Tomar uma decisão
Tomar decisões com sabedoria é um dos maiores desafios da vida. A Bíblia nos ensina a buscar a Deus em oração, na Palavra e no conselho, confiando que Ele dirige os nossos passos.
Buscar a Deus
Se algum de vós tem falta de sabedoria, peça a Deus. Ele dá generosamente e sem repreensão a todos os que pedem.
Sɛ nyansa) ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, efisɛ Onyankopɔn fi ayamye ne adom mu ma obiara nea ehia no no kwa.
Na anidaso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne sɛ, yenim sɛ biribiara a yebisa no wɔ ne pɛ mu no, otie yɛn.
Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnte nyinaa ho.
Fa wo koma nyinaa to Awurade so,
na mfa wo ho nto wʼankasa ntease so;
hu no wʼakwan nyinaa mu,
na ɔbɛteɛ wʼakwan.
hu no wʼakwan nyinaa mu,
na ɔbɛteɛ wʼakwan.
Minim nhyehyɛe a mewɔ ma mo," Awurade na ose, "Nhyehyɛe a ɛde mo besi yiye na ɛrenhaw mo, nhyehyɛe a ɛbɛma mo anidaso ne awiei pa.
Conselho e direção
Onde não há conselho os planos se frustam. Toda Escritura é útil para nos guiar nas decisões da vida.
Ɔman a enni akwankyerɛ no bɔ,
nanso afotufo dodow ma nkonimdi ba.
Wɔbɔ ntonto de hwehwɛ nea Awurade pɛ,
nanso ne gyinaesi biara fi Awurade.
Ɔhonamkani yɛ pɛsɛmenkominya;
na nea ɛmfa atɛntrenee mma no turuw ɔham.
Ɔkwasea nni nhumu ho anigye,
na mmom nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto gua.
Sɛ amumɔyɛsɛm ba a animtiaabu di so,
na aniwu nso di animguase akyi.
Onipa anom nsɛm yɛ nsu a emu dɔ,
na nyansa asuti yɛ asuwa a ɛrefi ahuru.
Enye sɛ wodi ma omumɔyɛfo
anaasɛ wobu nea odi bem ntɛnkyew.
Nkwaseafo ano de akasakasa ba,
na wɔn ano frɛfrɛ ɔhwe.
Nkwaseafo ano yɛ wɔn ara wɔn sɛe,
na wɔn anofafa yɛ wɔn ara wɔn kra afiri.
Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ;
ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.
Nea ɔtoto nʼadwuma ase no
yɛ ɔsɛefo nuabarima.
Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den;
ahotefo guan kɔtoa na wonya bammɔ.
Adefo ahonyade ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban
wɔfa no sɛ ɔfasu tenten a wontumi mforo.
Ansa na onipa bɛhwe ase no onya ahomaso koma,
na ahobrɛase di anuonyam anim.
Nea ontie asɛm ansa na wama mmuae no,
ɛno ne ne gyimi ne nʼanimguase.
Onipa honhom na ɛhyɛ no den wɔ ɔyare mu
na honhom a abotow de, hena na ɔpɛ?
Kyerɛwsɛm nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyi, ateɛteɛ ne trenee mu yɛn,
sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛyɛ nea wɔasiesie no yiye ama nnwuma pa nyinaa.
Woduu Misia hye so no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu Honhom no amma wɔn kwan.
Adiyifo ne akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu bi ne Barnaba ne Simeon, a na wɔfrɛ no "Onipa Tuntum," Lukio a ɔyɛ Kireneni, Manaen, a ɔne Ɔhene Herode yɛ tipɛn, ne Saulo. Bere a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn se, "Munyi Barnaba ne Saulo na wonkodi dwuma a ɛno nti mafrɛ wɔn no mma me." Wodii mmuada bɔɔ mpae, de wɔn nsa guu wɔn so somaa wɔn.
Confiar e seguir
Seja o que for que façais, fazei tudo para a glória de Deus. O sábio ouve a Deus antes de agir.
Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.
Yɛn Agya Nyankopɔn
Yɛn de, yɛwɔ nnansefo bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfi akwanside nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn denneennen no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho wɔ mmirikakansi a ɛda yɛn anim no mu.
Anadwo no, Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Salomo wɔ dae mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, "Dɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo."
Salomo kae se, "Woada adɔe kɛse pa ara adi akyerɛ mʼagya Dawid, efisɛ na odi wo nokware, yɛ ɔtreneeni a ne koma mu nso da hɔ. Woatoa so ayɛ no saa adɔe kɛse yi ara, na nnɛ yi ara, woama no ɔbabarima sɛ ɔntena nʼahengua nso so.
"Afei, Awurade, me Nyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene, sɛ minsi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abofra ketewaa bi a minnim sɛnea mesi ayɛ mʼadwuma. Ɛha na wʼakoa abedu wɔ nnipa a woapaw wɔn no mu; nnipa a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn. Ɛno nti, ma wʼakoa nhumu koma a obetumi de adi wo nkurɔfo so, na obetumi ahu papa ne bɔne ntam nsonoe. Na hena koraa na ɔno nko ara betumi adi saa ɔman a wodi mu, a wɔyɛ wo de yi so?"
Awurade ani sɔɔ Salomo mmuae no, na nʼani gyee sɛ obisaa nyansa. Enti Awurade buae se, "Esiane sɛ woabisa nyansa a wode bedi me manfo so, na woammisa nkwa tenten anaa sika amma wo ho anaa woammisa sɛ wo tamfo bi nwu no nti, mede nea woabisa no bɛma wo. Mɛma wo nyansa ne ntease a obiara nnyaa bi da, na obiara nso renya bi da.
Ne yere bisaa no se, "Woda so kura wo pɛpɛyɛ no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!"
Na Hiob buaa no sɛ, "Wokasa sɛ ɔbea a ɔyɛ ɔkwasea. Ade pa de yɛagye afi Onyankopɔn nsam na ade bɔne na yɛmpo ana?"
Eyi nyinaa mu no, Hiob anka asɛm bɔne.