Pular para o conteúdo
Publicidade

Ɛster 1

Ɔhene Aponto

1 Saa asɛm yi sii ɔhene Ahasweros a odii amantam ɔha aduonu ason so, fi India kosi Etiopia no bere so. 2 Saa bere no na ɔte ahengua so Susa aban mu de di nʼahemman no so. 3 Nʼahenni mfe abiɛsa so no, ɔtoo pon kɛse maa nʼahenemma ne ne mpanyimfo. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafo mpanyimfo a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa, ne atitiriw ne amantam mu mpanyimfo. 4 Afahyɛ no dii asram asia, na ɔdaa nʼaheman mu sika mpempem ne emu anuonyam adi. 5 Eyi nyinaa twaa mu no, ɔhene no too pon sononko bi maa ahemfi asomfo ne mpanyimfo no nyinaa, efi ɔkɛse so de kosi ɔketewa so. Edii nnanson, na wɔyɛɛ no Susa ahemfi adiwo turo mu. 6 Wɔde ntama fɛfɛ hanahana fitaa ne tuntum a wɔanwen mu sensɛn adiwo . Na wɔde ahama kɔkɔɔ akyekyere ahyɛ dwetɛ nkaa a ɛhyehyɛ abohemaa afadum mu. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkongua sisi abohemaa ne abohyɛn ne abobiri ne aboɔdemmo ahorow nsɛso so. 7 Wɔde nsakuruwa a wɔadi ho adwinni ahorow papa bi somee, na adehyesa buu so , sɛnea ɔhene hyɛe no. 8 Nhyehyɛe a na ɛwɔ nsanom no ho ara ne , ɛnsɛ wɔhyɛ obi ma ɔnom boro nea obetumi so. Nanso wɔn a wobetumi anom no de, wɔnom sɛnea wɔpɛ, efisɛ na ɔhene no aka akyerɛ ne fifo no se obiara betumi anom sɛnea ɔpɛ.

9 Ɔhemmea Wasti too pon maa ahemfi mmea no saa bere koro no ara mu.

Wotu Ɔhemmea Wasti Ade So

10 Afahyɛ no nnanson so a nsa afa ɔhene Ahasweros ani so kakra no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas a wɔyɛ piamfo baason a wɔhwɛ no no se 11 wɔmfa ɔhemmea Wasti a ɔhyɛ ahemmea kyɛw no mmrɛ no. Na ɔpɛ mmarima nyinaa hwɛ nʼahoɔfɛ, efisɛ na ɔyɛ ɔbea hoɔfɛfo pa ara. 12 Nanso wɔde ɔhene frɛtumi nkra kɔmaa ɔhemmea Wasti no, wamma. Eyi maa ɔhene ani bere yiye, maa abufuw hyɛɛ no ma.

13 Esiane na ɛyɛ amanne ɔhene bebisa nʼafotufo a wonim Persia mmara ne nʼamanne ne nea ɛsɛ ɔyɛ nti, ɔne wɔn a wɔte mmere ase 14 na wɔbɛn ɔhene no Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, a wɔyɛ akunini baason a wofi Persia ne Media, na wɔyɛ ne nnamfo a wokura dibea akɛse ahemman no mu no kasae. 15 Ɔhene no bisae se, "Dɛn na menyɛ ɔhemmea Wasti? Asotwe bɛn na mmara no kyerɛ wɔmfa mma ɔhemmea a mesomaa me piamfo wɔnkɔfrɛ no mmra na wamma no?"

16 Na Memukan buaa ɔhene no ne ahenemma no se, "Ɛnyɛ ɔhene no nko na ɔhemmea Wasti afom, na wafom ɔpanyin biara ne ɔmanfo a wɔwɔ wʼahenni no mu no nyinaa. 17 mmea a wɔwɔ ɔman yi mu te ɔhemmea Wasti ankɔ ɔhene frɛ no a, wobefi ase atwiri wɔn kununom. 18 Ansa na ade bɛkyɛ no, yɛn yerenom, wo mpanyimfo yerenom nyinaa bɛte nea ɔhemmea no yɛe, na wɔafi ase akasa wɔn kununom ɔkwan koro no ara so. Na ntwirii no ne abufuw no to rentwa da wʼaheman mu ha.

19 "Enti ɔhene bɛpene so a, yesusuw , ebeye ɔhene bɛhyɛ mmara a wɔakyerɛw no Persiafo ne Mediafo mmara mu a wontumi nsakra mu. Ɛsɛ ɛhyɛ wɔmpam ɔhemmea Wasti mfi wʼani so, na wonsi ɔhemmea foforo a ɔsom bo kyɛn no. 20 wɔde saa mmara yi to gua ma obiara te wʼaheman kɛse yi mu a, mmea awarefo de obu a ɛsɛ na ɛfata bɛma wɔn kununom."

21 Ɔhene no ne nʼahenemma no faa Memukan afotu no ɛyɛ adwene pa, enti wodii so. 22 Ɔkyerɛw nkrataa kɔɔ nʼaheman no mu mmaa nyinaa. Ɔkyerɛw ɔmantam biara ne kasa mu, ɔbarima biara nni ne fi so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também