Pular para o conteúdo
Publicidade

Ɛster 6

Ɔhene Mordekai Aba So

1 Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, nti ɔmaa ɔsomfo bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa bae wɔnkenkan nkyerɛ no. 2 Ohuu sɛnea Mordekai kɔdaa pɔwbɔ bi adi, nea Bigtana ne Teres a na wɔyɛ piamfo baanu a na wɔwɛn ɔhene no apon ano no pamee nkrataa no mu. Wɔpam ɔhene no ti so wobekum no. 3 Ɔhene no bisae se, "Dɛn akatua anaa nkae ade bɛn na wɔde ama Mordekai eyi ho?" Asomfo no buae se, "Wɔnyɛɛ hwee mmaa no ɛ."

4 Ɔhene no bisae se, "Hena na ɔhyɛ akyi adiwo no?" Ɛbae , na afei na Haman abedu ahemfi adiwo a ɛwɔ akyi no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai dua a wasi no so.

5 Nʼasomfo no buaa ɔhene no se, "Haman na ɔhyɛ ."

Ɔhene no kae se, "Momfa no mmra mu."

6 Enti Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisae se, "Dɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokware, ɔsɔ mʼani no anuonyam?"

Haman bisaa ne ho se, "Hena na ɔfata ɔhene hyɛ no anuonyam sen me?" 7 Enti obuae se, "ɔhene ɔhyɛ obi anuonyam a, 8 ɛsɛ ɔde nʼankasa ahentade mu baako ne nʼankasa pɔnkɔ a adehye nsɛnkyerɛnne ne moma so no ba. 9 Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a odi mu yiye, na ɔmfa ahentade nhyɛ no, na onni nʼanim mfa no mmra aguabɔbea a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ mmapɔmma no gye no akurum se, Saa na ɔhene wɔn a ɔpɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no!’ "

10 Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman se, "Eye koraa! Ka wo ho kɔfa ahentade no ne me pɔnkɔ no, na sɛnea wopɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfi pon ano no. Mma wo werɛ mmfi wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no."

11 Enti Haman faa ahentade no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kurow no aguabɔbea a na ɔpae di nʼanim se, "Saa na ɔhene wɔn a ɔpɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no."

12 Akyiri no, Mordekai san kɔɔ ahemfi pon no ano, na Haman de ɔyaw a ano den ne aniwu yɛɛ ntɛm kɔɔ fie. 13 Bere a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amanneɛ no, wɔkae se, "Esiane Mordekai a oguu wʼanim ase yi Yudani nti, nhyehyɛe biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yiye. wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo." 14 Bere a wogu so rekasa no, ɔhene piamfo no bae wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster aponto a wasiesie no ase.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também