Cura
A cura é promessa e poder de Deus. Jesus curou toda enfermidade e todo mal. As Escrituras declaram que pelas suas pisaduras fomos sarados — cura do corpo, da alma e do espírito.
Pelas suas pisaduras
Ele foi ferido pelas nossas transgressões e moído pelas nossas iniquidades. Pelas suas pisaduras fomos sarados.
Nanso yɛn mmarato nti na wopiraa no,
yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no;
asotwe a ɛde asomdwoe brɛɛ yɛn no daa no so,
na nʼapirakuru mu na yenya ayaresa.
Nanso yɛn mmarato nti na wopiraa no,
yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no;
asotwe a ɛde asomdwoe brɛɛ yɛn no daa no so,
na nʼapirakuru mu na yenya ayaresa.
Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛwyɛ,
na ɔsoaa yɛn awerɛhow,
nanso yebuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso.
Yebuu no sɛ, Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛw no.
Nanso yɛn mmarato nti na wopiraa no,
yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no;
asotwe a ɛde asomdwoe brɛɛ yɛn no daa no so,
na nʼapirakuru mu na yenya ayaresa.
"Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne" wɔ ne honam mu kɔɔ asennua no so sɛnea yebewu ama bɔne na yɛatena ase wɔ trenee mu. "Nʼakuru mu na moanya ayaresa.
"Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne" wɔ ne honam mu kɔɔ asennua no so sɛnea yebewu ama bɔne na yɛatena ase wɔ trenee mu. "Nʼakuru mu na moanya ayaresa.
Jesus, o curador
Jesus percorreu cidades e aldeias curando toda doença. Ele deu autoridade aos discípulos para curar enfermos.
Adwumayɛfo No Sua
Yesu kyinkyinii nkurow so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔe no, ɔkaa asɛmpa no saa nyarewa ahorow bebree.
Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, na muntu ahonhommɔne. Sɛnea munyaa no kwa no, saa ara na mo nso na momfa mma kwa.
Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, na muntu ahonhommɔne. Sɛnea munyaa no kwa no, saa ara na mo nso na momfa mma kwa.
Yesu Soma Asuafo Dumien No
Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wontu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.
Yesu tee no, obuaa wɔn se, "Nnipa a wɔnyare no, ɔyaresafo ho nhia wɔn, na nnipa a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn."
Galilea Asɛnka Ne Ayaresa
Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahenni no ho asɛmpa wɔ Yudafo hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahorow a wɔde baa nʼanim nyinaa nso.
Monsa kurow no mu ayarefo yare, na monka nkyerɛ ɛhɔfo nyinaa se, ‘Onyankopɔn ahenni no abɛn mo.’
"Awurade Honhom wɔ me so,
na wɔafrɛ me sɛ
memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo.
Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu se,
wobenya ahofadi,
na anifuraefo ahu ade ama wɔn a wobu wɔn animtiaa nso anya anuonyam.
Yesu huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo!" Bere a akwatafo no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.
Yesu Sa Yare Homeda
Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu no, na ɔbea bi wɔ hɔ a honhommɔne mu ɔyare bi akyere no mfe dunwɔtwe ama ne mu akoa a ontumi nteɛ ne mu koraa. Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no fii nnipa no mu ka kyerɛɛ no se, "Ɔbea, wo ho nyɛ wo den." Ɔde ne nsa guu ne so, na amono mu hɔ ara otumi teɛɛ ne mu. Na ɔbea no yii Onyankopɔn ayɛ.
Hyiadan no so panyin a ohuu ɔbea no ayaresa no de abufuw kae se, "Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yare, na ɛnyɛ homeda."
Na Awurade buaa no se, "Nyaatwomfo! Mo mu hena na ɔnsan ne nantwi anaa nʼafurum na ɔnka no nkɔnom nsu homeda? Adɛn nti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no nnommum mfe dunwɔtwe ni no ɛnsɛ sɛ mesa no yare homeda?"
Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wui. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwonwade ahorow a ɔyɛe no nyinaa ho.
Yesu tee asɛm no osee Yairo se, "Nsuro, gye di, na wo babea no benyan anya nkwa."
Yesu ka kyerɛɛ no se, "Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoe kɔ; wo yare no agyae."
Yesu bisaa no se, "Adɛn nti na woka se sɛ metumi a? Nneɛma nyinaa betumi ayɛ hɔ ama obiara a ogye di."
Yesu ka kyerɛɛ no se, "Kɔ, na wo gyidi agye wo." Na ntɛm ara onifuraefo no huu ade, na odii Yesu akyi.
Saa nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wogye me di no akyi. Wɔde me din betu ahonhommɔne, na wɔakasa kasa foforo. Wobeso awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduru bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den."
Petro ka kyerɛɛ no se, "Enea, Awurade Yesu Kristo nsa wo yare. Sɔre na yi wo kɛtɛ!" Amono mu hɔ ara na Enea sɔree.
Eu sou o Senhor que te sara
Eu sou o Senhor que te sara. Ele perdoa todas as iniquidades e sara todas as enfermidades — com bondade e misericórdia.
"Sɛ mubetie Awurade mo Nyankopɔn nne, na moayɛ osetie ayɛ ade trenee de a, ɔyare a mema ɛbɔɔ Misraimfo no, meremma bi mmɔ mo, efisɛ mene Awurade a mesa mo nyarewa."

