Adagyaw na mede fi me na yam bae,

na adagyaw na mede bɛsan akɔ.

Awurade de mae, na Awurade afa;

nhyira nka Awurade din!"

Filipo bisaa no se, "Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, efisɛ nea yɛrehwehwɛ ara ne no."

Seja o primeiro