Mo Awurade, mo Nyankopɔn nko ara na monsom no. Na mehyira mo ama moanya aduan ne nsu na meyi nyarewa nyinaa afi mo so.
ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo
na ɔsa wo nyarewa nyinaa,
ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo
na ɔsa wo nyarewa nyinaa,
Ɔsa wɔn a wɔn koma abotow no yare,
na ɔkyekyere wɔn akuru.
Ɔsa wɔn a wɔn koma abotow no yare,
na ɔkyekyere wɔn akuru.
Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yare;
na ogyee wɔn fii ɔda mu.
Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yare;
na ogyee wɔn fii ɔda mu.
Awurade me Nyankopɔn, misu frɛɛ wo sɛ boa me
na wosaa me yare.
Awurade ma anifuraefo hu ade.
Awurade ma wɔn a wɔakom no so,
Awurade dɔ atreneefo.
Awurade bɛhwɛ no wɔ ne yare mpa so
na wagye no asi hɔ.
Onipa trenee behu amane bebree
nanso Awurade gye no fi ne nyinaa mu;
Cura e restauração
Eu te restaurarei e sararei as tuas feridas, diz o Senhor. A oração da fé salvará o enfermo e o Senhor o levantará.
Nanso mɛma wo ahoɔden bio
na masa wʼapirakuru,’
Awurade na ose,
‘efisɛ wɔfrɛ wo nea wɔapam no,
Sion a wo ho nhia obiara.’ "
" ‘Nanso mede ahoɔden ne ayaresa bɛbrɛ no; mɛsa me nkurɔfo yare na mama wɔanya asomdwoe ne bammɔ a ɛdɔɔso.
Sa me yare Awurade, na me ho bɛtɔ me;
gye me na menya nkwa,
na wo ne ɔbaako a mekamfo wo.
Mo mu bi yare ana? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanyimfo na wɔde Awurade din bɔ mpae ma no na wɔsra no ngo. Sɛ wɔbɔ saa mpae no gyidi mu a, ɛbɛsa ɔyarefo no yare, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no.

Mo mu bi yare ana? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanyimfo na wɔde Awurade din bɔ mpae ma no na wɔsra no ngo. Sɛ wɔbɔ saa mpae no gyidi mu a, ɛbɛsa ɔyarefo no yare, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no. Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpae mma mo ho mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsa mo yare. Onipa trenee mpaebɔ tumi yɛ nneɛma bebree.
Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpae mma mo ho mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsa mo yare. Onipa trenee mpaebɔ tumi yɛ nneɛma bebree.
Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnam saa adiyisɛm nwonwaso yi nti meremma me ho so no, wɔsomaa ɔbonsam bɔfo ma ɔde honam mu yaw a emu yɛ den brɛɛ me de brɛɛ me ase. Mebɔɔ eyi ho mpae mprɛnsa kyerɛɛ Awurade na mesrɛɛ no sɛ ɔmma emfi me so nkɔ. Ne mmuae a ɔmaa me ne sɛ, "Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na bere a woayɛ mmerɛw no na me tumi mu yɛ den pa ara." Enti ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛwyɛ hoahoa me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte Kristo bammɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka.
Na sɛ me nkurɔfo a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpae, ahwehwɛ me, na wɔadan afi wɔn amumɔyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yare.
"San kɔ Hesekia a ɔyɛ me nkurɔfo kannifo no nkyɛn, na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Awurade a ɔyɛ wʼagya Dawid Nyankopɔn se: Mate wo mpaebɔ no, ahu wo nusu no. Mɛsa wo yare, na nnansa akyi no, wobɛsɔre afi mpa so, na woakɔ Awurade Asɔredan mu.

Promessas e esperança
O Senhor dá forças aos cansados. O sol da justiça se levantará com salvação nas suas asas.
Ɔma nea watɔ beraw ahoɔden
nea wayɛ mmerɛw nso, ɔto nʼahoɔden so.
Nanso mo a mode nidi ma me din no, trenee owia bepue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mubepue na moahuruhuruw te sɛ nantwimma a wɔabue wɔn afi wɔn buw mu.
Nanso mo a mode nidi ma me din no, trenee owia bepue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mubepue na moahuruhuruw te sɛ nantwimma a wɔabue wɔn afi wɔn buw mu.
Koma mu anigye yɛ aduru, ɛsa ɔyare,
nanso honhom a abotow no yoyow nnompe.
Munsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafo, na mmom, wɔasa wɔn yare.